Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Timoteo 1 - Apam Foforɔ


Nkyea

1 Paulo, Kristo Yesu somafoɔ, sɛnea yɛ Agyenkwa Nyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔyɛ yɛ anidasoɔ he ahyɛ he,

2 twerɛ krataa yi de kɔma Timoteo, me gyidie mu ba kann: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwie a ofiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛ Awurade nkyɛne nka wo.


Timoteo adwuma titire ya Efeso

3 Sɛdeɛ meekɔ Makedonia a mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso na woatu nnipa bi fo, sɛ bɛnkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ he, saa ara nso ne,

4 kyerɛkyerɛ bɛ sɛ ɔnsɛ sɛ bɛsɛe bɛ mmerɛ anansesɛm ne anatoɔ a onni awieeɛ a ɔde tekakyerɛ ba he ho; na saa nnoɔma yi mfa honhom mu nteteɛ a ofiri gyidie mu mma.

5 Na afutusɛm he botae ne dɔ a ofiri akoma pa, ahonim pa ne nɔkorɛ gyidie mu ba.

6 Nnipa bi amane afiri yeinom ho kɔ nsɛm huhuo ho,

7 na pɛ sɛ bɛyɛ mmarakyerɛfoɔ, nso bɛnnte nsɛm a bɛka he ne nea bɛgye gyinam dendene he ase.

8 Afei, yenim sɛ mmara he, sɛ bi de di dwuma ne kwane so a, ɔyɛ.

9 Yei kyerɛ sɛ mmara he nna hɔ mma teneneeni, na mmom ɔda hɔ mmaratofoɔ ne asoɔdenfoɔ, nea onsuro Nyankopɔn ne debɔnyɛni, nea ne ho nte ne kasafi-kafoɔ, bɛ a beku bɛ na anaa bɛ agya, awudifoɔ,

10 nnwamamfoɔ, mmeema a bɛ ne mmeema da, nnipatɔnfoɔ, atorɔfoɔ, ntantofoɔ ɔne bibiaa a ɔne nkyerɛkyerɛ pa bɔ abira biaa.

11 Sɛnea ɔne nhyira Nyankopɔn he animuonyam asɛmpa a ɔde hyɛɛ me nsa he teɛ he.


Adom a beyi kyerɛ Paulo

12 Meda Kristo Yesu yɛ Awurade a waahyɛ me dene he ase, sɛ waabu me nɔkwafoɔ na waayi me ama ne som adwuma,

13 ɔyam sɛ akane he, na meyɛ abususɛnkafoɔ, taafoɔ ne bi a ommu hwee, nso menyaa adom, efiri sɛ, na mennim deɛ meeyɔ, ɔnam gyidie a na menni nti.

14 Na yɛ Awurade adom boroo so maa me gyidie ne dɔ Kristo Yesu mu.

15 Asɛm he yɛ nɔkorɛ, na ɔsɛ sɛ bɛgye tom sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔnyɛfoɔ a medi mu kane.

16 Na ɔno nso nti ne menyaa mmɔborɔhunu, sɛnea Yesu Kristo bɛfa me a medi kane nnebɔnyɛfoɔ mu ada abodwokyɛre adi, ayɛ nhwɛsoɔ ama bɛ a bɛbɛgye no adi anya daa nkwa.

17 Anidie ne animuonyam nka Nyankopɔn daa daa, mekyerɛ daa mmeresantene Hene a onnwu da, na bennhu no a ɔno nkoaa ne Nyankopɔn trodoo he. Amen!


Paulo tuu Timoteo fo

18 Me ba Timoteo, mede saa ahyɛdeɛ yeinom ɔɔhyɛ wo nsa, sɛnea nkɔmhyɛ a ɔfa wo ho pɛɛ he kyerɛ he, na woadi akyire atumi ako ko pa he,

19 berɛ a wokura gyidie ne ahonim pa a binom apia ato nkyɛne nti, nnipa binom ahwe ase gyidie mu he;

20 bi ne Hemeneo ne Aleksandro a maagya bɛ ama Satan, na bɛasua sɛ bɛbɛtwe bɛ ho afiri abususɛnka ho.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan