1 Yohane 5 - Apam FoforɔGyidie di wiase so nkonim 1 Nea ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn ne awo no. Biaa nni hɔ a ɔdɔ bi na ɔnnɔ saa nipa he ba nso. 2 Sɛ yɛdɔ Nyankopɔn na yedi n’ahyɛdeɛ so a, ɔnoaa ne yɛde hu sɛ yɛdɔ Nyankopɔn mma. 3 Dɔ a yɛdɔ Nyankopɔn he, kyerɛ di a yedi ne mmara so. Na ne mmara he nso so di nyɛ adesoa mma yɛ, 4 efiri sɛ, biaa a Nyankopɔn awo no di wiase so nkunim, na ɔnam yɛ gyidie so ama yɛadi wiase so nkunim. 5 Hwane ne betumi adi wiase so nkunim ka dea ɔgye di sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn Ba he ho? Nyankopɔn Ba he ho adansedie 6 Yesu Kristo ne deɛ a ɔnam nsuo ne mogyaa so baeɛ. Ɔnyɛ nsuo nkoaa so ne ɔnam baeɛ na mmom nsuo ne mogyaa so. Na ɔyɛ Honhom he ne di ho adanseɛ. 7 Na Honhom he ne nɔkorɛ he. 8 Adansefoɔ mmeɛnsa ne di adanseɛ, Honhom, nsuo ne mogyaa. Saa adansefoɔ yi adwene hyia. 9 Sɛ yɛgye nnipa adanseɛ di a adanseɛ a Nyankopɔn di he kyɛne no. Na Nyankopɔn adanseɛ he ne adanseɛ a wadi afa ne Ba he ho. 10 Nti biaa a ɔgye Nyankopɔn Ba he di he wɔ saa adanseɛ yi ya n’akoma mu. Na nea ɔnnye Nyankopɔn nni he ama Nyankopɔn ayɛ torɔfoɔ, efiri sɛ, wannye adanseɛ a Nyankopɔn di faa ne Ba he ho he anni. 11 Yei ne adanseɛ he: Nyankopɔn ama yɛ nkwa a onni awieeɛ; na saa nkwa he ya ne Ba he mu. 12 Biaa a ɔwɔ Ba he wɔ saa nkwa he, na biaa a onni Ba he nni nkwa he. 13 Meetwerɛ yei abra ho, ho a hogye Nyankopɔn ba he dini di he, na ama hoahu sɛ howɔ nkwa a onni awieeɛ. 14 Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛne ne sɛ, yɛsrɛ bibiaa sɛdeɛ ɔpɛ a, ootie yɛ. 15 Na sɛ yenim sɛ otie yɛ abisadeɛ a, hedeɛ, yenim sɛ nnoɔma a yɛasrɛ no ne nkyɛne he, yɛ nsa bɛka. 16 Sɛ bi hu sɛ ne nua ayɔ bɔne bi a ɔmfa no nkɔ wuo mu a, ɔmmɔ Nyankopɔn a ɔbɛma no nkwa he mpaeɛ mma no. Yei ka bɛ a bɛ bɔne mfa bɛ nkɔ wuo mu he ho. Bɔne bi ya hɔ a ɔde nipa kɔ wuo mu na ɔno ho deɛ, menka sɛ hommɔ ho mpaeɛ nkyerɛ Nyankopɔn. 17 Deɛ ɔntene nyinaa yɛ bɔne, na bɔne bi ya hɔ a ɔnkɔ wuo mu. 18 Yenim sɛ Nyankopɔn ba biaa ntena bɔne mu, efiri sɛ, nea Nyankopɔn awo no he hwɛ ne ho so yie, na bɔnefoɔ he ntumi mfa ne nsa nka no. 19 Yenim sɛ wiase nyinaa hyɛ bɔnefoɔ he tumi ase, nso yɛ deɛ yɛyɛ Nyankopɔn nkurofoɔ. 20 Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he. 21 Me mma nkumaa, hontwe ho ho mfiri ahonyini ho. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana