1 Korintofoɔ 8 - Apam FoforɔAduane a bɛde ma abosom 1 Na afei, nea mepɛ sɛ meka fa afɔdeɛ a bɛbɔ ma abosom ho di: yenim sɛ “yɛ nyinaa wɔ nimdeɛ.” Na saa nimdeɛ he ma ahomasoɔ, na dɔ deɛ, ɔma nkɔsoɔ. 2 Na sɛ ɔyɛ bi sɛ onim bibi a, onnya nhuu sɛnea ɔsɛ sɛ ohu; 3 nso Nyankopɔn nim bɛ a bɛdɔ no. 4 Nso, ɔfa sɛ bi oodi aduane a bɛde ama abosom ho he, yenim sɛ “bosom nyɛ ade titire biaa,” efiri sɛ “Nyame biaa nni hɔ sɛ Nyankopɔn baako pɛ he.” 5 Ewom sɛ nnoɔma bi ya soro anaa asaase so a bɛfrɛ bɛ abosom deɛ— mpo yɛwɔ abosom bebree ne awuranom bebree— 6 nso yɛ deɛ, Nyankopɔn baako pɛ ne yenim sɛ ɔya hɔ, ɔno ne Agya he a nnoɔma nyinaa firi ne mu na ɔnam ɔno nti yɛ ya hɔ; saa ara nso ne yɛwɔ Awurade baako, Yesu Kristo a nnoɔma nyinaa nam ne so ba, na yɛ te ase ne mu he. 7 Mmom, ɔnyɛ biaa ne wɔ saa nimdeɛ yi. Esiane sɛ binom de bɛ ho ahyɛ abosom mu de besi nnɛ nti, bɛdwene sɛ aduane a bedi he yɛ deɛ bɛde ma abosom; na ɔnam sɛ bɛ ahonim ɔmmerɛ nti, bɛ ho agu fi. 8 “Aduane mma yɛ mmɛne Nyankopɔn.” Yɛanni a yɛntɔ sini, na ne sɛ yedi nso a, yɛmmoro so. 9 Nso honhwɛ yie sɛ ho faahodie he ɔnyɛ sintidua mma bɛ a bɛyɛ mmerɛ he. 10 Na sɛ bi hu wo a wowɔ nimdeɛ he sɛ wote adidiiɛ abosom dane mu a, ɔmma n’ahonim a ɔmmerɛ he nnya nnyinasoɔ nkodi abosom afɔrebɔdeɛ anaa? 11 Hedeɛ na ɔnam wo nimdeɛ so na nipa ɔmmerɛ, a ne nti Kristo wuiɛ he bɛyera. 12 Na sɛ hoyɔ ho nuanom bɔne de sɛe bɛ ahonim a ɔmmerɛ he a, na hooyɔ Kristo bɔne. 13 Nti sɛ nam weɛ to me nua sintidua a, hedeɛ mennwe nam koraa na manto me nua sintidua. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana