Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Tesalonikafoɔ 4 - Apam Foforɔ


Abrabɔ a ɔsɔ Nyankopɔn ani

1 Deɛ otwa toɔ, anuanom, yɛsrɛ ho na yetu ho fo Awurade Yesu mu sɛ, hobesua sɛnea hobesi atena ase asɔ Nyankopɔn ani (sɛnea hooyɔ heaa), honkɔ so nyɔ no saa.

2 Na honim ahyɛdeɛ a yɛnam Awurade Yesu so de maa ho he.

3 Na yei ne nea Nyankopɔn pɛ, ho ahoteɛ a ɔne sɛ hobɛtwe ho ho afiri adwamammɔ ho;

4 sɛ ho mu biaa behu sɛ ɔbɛhyɛ ne nnipadua so kronkronyɛ ne anidie mu,

5 ɔnyɛ akɔnnɔ anibereɛ mu sɛ Amanamane mufoɔ a bennim Nyankopɔn he;

6 sɛ biaa nyɔ ne nua bɔne anaa onsisi no asɛm yi mu, efiri sɛ Awurade yɛ katuafoɔ nnoɔma yeinom nyinaa mu, sɛnea yɛadi kane aka akyerɛ ho anibereɛ so he.

7 Na Nyankopɔn amfrɛ yɛ ankɔ fi mu na mmom ahoteɛ mu.

8 Nti nea ɔpo yei he mpo nnipa, na mmom ɔpo Nyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ama ho he.

9 Na nea ɔfa nuadɔ ho deɛ, onhia ho sɛ bɛtwerɛ bra ho, efiri sɛ hoaa ne Nyankopɔn akyerɛkyerɛ ho sɛ honnodɔ ho ho;

10 na ampa, hodɔ anuanom a bɛya Makedonia nyinaa. Nso adɔfoɔ, yɛhyɛ ho nkurane sɛ honkɔ so nyɔ ma no mmoro so.

11 Honnyɛ gyegyeegye, honni ho fie asɛm, na homfa ho nsa nyɔ adwuma, sɛnea yɛahyɛ ho he,

12 na ama hoanya anidie wiasefoɔ anim na hoamfa ho ho anto biaa so.


Awurade mmaeɛ

13 Na anuanom, nea ɔfa bɛ a bɛawuwu he ho deɛ, yɛmpɛ sɛ yesi ho so na ho werɛ anho sɛ, nnipa a bɛaka a benni anidasoɔ he.

14 Na yɛgye di sɛ Yesu wuiɛ na ɔsɔreeɛ bio a, saa ara nso ne Nyankopɔn de bɛ a bɛawu he nam Yesu so bɛka Yesu ho aba.

15 Na yei deɛ, yɛnam Awurade asɛm mu ne yɛka kyerɛ ho sɛ, yɛ a yɛte ase na yɛbɛtena ase akosi Awurade ba mu he nsane bɛ a bɛadeda he ho,

16 efiri sɛ Awurade he ankasa de nteamu dendene, bɔfo panyini frɛ ne Nyankopɔn totorobɛnto nne, bɛsiane afiri soro, na Kristo mu awufoɔ anyane kane.

17 Afei yɛ a yɛte ase a yɛaka he, bɛbɛfa yɛ aka bɛ ho akɔ soro mununkum mu akohyia Awurade ya wiem; na saa ne yɛ ne Awurade bɛtena daa.

18 Saa nti, homfa nsɛm yi nkyekyere ho ho werɛ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan