1 Korintofoɔ 9 - Apam FoforɔPaulo ahopakyie nhwɛsoɔ 1 Menne me ho anaa? Menyɛ somafoɔ anaa? Menhuu Yesu yɛ Awurade he anaa? Honnyɛ m’adwuma so aba Awurade mu anaa? 2 Sɛ menyɛ somafoɔ mma afoforɔ a, anyɛ hwee he, meyɛ bi ma ho; efiri sɛ ho yɛ me somafoyɛ ho adansedie, Awurade mu. 3 M’anoyie a meyi kyerɛ bɛ a bɛhwehwɛ me dwumadie mu di: 4 Yenni ho kwane sɛ yedidi na yɛnom nsuo? 5 Yenni ho kwane sɛ yɛ mu biaa ware gyidini baa ne no nante, sɛdeɛ asomafoɔ ne Awurade mu anuanom ne Kefa yɔ he? 6 Anaa me ne Barnaba deɛ, yenni ho kwane sɛ yegyae adwuma yɛyɔ pɛ yɛ ano aduane he? 7 Sraani hwane ne ɔno ankasa ne tua ne ho ka? Hwane ne yɔ bobeturo na onni mu aduaba he bi? Anaa hwane ne hwɛ mmoa na ɔnnom bɛ nofosuo he bi? 8 Mede nnipa adwene ne ɔɔka asɛm yi? Mmara he nso nka saa anaa? 9 Na bɛatwerɛ no Mose mmara he mu sɛ, “Nkyekyere nantwie berɛ a ɔɔporo aburo.” Nantwie he ne ho hia Nyankopɔn a nti twerɛnsɛm he ka saa he? 10 Anaa nyɛ yɛ nti ne ɔka saa? Nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ nti ne ɔtwerɛɛ saa, ɔsɛ deɛ ofuntum asaase he sɛ ofuntum no anidasoɔ mu, na deɛ ɔporo aburo he nso poro no anidasoɔ mu sɛ obenya bi. 11 Sɛ yeduaa honhom nnepa ya ho mu a, ɔboro so sɛ yebetwa honam mu mfasoɔ afiri ho mu anaa? 12 Sɛ nnipa binom wɔ ho kwane sɛ betwa honam mu mfasoɔ firi ho mu a, yenni ho kwane nkyɛne bɛ anaa? Nso ne nyinaa mu he, yɛmfaa saa akwanya yi so mpɛɛ mfasoɔ mfirii hɔ nkyɛne, yɛhyɛ yɛho so sene sɛ yɛde bibi besi Kristo asɛmpa he kwane. 13 Honnim sɛ bɛ a bɛyɔ asɔre he mu adwuma nya bɛ aduane firi asɔrefie hɔ, na bɛ a bɛte afɔrebokyia he ho he nso didi afɔrebokyia he ho bi? 14 Saa kwane heaa so ne Awurade hyɛɛ sɛ, bɛ a bɛka asɛmpa he nso nnya bɛ ano aduane. 15 Nso memfaa saa akwannya yi biaa nnii dwuma, na mentwerɛ yei sɛ bɛde bɛyɛ adwuma me fã mu. Mmom, nka mewu sene sɛ bi bɛma nea mede hoahoa me ho he ayɛ kwa! 16 Sɛ meka asɛmpa he a, ɔnsɛ sɛ mede hoahoa me ho, efiri sɛ ɔyɛ ahyɛdeɛ a ɔda me so sɛ meyɔ. Na sɛ manka asɛmpa he a, mennue! 17 Sɛ meyi me yam yɔ a, mewɔ akatua, sɛ nso meyɔ no amemenemfe mu a, ɔyɛ dɛaa asɛmpa he ho asodie da me so. 18 Ɔne sɛ berɛ a meeka asɛmpa he, mede asɛmpa he bɛma kwa, sɛdeɛ ɔbɛyɔ a memfa asɛmpa he ho tumi a mewɔ he nni dwuma kwammɔne so 19 Ɔyam sɛ mede me ho adeɛ nyinaa mu deɛ, maayɛ me ho akoa ama biaa, na manya bɛ nyinaa. 20 Meyɛɛ me ho sɛ Yudani maa Yudafoɔ, sɛdeɛ ɔbɛyɔ a menya bɛ ama Kristo, meyɛɛ me ho sɛdeɛ mehyɛ mmara ase (ɔyam sɛ menhyɛ mmara ase deɛ) maa bɛ a bɛhyɛ mmara ase, sɛdeɛ ɔbɛyɔ a menya bɛ ama Kristo. 21 Bɛ a benni mmara he meyɛɛ me ho sɛ menni mmara he ase maa bɛ (ɔnyɛ sɛ menni mmara Nyankopɔn anim, nɔkwasɛm ne sɛ, mehyɛ Kristo mmara ase) sɛdeɛ ɔbɛyɔ a mɛgye bɛ a benni mmara he. 22 Bɛ a bɛyɛ mmerɛ he meyɛ sɛ maayɛ mmerɛ, sɛdeɛ mɛgye bɛ a bɛyɛ mmerɛ. Meyɛ me ho adeɛ nyinaa ma nipa nyinaa, sɛdeɛ metumi agye binom. 23 Asɛmpa he nti ne meyɛ saa, na manya mu nhyira he bi. 24 Honnim sɛ mmirikatufoɔ nyinaa si akane akansie mu, nso baako pɛ ne nya nkunim abotire he? Saa ara nso ne hontu mmirika sɛdeɛ hobedi nkunim. 25 Agokansiefoɔ hyɛ bɛ ho so nnoɔma nyinaa mu; bɛyɔ saa de nya abotire deɛ ɔsɛe, na yɛdeɛ yebenya deɛ ɔnsɛe. 26 Nti mentu mmirika kwa, memmɔ akuturuku te sɛ nea meeboro mframa mu kwa; 27 na mmom mehyɛ me nipadua he dene na ama matumi ahyɛ me ho so, sɛ ɔbɛyɔ a meeka asɛm akyerɛ binom he, ankɔba sɛ bebeyi me totwene. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana