1 Yohane 1 - Apam Foforɔ1 Nea na ɔya hɔ firi mfitiaseɛ, nea yɛate, nea yɛde yɛ ani ahu, nea yɛhwɛɛ no yie na yɛde yɛ nsa kaeɛ a ɔfa nkwa asɛm he ho he, 2 ampa, nkwa he daa ne ho adi kyerɛɛ yɛ, na yɛahu a yeedi ho adanseɛ, na yɛɛka daa nkwa a ɔya Agya he nkyɛne a bɛdaa no adi kyerɛɛ yɛ he ho asɛm akyerɛ ho, 3 nea yɛahu na yɛate he ne yɛɛka akyerɛ ho nso, sɛnea ɔbɛyɛ a ho ne yɛ benya ayɔnkofa. Bio nso saa ayɔnkofa yi ya yɛne Agya he ne ne Ba Yesu Kristo ntam. 4 Yɛɛtwerɛ yei sɛnea ɔbɛyɛ a yɛ anigyeɛ bewie pɛyɛ. Hann mu asetena ne bɔneka 5 Afei, yei ne asɛm a yɛate afiri ne Ba he nkyɛne a yɛɛbɔ ho amanneɛ: Nyankopɔn yɛ hann a sum nni ne mu koraa. 6 Na sɛ afei yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa berɛ koro heaa mu yɛnante sum mu a, na yeedi torɔ na yɛnnante nɔkorɛ he mu. 7 Na sɛ yɛnante hann he mu sɛnea ɔno nso nante mu he a, hedeɛ na yɛ ne yɛ ho yɛ ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu he mogyaa te yɛ ho firi bɔne nyinaa ho. 8 Sɛ yɛka sɛ yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛ ho, na nɔkorɛ he nni yɛ mu. 9 Na sɛ yɛka yɛ bɔne kyerɛ Nyankopɔn a, ɔyɛ nɔkwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛ bɔne bɛkyɛ yɛ, na wate yɛ ho afiri nea ɔntene nyinaa ho. 10 Sɛ yɛka sɛ yɛnyɔɔ bɔne a, yɛma Nyankopɔn yɛ torɔfoɔ, na n’asɛm he nni yɛ mu. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana