Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Tesalonikafoɔ 3 - Apam Foforɔ


Bɛsomaa Timoteo kɔɔ Tesalonika

1 Nti ɔbaa sɛ yentumi nyina ano bio he, yɛyɛɛ sɛ bennya yɛ hɔ ya Atene;

2 na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛ nua ne Nyankopɔn mu somfo ya Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ ho dene, na ontu ho fo ho gyidie ho,

3 sɛnea ɔbɛyɛ a ahohiahia yi ɔmma bi nhinhim. Na ho a honim sɛ nea ɔsɛ sɛ ɔto yɛ a ne he.

4 Nɔkwasɛm ne sɛ, na yɛne ho ya hɔ he, yedii kane ka kyerɛɛ ho sɛ bɛbɛteetee yɛ, na yɛkaeɛ he ɔbaa mu saa sɛnea honim he.

5 Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɔnsɔ bio he, mesomaeɛ, na mahu ho gyidie mu, na amma sɛ ebia sɔhwɛfoɔ he asɔ ho ahwɛ, ama yɛ mmɔdenmmɔ adwuma he ayɛ kwa.


Timoteo amanebɔ

6 Nso seesei Timoteo firii ho nkyɛne baeɛ yi, ɔde ho gyidie ne ho dɔ ho asɛmpa abra yɛ. Ɔsane ka kyerɛɛ yɛ sɛ hokae yɛ daa na ho pɛ sɛ hohu yɛ—sɛnea yɛ pɛ sɛ yehu ho he.

7 Yei nti anuanom, yɛ amaneɛ ne ahohiahia mu he ho gyidie ama yɛ were akyekyere.

8 Yenya yɛ asetena yi mu nkuranhyɛ firi gyina a hobegyina Awurade mu pintinn he mu.


Paulo daa Nyankopɔn ase

9 Mmɛ aseda ne yɛde bɛma Nyankopɔn ya anigyeɛ deɛ ho nti yɛanya no ne mu he?

10 Yɛkɔ so bɔ mpaeɛ awia ne anadwo sɛ yebehu ho anim na yɛama ho gyidie ahyɛ ma.

11 Afei ɔno ankasa, yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agya ne yɛ Awurade Yesu, nnane yɛ kwane mmara ho hɔ.

12 Na Awurade mmaa dɔ a howɔ ma ho ho ne afoforɔ nyɛ kɛse sɛdeɛ yɛdɔ a yɛwɔ ma ho he teɛ he.

13 Na ɔnhyɛ ho akoma dene kronkronyɛ mapa mu sɛ ho ho mma asɛm yɛ Nyankopɔn ne Agya he anim ya Awurade Yesu, ne ahoteefoɔ mmaeɛ he mu.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan