1 Tesalonikafoɔ 2 - Apam FoforɔAsomafoɔ he asɛnka ya Tesalonika 1 Na anuanom, hoaa honim, yɛba a yɛbaa ho nkyɛne he anyɛ kwa, 2 na ɔyam sɛ yedii kane huu amane na beguu yɛ anim ase ya Filipi deɛ, nso sɛdeɛ honim he, yenyaa akokoɔduro ya yɛ Nyankopɔn mu paee mu kaa Nyankopɔn asɛmpa, ɔmfa ho ne sɔretia kɛseɛ a ɔbaa yɛ so he mpo. 3 Na yɛ afutusɛm he mfiri nnaadaa anaa adwenfi mu, saa nso ne ɔnnam asisie so, 4 na sɛdeɛ Nyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa he hyɛ yɛ nsa he, saa ara nso ne yɛkasa, ɔnyɛ sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom Nyankopɔn a ɔsɔ yɛ akoma hwɛ he ani. 5 Sɛnea honim na Nyankopɔn yɛ danseni he, yɛamfa nnaadaasɛm ne baeɛ, ne asɛm biaa a yɛka kyerɛɛ ho he, yɛanka sɛ ɔbɛyɔ a yebenya mfasoɔ ya ho so nti; 6 saa ara nso ne yɛanhwehwɛ nnipa anim animuonyam amfiri ho nkyɛne anaa afoforɔ hɔ, mpo nka yebetumi ayɛ adesoa sɛ Kristo asomafoɔ 7 nso yɛbrɛ yɔɔ ho brɛbrɛ, sɛdeɛ baatane de akorɔkorɔ hwɛ ɔnoaa ne mma. 8 Na ɔnam sɛ yɛpɛ ho asɛm yie nti, yɛpɛɛ sɛ anka ɔnyɛ Nyankopɔn asɛmpa he nkoaa ne yɛne ho bɛkyɛ, na mmom yɛne ho bɛkyɛ bibiaa a yɛwɔ mpo, efiri sɛ hoyɛ nnipa a hosom bo ma yɛ paa. 9 Anuanom, hokae yɛ adwumadene ne brɛ sɛ yɛyɔɔ adwuma anadwo ne awia sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnyɛ adesoa mma ho berɛ a yɛɛpae mu aka Nyankopɔn asɛmpa he akyerɛ ho he. 10 Hoyɛ adansefoɔ, na ne Nyankopɔn nso di adanseɛ sɛ, yɛyɛɛ yɛ ho kronkron ne ateneneefoɔ ne nnipa a bɛ ho nni asɛm maa ho agyidifoɔ. 11 Afei nso honim, sɛnea yetuu ho nyinaa fo mmaako mmaako, sɛnea agya bi yɔ ne mma, na yɛhyɛɛ ho den, na yɛmaa ho asodie 12 sɛ honnante sɛnea ɔsɛ Nyankopɔn a wafrɛ ho akɔ n’ahenie ne n’animuonyam mu he. Tesalonikafoɔ boasetɔ ya taa mu 13 Yei nti yɛda Nyankopɔn ase daa, sɛ hogyee Nyankopɔn asɛmpa a hote firi yɛ hɔ he, hoannye no sɛ nipa asɛm, na mmom hogyee no sɛdeɛ ɔteɛ ankasa, Nyankopɔn asɛm mapa a ɔɔyɔ adwuma ho agyidifoɔ ho mu. 14 Na anuanom, hosuasuaa Nyankopɔn asafo a ɔya Yudea he ya Kristo Yesu mu, efiri sɛ hohu amane korɔ heaa ho nkurofoɔ nsam sɛnea behuiɛ ya Yudafoɔ nsam he, 15 bɛ a bekuu Awurade Yesu ne adiyifoɔ he, na bɛpamoo yɛ; bɛansɔ Nyankopɔn ani na bɛko tia biaa 16 berɛ a besii yɛ kwane a yɛantumi ankasa ankyerɛ amanamane mufoɔ he na bɛanya nkwa. Nti ɔma bɛhyɛ bɛ bɔne ma berɛ nyinaa. Na afei deɛ n’abufuo aba bɛ so. Paulo dɔ 17 Na yɛ deɛ, anuanom, beyii yɛ firii ho nkyɛne berɛ kakraa bi ya honam mu na ɔnyɛ akoma mu he, yɛbɔɔ mmɔdene bebree anigyina pii mu sɛ yebehu ho anim. 18 Efiri sɛ na yɛpɛ sɛ yɛba ho nkyɛne, ampaa sɛ, me Paulo, mepɛɛ mprɛ pii sɛ mɛba, nso Satan sii yɛ kwane. 19 Na hwane ne yɛ anidasoɔ anaa anigyeɛ anaa ahohoahoa abotire yɛ Awurade Yesu Kristo anim ya ne ba he mu, ho nso, honni mu bi anaa? 20 Ampa, ho ne yɛ animuonyam ne anigyeɛ! |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana