1 Korintofoɔ 7 - Apam FoforɔDeɛ Somafoɔ he susu fa awadeɛ ho 1 Na afei hontie nea mewɔ ka fa nsɛm a hotwerɛeɛ he ho sɛ, “Ɔyɛ ma beema sɛ ɔmfa ne ho nka baa.” 2 Nka saa yɛ deɛ, nso adwamammɔ nti, beema biaa nnya ɔnoaa ne yerɛ, na baa biaa nnya ɔnoaa ne kunu. 3 Kunu mma ne yerɛ nea ɔsɛ, na yerɛ nso mma kunu saa. 4 Na yerɛ nni ɔnoaa ne nipadua so tumi, na mmom ne kunu ne wɔ so tumi, saa ne beema nso nni ɔnoaa ne nipadua so tumi, na mmom ne yerɛ ne wɔ so tumi. 5 Hommfa ho ho nkame ho ho gye ho mmienu apene so sɛ hobɛtena ase berɛ kakra bi, de anya adaagye ama mpaebɔ, na hoabehyia bio. Honyɔ ne saa na Satan ansɔ ho nhwɛ, ɔnam ahohyɛsoɔ a honni nti. 6 Nso nea meeka yi yɛ kwanma bi kɛkɛ, na ɔnyɛ nhyɛ so. 7 Menya a nka ho nyinaa hote sɛ me, nso biaa wɔ akyɛdeɛ sononko firi Nyankopɔn hɔ, bi wɔ yei, ne foforɔ nso wɔ yei. 8 Afei meeka akyerɛ asugyafoɔ ne akunafoɔ sɛ, ɔyɛ ma bɛ sɛ bɛnnware te sɛ me. 9 Na sɛ bentumi nhyɛ bɛ ho so a, hedeɛ bɛnware. Na ɔyɛ sɛ bɛbɛware sene sɛ honam akɔnnɔ beku bɛ. 10 Afei mehyɛ awarefoɔ—ɔnyɛ me na mmom Awurade—sɛ baa nnyae ne kunu 11 (na sɛ ɔne ne kunu ntam tete a, ɔntena ase saa anyɛ saa a, ɔne ne kunu nkɔ bom), mma kunu nso nnyae ne yerɛ. 12 Na bɛ a bɛaka he nso meeka akyerɛ bɛ—me ne meeka na ɔnyɛ Awurade—sɛ: Sɛ gyidini bi ware baa a ɔnyɛ gyidini, na baa he te aseɛ ne no tena a, mma onnyae no. 13 Na sɛ baa bi ware beema a ɔnyɛ gyidini, na beema he te aseɛ sɛ ɔne no bɛtena a, mma baa he nnyae no, 14 efiri sɛ ɔnam baa gyidini he so bɛma ne kunu a ɔnnye nni he abɛyɛ gyidini, na yerɛ a ɔnnye nni he nso abɛyɛ gyidini, ɔnam ne kunu a ɔgye di he nti. Sɛ ɔnte saa, nka ho mma he yɛ annyeanniefoɔ mma, nso, nɔkwasɛm ne sɛ Nyankopɔn agye bɛ. 15 Nso sɛ deɛ ɔnnye nni he ka sɛ ɔɔkɔ a mmara biaa nkyekyere gyidini beema anaa gyidini baa he sɛ ɔntena saa awadeɛ he mu. Na Nyankopɔn afrɛ yɛ sɛ hontena asomdwie mu. 16 Yerɛ, wonnim sɛ wo kunu betumi afa wo so anya nkwa? Kunu, wonnim sɛ wo yerɛ betumi afa wo so anya nkwa? 17 Nea ɔsɛ sɛ hoyɔ ne sɛ biaa bɛbɔ ne bra sɛdeɛ Awurade de maa no berɛ a Nyankopɔn frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ gyidini he. Saa ara ne mahyɛ ama asafo ahodoɔ he nyinaa. 18 Ho mu bi ya hɔ a onyaa frɛ he na bɛatwa no twetia? Mma no nnyɛ ne ho sɛ bi a bentwaa no twetia. Anaa ho mu bi ya hɔ a onyaa frɛ he na ontwaa twetia? Nnhyɛ biaa mma no ntwa twetia efiri sɛ, 19 twetiatwa nka hwee, saa ara nso ne sɛ bentwaa bi twetia a ɔno nso nseɛ bibiaa; mmom Nyankopɔn mmara so die ne hia. 20 Tebea biaa a bɛfrɛ wo mu he, tena mu. 21 Bɛfrɛɛ wo he na woyɛ akoa? Mma no nha wo koraa. Nso sɛ wobetumi ade wo ho nso a, de wo ho. 22 Nipa a bɛfrɛɛ no Awurade mu he na ɔyɛ akoa he, waade ne ho a ɔyɛ Awurade dea, saa ara nso ne nea bɛfrɛ no he na ɔde ne ho he nso abɛyɛ akoa ama Kristo. 23 Waatɔ wo aboɔdene; nti nyɛ akoa mma nnipa. 24 Tebea biaa a bɛfrɛɛ ho mu he, anuanom, ho ne Nyankopɔn ntena. 25 Afei ɔfa mmabunu ho he, Awurade mmaa me ahyɛdeɛ biaa, nso meeka m’adwene sɛ bi a Awurade mmɔborɔhunu nti ɔyɛ nɔkwafoɔ. 26 Mesusu sɛ, ahohia a ɔɔba he nti, ɔyɛ sɛ wobɛyɛ sɛnea woteeɛ heaa. 27 Wobata yerɛ ho anaa? Nhwehwɛ sɛ wobɛde wo ho. Wade wo ho afiri yerɛ ho anaa? Nhwehwɛ yerɛ. 28 Na sɛ woware a, wonyɔɔ bɔne, na sɛ babunu ware a, ɔnyɔɔ bɔne. Na bɛ a bɛware he fa abrabɔ mu ahohiahiam, na mempɛ sɛ hobɛfa mu bi. 29 Anuanom, nea meeka ne sɛ, esiane sɛ bɛatwa berɛ no so tia nti, ofiri saa berɛ yi, ma bɛ a bɛwɔ yerɛnom nyɛ sɛ benni bi he, 30 na bɛ a beesu nyɛ sɛ bennsu, na bɛ a beedi ahurusie he nso nyɛ sɛ benni ahurusie, na bɛ a bɛɛtɔ nyɛ sɛ bɛnntɔ hwee, 31 na bɛ a bɛ ne wiase wɔ bibi yɔ he nyɛ sɛ bɛ ne no nni hwee yɔ, efiri sɛ wiase yi ootwam. 32 Mepɛ sɛ hode ho ho firi adwendwene ho. Deɛ ɔnwareɛ he dwene Awurade dwumadie ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ Awurade ani; 33 nso warefoɔ he dwene daa daa asetena ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne yerɛ ani, 34 na n’adwene yɛ ntanta. Na deɛ ɔnwareɛ anaa babunu dwene Awurade adwuma ho, sɛ ɔbɛyɛ kronkron honam ne honhom mu; nso baa warefoɔ dwene daa daa asetena asɛm ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne kunu ani. 35 Hoaa ho yiedie nti ne meeka yei, ɔnyɛ sɛ ebia mede bibi ɔkyekyere ho, na mmom sɛdeɛ ɔbɛma hoayɔ deɛ ɔfata na hoatumi asom Awurade daa a bibiaa ɔnye ho adwene. 36 Sɛ bi hu sɛ nneyɔeɛ a ɔda no adi ya n’asiwa a waso awareɛ ho mfata a, na n’akɔnnɔ ano ayɛ dene a, ma bɛnware, na saa nyɛ bɔne. 37 Na sɛ bi gyina pintinn, na hyɛ biaa nna ne so na nso ɔwɔ ahohyɛsoɔ a, na wasusu n’akoma mu sɛ ɔne n’asiwa he ɔnware kosi berɛ bi a, nea wasusu he nyɛ bɔne. 38 Nti, sɛ bi ware n’asiwa a, ɔnyɔɔ bɔne biaa, saa ara nso ne sɛ bi yɔ n’adwene sɛ ɔnware n’asiwa kosi mmerɛ bi a, ɔno nso nyɔɔ bɔne biaa. 39 Baa kunu te ase he, mmara kyekyere no. Nso sɛ ne kunu he wu a, otumi ware biaa a ɔpɛ, na mmom ɔsɛ sɛ ɔware Awurade mu. 40 Na mesusu sɛ ɔbɛyɛ nhyira sɛ ɔbɛtena ase. Na menim nso sɛ, mewɔ Nyankopɔn honhom. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana