Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Timoteo 3 - Apam Foforɔ


Su a ɔfata Kristofoɔ akannifoɔ

1 Nɔkwasɛm ne sɛ, sɛ bi pɛ sɛ ɔyɛ asafo so hwɛfoɔ, na adwuma pa paa ne ɔɔhwehwɛ he.

2 Ɔsɛ sɛ asafo so hwɛfoɔ yɛ bi a onni dimmɔne biaa, ne yerɛ baako, n’ani da hɔ, ɔyɛ nyansafoɔ, ɔyɛ bi a biaa ma anidie, ɔpɛ ahɔhoyɛ, onim nkyerɛkyerɛ,

3 na ɔnyɛ nsadweam, ɔnyɛ pupopupo na mmom ɔdwo, na afei ɔnyɛ ntɔkwapɛfoɔ anaa sikaniberɛ.

4 Ɔsɛ sɛ, otumi hwɛ ɔnoaa ne fie so yie, ma ne mma hyɛ n’ase na bɛbrɛ bɛ ho ase akwane nyinaa so,

5 na sɛ bi nnim sɛdeɛ ɔbɛhwɛ ɔnoaa ne fie so a, ɔbɛyɛ dɛ na wahwɛ Nyankopɔn asafo so?

6 Ɔnsɛ sɛ ɔyɛ bi a ɔsakraeɛ nkyɛreɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔmma ne ho so nhwe afobuo a bronsam ahwe mu he bi.

7 Afei, ɔsɛ sɛ ɔwɔ dini pa amanfoɔ anim na wanhwe animguaseɛ ne bronsam nnɛɛdɛɛ mu.


Su a ɔfata asomfoɔ ne bɛ yerenom

8 Saa ne asafo mu asomfoɔ nso ɔsɛ bɛ sɛ bɛ anim yɛ duru, na bɛnyɛ ano ntanta, nsadweam, adufudepɛfoɔ;

9 na mmom ɔsɛ sɛ bɛde ahonim pa kura gyidie he ho ahintasɛm he mu dene.

10 Na bɛnsɔ bɛ nhwɛ na sɛ bɛannya bɛ ho asɛm biaa anka a, ma bɛnsom sɛ asafo mu asomfoɔ.

11 Saa ara nso ne ɔsɛ sɛ mmaa nso anim nyɛ duru, bɛnyɛ nsekuro, na mmom anidahɔ, bɛnyɛ nɔkwafoɔ adeɛ nyinaa mu.

12 Ɔsɛ sɛ asafo mu asomfoɔ nya yerɛnom mmaako mmaako, na bɛhwɛ bɛ mma ne bɛ fie so yie;

13 efiri sɛ, bɛ a bɛsom yie sɛ asomfoɔ he, nya gyinaberɛ pa ma bɛ ho, ɔne nnamyɛ pii Kristo Yesu mu gyidie mu.

14 M’ani da so sɛ ɔnkyɛre biaa mɛba wo nkyɛne deɛ, nso meetwerɛ yei abra wo na

15 sɛ bibi ma mekyɛre a, woahu sɛdeɛ ɔsɛ sɛ bi bɔ ne bra Nyankopɔn fie a ɔyɛ Nyankopɔn teasefoɔ he asafo, nɔkorɛ dum ne nyinasoɔ he mu.

16 Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan