Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Timoteo 2 - Apam Foforɔ


Asafo he mmɔ mpaeɛ

1 Afei, nea odi kane, metu fo sɛ homfa adesrɛ, mpaebɔ, dima ne aseda mma nnipa nyinaa,

2 ahemfo ne nnipa a bɛwɔ diberɛ akɛseɛ nyinaa, na ama yɛabɔ ahobrɛaseɛ ne asomdwie bra, nyamesuro ne mudie nyinaa mu.

3 Yei yɛ, na ɔsɔ yɛ Agyenkwa Nyankopɔn ani,

4 nea ɔpɛ sɛ biaa nya nkwa na ɔnya nɔkorɛ ho nimdeɛ he.

5 Na Nyankopɔn baako ne ya hɔ; na ntamgyinafoɔ nso baako ne ya Nyankopɔn ne nnipa ntam, ɔno ne Kristo Yesu a ɔyɛ nipa,

6 a ɔde ne ho yɛɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa; bedii yei ho adanseɛ berɛ pa mu.

7 Yei nti ne beyii me sɛ sɛnkafoɔ ne somafoɔ (meeka nɔkorɛ; menni torɔ), amanamane mufoɔ kyerɛkyerɛni gyidie ne nɔkorɛ mu.

8 Nti mepɛ sɛ, berɛ biaa a hobehyia asom he, mmeema mmɔ mpaeɛ, mma nsa kronkron so a abufuo ne akyinnye nnim;

9 afei nso, mmaa mfa ntaadeɛ a ɔsɛ nsiesie bɛ ho anidahɔ ne kwane pa so, ɔnyɛ tire a bɛayɔ no kyɛnkyerɛnn a ne boɔ ɔdene anaa sika, ahweneɛ anaa ntaadeɛ a ne boɔ ɔdene mu,

10 na mmom nnwuma pa mu, sɛnea ɔfata mmaa a bɛde anidie ma Nyankopɔn.

11 Mmaa mfa kommyɛ nsua adeɛ ahobrɛaseɛ mu.

12 Memma baa biaa kwane sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaa ɔnnya beema so tumi; ɔsɛ sɛ ɔyɛ komm.

13 Na Adam ne bedii kane bɔ no ansa na bɛɛbɔ Hawa;

14 Na ɔnyɛ Adam ne bɛdaada no, na mmom baa he ne bɛdaadaa no maa no too mmara.

15 Nso sɛ baa he tena gyidie ne dɔ ne ahoteɛ ne adwenemteɛ mu a, bɛbɛgye no nkwa n’abawoɔ mu.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan