Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Timoteo 4 - Apam Foforɔ


Akyerɛkyerɛfoɔ atorɔfoɔ

1 Afei, Honhom he ka no pefee sɛ, awieeɛ berɛ he mu, nnipa binom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho apa gyidie he,

2 ɔnam nyaatwom a ofiri atorɔfoɔ nkontompo nti. Yeinom yɛ nnipa a bɛ ahonim awu;

3 besi awadeɛ ho kwane ka sɛ, nnipa ntua bɛ ho nnuane a Nyankopɔn bɔɔ sɛ agyidifoɔ ne bɛ a bɛahu nɔkorɛ mfa aseda nni bi he;

4 na deɛ Nyankopɔn abɔ nyinaa yɛ, na yɛde aseda gye a, ɔnsɛ sɛ yɛpo bibiaa,

5 efiri sɛ Nyankopɔn asɛm ne mpaebɔ ne yɛde te ho.

6 Sɛ wode saa nkyerɛkyerɛ yi to anuanom anim a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a bɛatete wo gyidie nsɛm ne nkyerɛkyerɛ pa a woadi akyire he mu.


Abrabɔ pa ho afotuo

7 Twe wo ho firi anansesɛm ne nsɛm hunu a ɔntɔ asum ho. Bɔ nyamesom-pa ho mmɔdene;

8 efiri sɛ honam fam mmɔdemmɔ ho hia deɛ, nso nyamesuro ho hia akwane nyinaa mu, na ɔwɔ nkwa a yɛya mu seeseiaa yi ne nkwa ɔbɛba he mu bɔhyɛ pa.

9 Asɛm he yɛ nɔkwasɛm a ɔsɛ sɛ bɛgye tom koraa a akyinnye biaa nni ho.

10 Yei nti ne yɛyere yɛ ho na yɛpre, na yɛ anidasoɔ ne Nyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titire bɛ a bɛgye di he Agyenkwa.

11 Saa nnoɔma yi ne si so dua, na kyerɛkyerɛ.

12 Mma biaa mmu wo babunuyɛ animtia, na mmom yɛ nhwɛsopa kasaa, nneyɔeɛ, dɔ, gyidie ne ahoteɛ mu.

13 Nya mmerɛ ma twerɛsɛm kenkane, kasakyerɛ ne nkyerɛkyerɛ kosi sɛ mɛba.

14 Mmu w’ani ngu akyɛdeɛ a ɔya wo mu he so, meekyerɛ akyɛdeɛ a ɔnam nkɔmhyɛ so baa wo so, berɛ a asafo mpanyimfoɔ badwa he de bɛ nsa guu wo so he.

15 Saa nnoɔma yi ne yɔ, na nya ho mmerɛ nso, na biaa ahu wo nkɔsoɔ.

16 Ma w’ani mmara wo ho so ɔne wo nkyerɛkyerɛ so paa; toa so yeinom mu na wonam saa yɔ so bɛgye wo ne w’atiefoɔ nkwa.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan