Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Yohane 2 - Apam Foforɔ


Wiase Agyenkwa

1 Me mma nkumaa, meetwerɛ yei abra ho na aboa ho ama hoanyɔ bɔne; na sɛ bi yɔ bɔne a, yɛwɔ kamafoɔ bi ya Agya he nkyɛne, ɔno ne Yesu Kristo teneneeni he.

2 Na Kristo he ankasa ne yɛ yɛ bɔne ho mpatadeɛ, na ɔnyɛ yɛ bɔne nkoaa, na mmom wiase nyinaa bɔne nso.

3 Adeɛ paa a ɔkyerɛ sɛ yennim Nyankopɔn ne sɛ, yebedi ne mmara so.

4 Sɛ bi ka sɛ, “Menim no,” na nso onni ne mmara so a, saa nipa he yɛ torɔfoɔ a nɔkorɛ he nni ne mu.

5 Na biaa a odi Nyankopɔn asɛm so he, ɔno mu ne Nyankopɔn dɔ he awie pɛyɛ. Yei ne ma yenya ahotɔsoɔ sɛ yɛte ne mu.

6 Ɔsɛ sɛ biaa a ɔka sɛ ɔte ne mu he bɔ ne bra sɛ ɔnoaa pɛpɛɛpɛ.


Mmara foforɔ

7 Adɔfonom, mmara a meetwerɛ abra ho yi nyɛ asɛm foforɔ. Ɔyɛ mmara dadaa a hoate firi mfitiaseɛ heaa. Mmara dadaa he yɛ adeɛ a hoate ho asɛm dada.

8 Nso, kwane bi so he, mmara a meetwerɛ abra ho yi yɛ foforɔ, na mu nɔkorɛ he da adi ya Kristo mu. Sum he ootwam na hann trodoo he ahyɛ aseɛ ɔɔhyerɛn.

9 Biaa a ɔka sɛ ɔya hann he mu, nso ɔtane ne nua he da so ya sum mu.

10 Biaa a ɔdɔ ne nua he te hann mu, na bibiaa nni saa nipa he mu a ɔto bi sintidua.

11 Nso biaa a ɔtane ne nua he te sum mu. Na ɔnam sum mu a onnim baabi a ɔɔkɔ, efiri sɛ, sum he afira n’ani.

12 Mma nkumaa, meetwerɛ ho krataa yi, efiri sɛ, ne dini nti, bɛde ho bɔne akyɛ ho.

13 Agyanom, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, honim nea ɔte ase firi mfitiaseɛ he. Mmabunu, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, hoadi Bronsam so. Mmɔfra nkumaa, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, honim Agya he.

14 Agyanom, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, honim nea ɔte ase firi mfitiaseɛ he. Mmabunu, meetwerɛ abrɛ ho, efiri sɛ, howɔ nwentaasoɔ. Nyankopɔn asɛm he te ho mu na hoadi bɔnefoɔ he so nkunim.


Wiase dɔ ne Nyankopɔn dɔ

15 Honnnɔ wiase anaa bibiaa a ɔyɛ wiase deɛ. Biaa a ɔdɔ wiase he, Agya he dɔ nni ne mu.

16 Na bibiaa a ɔyɛ wiase su, te sɛ, honam akɔnnɔ, ani akɔnnɔ, ne asetena mu ahoahoa, mfiri Agya he, na mmom ofiri wiase.

17 Na wiase ne n’akɔnnɔ ootwam, nso nea ɔyɔ Nyankopɔn apɛdeɛ he tena hɔ daa.


Nea ɔko tia Kristo

18 Me mma nkumaa, awieeɛ he abɛne. Bɛka kyerɛɛ ho sɛ Kristo-kotiafoɔ he bɛba, nso seesei, nnipa bebree aba a bɛko tia Kristo. Yei nti yɛahu sɛ ampa awieeɛ he abɛne.

19 Nɔkwasɛm ne sɛ, befiri yɛ mu ne kɔeɛ deɛ, nso na benni yɛ afa, na sɛ bɛya yɛ afa a, nka bɛne yɛ tenaa hɔ. Nso begyaa yɛ hɔ sɛnea bebehu no pefee sɛ benni yɛ afa.

20 Na ho deɛ, hoanya ngosra firi Kronkronni he hɔ, nti ho nyinaa howɔ nimdeɛ.

21 Ɔnyɛ sɛ honnim nɔkorɛ he nti ne meetwerɛ saa krataa yi, na mmom honim, na honim nso sɛ, torɔ biaa mfiri nɔkorɛ mu mma.

22 Afei, hwane ne torɔfoɔ he? Torɔfoɔ he ne nea ɔka sɛ Yesu nyɛ Kristo he. Ɔno ne Kristo-kotiafoɔ he. Saa nipa he ne nea ɔpo Agya he ne Ba he nyinaa.

23 Na nea ɔpo Ba he po Agya he nso; nea ɔgye Ba he, gye Agya he nso.

24 Homma asɛm a hote no mfitiaseɛ he ntena ho mu. Sɛ asɛm a hotee no mfitiaseɛ he tena ho mu a, ɔno ne hobɛtena Ba he ne Agya he mu.

25 Na yei ne wahyɛ yɛ ho bɔ he, nkwa a onni awieeɛ he.

26 Meetwerɛ ho afa bɛ a bɛpɛ sɛ bɛdaadaa ho he ho.

27 Na ho deɛ, ngosra a honyaa no ne nsa mu he te ho mu, nti onhia ho sɛ bi kyerɛkyerɛ ho; na mmom nea ngosra heaa kyerɛkyerɛ ho afa adeɛ nyinaa ho he, hontena deɛ wasra ho ngo he mu. Na nea wakyerɛkyerɛ ho he yɛ nɔkorɛ, na ɔnyɛ torɔ!

28 Na afei, me mma nkumaa, hontena ne mu sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ oyi ne ho adi a, yebenya akokoɔduro na yɛmfa aniwuo nkohinta da a ɔbɛba he.


Nyankopɔn mma

29 Sɛ honim sɛ ɔyɛ teneneeni a, honhu sɛ biaa a ɔyɔ ade tenenee he, Nyankopɔn ne awo no.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan