Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Yohane 3 - Apam Foforɔ


Nyankopɔn Dɔ

1 Honhwɛ dɔ mmorosoɔ a Agya he de adɔ yɛ, sɛ bɛmfrɛ yɛ Nyankopɔn mma. Na yɛyɛ ne mma nso. Deɛ nti a wiase nnim yɛ he ne sɛ onnim no.

2 Me nuanom, seesei yɛyɛ ne mma nso nea daakye yɛbɛyɛ he nya nnaa adi. Nso yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, efiri sɛ, yebehu no sɛnea ɔteɛ ankasa.

3 Na biaa a ɔwɔ saa anidasoɔ yi ne mu he te ne ho, sɛnea ɔno nso ho te he.

4 Biaa a ɔyɛ bɔne he to Nyankopɔn mmara, efiri sɛ, bɔne yɛ mmarato.

5 Honim sɛ ɔbaa sɛ oobeyi bɔne afiri hɔ, ɔno deɛ, bɔne biaa nni ne mu.

6 Nti nea ɔte ne mu he nkɔ so nyɔ bɔne. Na biaa a ɔkɔ so yɔ bɔne he nhuu no, na onnim no.

7 Hommma bi nnaadaa ho, mma nkumaa. Nea ɔyɔ nea ɔtene he yɛ teneneeni sɛnea ɔno nso yɛ teneneeni he.

8 Nea ɔkɔ so yɔ bɔne he yɛ Bronsam deɛ, efiri sɛ, Bronsam firi mfitiaseɛ pɛɛ ne yɔɔ bɔne. Yei nti ne Nyankopɔn Ba he baeɛ: Ɔbaa sɛ ɔɔbɛsɛe Bronsam nnwuma.

9 Biaa a ɔyɛ Nyankopɔn ba he ntena bɔne mu, efiri sɛ, Nyankopɔn su ya ne mu na ɔnam sɛ Nyankopɔn awo no nti, ontumi ntena bɔne mu.

10 Nsosonoeɛ a ɔda Nyankopɔn mma ne Bronsam mma ntam ne sɛ, biaa a ɔnyɔ deɛ ɔtene anaa ɔnnɔ ne nua he mfiri Nyankopɔn.


Honnodɔ ho ho ho ho

11 Na yei ne nsɛm a hoate firi mfitiaseɛ, sɛ honnodɔ ho ho ho ho.

12 Ɔnsɛ sɛ yɛyɔ sɛ Kain a na ɔyɛ Bronsam deɛ nti, okuu ɔno ankasa ne nua. Na ɛɛne nti ne Kain kuu no? Ɔyɔɔ saa efiri sɛ, ɔnoaa ne nnwuma a ɔyɔeɛ he, na ɔyɛ bɔne. Nso ne nua he deɛ, ɔyɔɔ deɛ ɔtene.

13 Nti anuanom, sɛ wiasefoɔ tane ho a, hommma ɔnnyɛ ho nwanwa.

14 Yenim sɛ yɛatwam afiri wuo mu aba nkwa mu, efiri sɛ, yɛdɔ anuanom. Nea onni dɔ he te wuo mu.

15 Nipa biaa a ɔtane ne nua he yɛ wudini, na honim nso sɛ wudini biaa nni daa nkwa ya ne mu.

16 Yei ne ma yehu sɛnea dɔ teɛ, sɛ ɔno de ne nkwa too hɔ maa yɛ. Ɔsɛ sɛ yɛ nso yɛde yɛ nkwa to hɔ ma yɛ nuanom.

17 Sɛ bi yɛ defoɔ na ohu sɛ ne nua hia bibi, na wanhu ne mmɔbɔ a, ɔbɛyɛ dɛ na watumi aka sɛ ɔdɔ Nyankopɔn n’akoma mu?

18 Me mma nkumaa, hommma yɛmmfa ano anaa kɛtrɛma kɛkɛ nnɔ, na mmom homma yɛdɔ nna adi nneyɔeɛ ne nɔkorɛ mu.

19 Yei ne bɛma yɛahu sɛ yefiri nɔkorɛ he mu, na ama yɛ akoma atɔ yɛ yam Nyankopɔn anim,

20 ya bibiaa a yɛ akoma bu yɛ fɔ mu, efiri sɛ, Nyankopɔn so sene yɛ akoma, na onim adeɛ nyinaa.

21 Nti anuanom adɔfo, sɛ yɛ akoma ammu yɛ fɔ a, hedeɛ na yɛde akokoɔduro kɔ Nyankopɔn anim.

22 Bibiaa a yebisa no he, yɛ nsa ka efiri sɛ, yedi ne mmara so na yɛyɔ nea ɔsɔ n’ani.

23 Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo dini he nni, na yɛnnodɔ yɛ ho yɛ ho, sɛnea ɔhyɛɛ yɛ he.

24 Biaa a odi Nyankopɔn ahyɛdeɛ so he te Nyankopɔn mu, na Nyankopɔn nso te ne mu. Na yei ne ma yehu sɛ Nyankopɔn te yɛ mu. Na deɛ yɛde hu sɛ ɔte yɛ mu ne Honhom a ɔde ama yɛ he.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan