1 Yohane 4 - Apam FoforɔHonsɔ ahonhom he nhwɛ 1 Adɔfo, honnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom honsɔ ahonhom he nhwɛ sɛ befiri Nyankopɔn anaa; efiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree aba wiase. 2 Kwane a hobefa so ahu Nyankopɔn honhom di: Honhom biaa a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu he firi Nyankopɔn. 3 Na honhom a ɔnka saa mfa Yesu ho he mfiri Nyankopɔn. Saa honhom he yɛ Kristo-kotiafoɔ a hotee sɛ ɔbɛba he, na afei wanya aba wiase he. 4 Mma nkumaa, hoyɛ Nyankopɔn deɛ, na hoadi bɛ so nkunim, efiri sɛ, deɛ ɔya ho mu he wɔ tumi sene deɛ ɔya wiase mu. 5 Bɛkasa sɛ wiasefoɔ; wiase tie bɛ efiri sɛ, bɛyɛ wiase deɛ. 6 Nso yɛ deɛ, yefiri Nyankopɔn. Biaa a onim Nyankopɔn he tie yɛ. Na biaa a onnim Nyankopɔn he ntie yɛ. Yei mu ne yehu nɔkorɛ honhom ne atorɔ honhom. Nyankopɔn yɛ dɔ 7 Anuanom, homma yɛnnodɔ yɛ ho yɛ ho, efiri sɛ, dɔ firi Nyankopɔn. Nipa biaa a ɔwɔ dɔ he yɛ Nyankopɔn ba na onim Nyankopɔn nso. 8 Na nipa biaa a onni dɔ he nnim Nyankopɔn; efiri sɛ, Nyankopɔn yɛ dɔ. 9 Kwane a Nyankopɔn nam so daa ne dɔ adi kyerɛɛ yɛ ne sɛ: Ɔsomaa ne Ba koro he baa wiase, sɛnea yɛbɛfa ne so anya nkwa. 10 Yei mu ne dɔ he ya, ɔnyɛ sɛ yɛ ne yɛdɔɔ Nyankopɔn, na mmom ɔno ne dɔɔ yɛ na ɔnam so somaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛ bɔne ho mpatadeɛ. 11 Adɔfonom, sɛ saa ne Nyankopɔn dɔ yɛ deɛ a, hedeɛ ɔsɛ sɛ yɛ nso yɛdodɔ yɛ ho yɛ ho. 12 Biaa nhuu Nyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛ ho yɛ ho a, na Nyankopɔn te yɛ mu, na ne dɔ he awie pɛyɛ yɛ mu nso. 13 Nea ɔma yehu sɛ yɛte Nyankopɔn mu, na ɔno nso te yɛ mu ne sɛ, waama yɛ ne Honhom. 14 Yɛahu, na yedi adanseɛ sɛ Agya he somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa. 15 Biaa a ɔpae mu ka sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn Ba he Nyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu. 16 Na yɛ ankasa yenim na yɛgye Nyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛ he di. Nyankopɔn yɛ dɔ, na biaa a ɔte dɔ mu he te Nyankopɔn mu na Nyankopɔn nso te ne mu. 17 Saa kwane yi so ne dɔ wie pɛyɛ yɛ mu, na ama yɛatumi akasa akokoɔduro mu atemmuda he, efiri sɛ sɛnea ɔteɛ he, saa nso ne yɛteɛ wiase yi mu. 18 Hu biaa nni dɔ mu, na mmom dɔ a odi mu he pam hu nyinaa, efiri sɛ, hu ne atemmuo ne nam, na deɛ osuro atemmuo he nwie pɛyɛ ya dɔ mu. 19 Yɛdɔ, efiri sɛ, Nyankopɔn ne dii kane dɔɔ yɛ. 20 Sɛ bi ka sɛ, “Medɔ Nyankopɔn” na ɔtane ne nua a, ɔyɛ torɔfoɔ, efiri sɛ, bi ntumi nnɔ Nyankopɔn a onhuu no, berɛ a ɔtane ne nua a ohu no he. 21 Yei ne ahyɛdeɛ a yɛanya no ne nkyɛne: nea ɔdɔ Nyankopɔn he, ɔsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana