Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Tesalonikafoɔ 5 - Apam Foforɔ


Biaa nnim da korɔ a Awurade bɛsane aba

1 Na ɔfa nna ne mmerɛ he ho deɛ, anuanom, onhia sɛ bi twerɛ bibiaa bra ho.

2 Efiri sɛ ho ankasa honim yie sɛ Awurade bɛba berɛ a nnipa ani nni bɛ ho so te sɛnea korɔmfoɔ ba anadwo he.

3 Na bɛka sɛ, “Yɛwɔ asomdwie ne ahotɔ he,” mpofirem ne sɛeɛ bɛba bɛ so, sɛnea awoko ba baa ɔnyem so, na benya kwane nnwane!

4 Na ho deɛ, anuanom, honni sum mu nti da he ɔnyɛ ho nwanwa, sɛnea korɔmfoɔ mmaeɛ yɛ he.

5 Na ho nyinaa ho yɛ hann mma ne adekyeɛ mma; yɛnyɛ anadwo anaa sum mma.

6 Saa nti hommma yɛnneda sɛ binom, na mmom homma yɛnnwɛne na yɛ ani nna hɔ;

7 na bɛ a bɛda he bɛda anadwo, na bɛ a bɛboro he boro anadwo.

8 Na esiane sɛ yɛyɛ adekyeɛ mma he nti, homma yɛ ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie ne dɔ sɛ nkataboɔ, ɔne nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ;

9 efiri sɛ Nyankopɔn anyi yɛ amma n’abufuo, na oyii yɛ sɛ yɛ Awurade Yesu Kristo nti, yemmenya nkwa.

10 Ɔno Kristo ne wu maa yɛ sɛ ɔbɛyɔ a sɛ yɛte ase oo, sɛ yewu oo, yɛne no bɛtena ase.

11 Nti nkyekyere ho ho ho ho werɛ na honhyehyɛ ho ho ho ho dene, sɛnea hogu so ɔɔyɔ yi.


Afotuo ahodoɔ

12 Na anuanom, yɛsrɛ ho, sɛ homfa anidie mma bɛ a bɛbrɛ ma ho na bedi ho so panyini Awurade mu, na betu ho fo he.

13 Homfa anidie paa mma bɛ dɔ mu, ɔnam bɛ nnwuma nti. Ho ne biaa ntena asomdwie mu.

14 Nti anuanom yɛhyɛ ho nkurane sɛ, honkasa nkyerɛ bɛ a bɛnante basabasa, honhyɛ bɛ a bɛ akoma abubu nkurane, ho mmoa bɛ a bɛayɛ mmerɛ, honya abotrɛ mma bɛ nyinaa.

15 Honhwɛ sɛ ho mu biaa ɔmfa bɔne ntua bɔne ka, na honhwɛ sɛ hobɛhwɛ afoforɔ yiedie berɛ biaa.

16 Homma ho ani nye bere biaa,

17 honnnyae mpaebɔ da,

18 honna ase tebea nyinaa mu; na yei ne Nyankopɔn pɛ ya ho fa mu, Kristo Yesu mu.

19 Honnnum Honhom he gya he.

20 Hommu adiyisɛm sɛ adehunu,

21 honsɔ bibiaa nhwɛ, na honsɔ deɛ ɔyɛ he mu yie;

22 hontwe ho ho mfiri nnoɔma bɔne biaa ho.

23 Asomdwie Nyankopɔn he ankasa nte ho ho koraa, ɔmfa ho honhom ne ho kra ne ho nipadua nsie yie ma onni mu, berɛ a ho ho ɔmma asɛm biaa wɔ Awurade Yesu Kristo mmaeɛ he mu.

24 Nea wafrɛ ho he yɛ nɔkwafoɔ, na ɔbɛyɔ.


Nkradie

25 Adɔfoɔ, hommɔ mpaeɛ mma yɛ.

26 Homfa dɔ nkyeakyea anuanom nyinaa.

27 Mehyɛ ho Awurade mu sɛ, homma bɛnkenkane nwoma yi nkyerɛ anuanom nyinaa.

28 Yɛ Awurade Yesu Kristo Adom ne ho ntena.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan