Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Tesalonikafoɔ 1 - Apam Foforɔ


Tesalonikafoɔ abrabɔ ne bɛ gyidie

1 Paulo, Silwano ɔne Timoteo twerɛ krataa yi de kɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɔya Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu he. Adom ne asomdwie nka ho.

2 Yɛde aseda ma Nyankopɔn da biaa ma ho na yɛkae ho mpaebɔ mu, yɛkɔ so

3 kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.

4 Na anuanom, Nyankopɔn dɔ ho, yenim sɛ waayi ho,

5 efiri sɛ, yɛ asɛmpa he amma ho nkyɛne kwa, na mmom ɔbaa ahoɔdene ne Honhom Kronkron ne nteaseɛ bebree mu nso, sɛnea honim sɛ, ho nti, yɛbɔɔ yɛ bra faeɛ ho mu he.

6 Na hosuasuaa yɛ ne Awurade, efiri sɛ, ahohiahia pii mu mpo, hode Honhom Kronkron anigyeɛ gyee asɛm he,

7 saa nti, hobɛyɛɛ nhwɛsoɔ maa agyidifoɔ a bɛya Makedonia ne Akaia nyinaa,

8 efiri sɛ, Awurade asɛm he firi ho mu ne trɛeɛ, ɔnyɛ Makedonia ne Akaia nkoaa, na mmom ho gyeɛ a hogyee Nyankopɔn diiɛ he atrɛ aduru mmaa nyinaa, nti ɔmma no nhia yɛ sɛ yɛka ho asɛm biaa,

9 efiri sɛ, mantam he mufoɔ kaa gye a hogyee yɛ baa ho nkyɛne, ɔne sɛnea hodane firii abosonsom mu baa Nyankopɔn nkyɛne, bɛsomm nɔkorɛ Nyankopɔn a ɔte ase,

10 sɛ hootwɛne ne Ba he afiri soro, deɛ onyane no firii awufoɔ mu he, mekyerɛ Yesu a ɔgye yɛ firi abufuo a ɔɔba mu he.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan