2 Korintofoɔ 1 - Apam Foforɔ1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so ne bɛayi no sɛ Kristo Yesu somafoɔ, ɔne yɛ nua Timoteo, twerɛ krataa yi de kɔma Nyankopɔn asafo a bɛya Korinto ɔne ahoteefoɔ nyinaa a bɛya Akaia mane nyinaa mu. 2 Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho. Awerɛkyekyerɛ nsɛm 3 Ayeyie nka yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya ne awerɛkyekyefoɔ nyinaa Nyankopɔn, 4 a ɔkyekyere yɛ werɛ yɛ ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekyerɛ a Nyankopɔn de kyekyere yɛ werɛ he so akyekyere bɛ a bɛya ahohia biaa mu werɛ. 5 Na sɛdeɛ Kristo amaneɛ a Kristo nti yehuiɛ dɔɔso he, saa ara nso ne yɛ awerɛkyekyerɛ dɔɔso Kristo mu. 6 Na sɛ yɛya ahohiahia mu a, ɔyɛ ho awerɛkyekyerɛ ne ho nkwagyeɛ ntia; na sɛ bɛkyekyere yɛ werɛ a, ɔyɛ awerɛkyekyerɛ a ɔma hotumi gyina amanehunu a yɛ nso yɛhyia bi he mu. 7 Anidasoɔ yɛwɔ no ho mu he nhinhim; efiri sɛ, yenim sɛ sɛdeɛ ho ne yɛ huu amane he, saa ara nso ne ho ne yɛ kyɛ yɛ awerɛkyekyerɛ. 8 Anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɔbaa yɛ so Asia he sie ho; ahohiahia he mu yɛɛ dene paa maa afei deɛ, yesuroo sɛ yɛ nkwa mpo befiri yɛ nsa. 9 Nɔkwasɛm ne sɛ, yɛtee nka yɛ mu sɛ yebewuwu, saa nti yɛamfa yɛ ho anto yɛ ho so, na mmom Nyankopɔn a onyane awufoɔ he ne yɛ de ho too no so. 10 Deɛ ɔgyee yɛ firii wuo amena mu he bɛkɔ so agye yɛ; ne so ne yɛ ani da sɛ ɔbɛkɔ so agye yɛ. 11 Deɛ ho nso hobetumi ayɔ aboa ne sɛ hobɛsrɛ ama yɛ, na ama nnipa pii ada ase ama yɛ ya deɛ nnipa pii mpaebɔ nti bɛde adom yɛ he ho. Paulo ahohoahoa 12 Yei ne deɛ yɛde hoahoa yɛ ho a ahonim di ho adanseɛ, sɛ kronkronyɛ ne nɔkorɛdie a ofiri Nyankopɔn mu, a ɔnyɛ nipa nyansa, na mmom Nyankopɔn adom, na yɛde abɔ yɛ bra wiase, ne titire he kwane a yɛfaa so ne ho diiɛ he mu. 13 Na yɛntwerɛ bibiaa mma ho gye dea hobetumi akenkane na hoate aseɛ nso; mewɔ anidasoɔ sɛ hobɛte aseɛ akosi awieeɛ. 14 Sɛdeɛ hoate yɛ aseɛ kwane bi so he, sɛ Awurade Yesu da he, yɛyɛ ho ahohoahoa sɛdeɛ ho nso hoyɛ yɛ ahohoahoa. 15 Menim yei nti ne mepɛɛ sɛ medi kane aba ho nkyɛne, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobenya adom mmɔho ne mprenu so; 16 Mepɛɛ sɛ, sɛ meekɔ Makedonia a, medi kane aba ho nkyɛne, na meesane aba nso a, mafa ho nkyɛne bio na hoagya me kwane ama makɔ Yudea. 17 Nti meyɔɔ m’adwene sɛ mɛyɔ saa he, medii adwenharesɛm anaa? Anaa nea mesusuu sɛ mɛyɔ he, mesusuu no sɛ wiaseni a otumi ka sɛ “Ɛɛ” ɔne “Daabi” berɛ korɔ heaa mu? 18 Sɛ Nyankopɔn yɛ nɔkwafoɔ yi, yɛ nso yɛ ano nyɛ ntanta da ya nsɛm a yɛka kyerɛ ho he ho. 19 Na Nyankopɔn ba he, Yesu Kristo a me ne Silwano ne Timoteo ka n’asɛm he, wanyɛ ano ntanta bibiaa ho, efiri sɛ ɔyɛ nɔkwafoɔ. 20 Na Nyankopɔn bɔhyɛ nyinaa yɛ nɔkorɛ. Ne saa nti ɔnam Kristo so ne yɛka “Amen” de hyɛ Nyankopɔn animuonyam. 21 Na Nyankopɔn ne si so dua sɛ yɛ ne ho yɛ Kristo dea, na waayi yɛ Nyankopɔn mu. 22 Afei nso waahyɛ yɛ nsõ, na waama yɛ ne ba he ho nsɛnkyerɛnne a ɔno ne Honhom Kronkron he yɛ akoma mu. 23 Sɛ nea meeka yi meboa a, Nyankopɔn mmu me fɔ: na mempɛ sɛ meha ho nti ne mamma Korinto bio he. 24 Ɔnyɛ sɛ ebia yɛɛhyɛ ho sɛ honye bibi nni, na mmom yɛ ne ho yɔ adwuma bom na ama ho ani agye. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana