1 Korintofoɔ 6 - Apam FoforɔWiasefoɔ anim asennie 1 Sɛ ho mu bi ne yɔnko nya asɛm a, obesi ne bo de asɛm he akɔ asennibea, nipa a ɔntene anim, sene sɛ ɔde bɛkɔ teneneeni anim anaa? 2 Honnim sɛ ahoteefoɔ ne bebu wiase atene? Na sɛ hobebu wiase atene a, ɔmfata ho sɛ hodi nsɛm nketewa anaa? 3 Honnim sɛ yebebu abɔfoɔ atene? Na sɛ ɔte saa a, daa daa asetena yi mu nnoɔma ne yentumi mmu ho atene anaa? 4 Na sɛ howɔ daa daa asetena yi mu nsɛm a ɔsɛ sɛ hodi a, nti annyeanniefoɔ a benni asafo he mu he ne hode bɛ bɛyɛ atemmuafoɔ? 5 Meka yei de hyɛ wo aniwuo. Nti nyansani baako pɛ mpo nni ho mu a obetumi abu nua ne nua ntam atɛne anaa? 6 Mmɛ nti ne nua de nua kɔ asennibea, bɛ a bɛnnye nni anim? 7 Nɔkorɛ, mfomsoɔ anya aba ho mu sɛ, hone ho ho wɔ nsɛm. Mmɛ nti ne homma bɛnyɔ bɔne ntia ho mmom? Ɛɛne nti ne homma bensisi ho mmom? 8 Nso ho mmom a hoyɛ anuanom he ne hosisi ho ho ho ho. 9 Honnim sɛ bɛ a bɛntene he, bennya Nyankopɔn ahennie he? Homma bɛnnaadaa ho! Adwamammɔfoɔ, abosonsomfoɔ, awaresɛefoɔ, mmeema a bɛbɔ ahuhubra, mmeema bɛ ne mmeema da, 10 akorɔmfoɔ, aniberefoɔ, nsaborofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ, akwamukafoɔ, yei no mu bi a onnya Nyankopɔn ahennie. 11 Saa ne nka ho mu bi teɛ. Na afei bɛnam yɛ Nyankopɔn Honhom so adware ho, ate ho ho, abu ho bem Awurade Yesu Kristo dini mu. Fa wo nipadua hyɛ Nyankopɔn animuonyam 12 “Mewɔ adeɛ nyinaa ho kwane deɛ,” nso ɔnyɛ ne nyinaa ne fata. “Mewɔ adeɛ nyinaa ho kwane deɛ,” nso memma bibiaa mfa me nommum. 13 “Aduane ya hɔ ma yafunu, na yafunu nso ya hɔ ma aduane dea,” na Nyankopɔn bɛsɛe ne nyinaa. Nipadua nni hɔ ma adwamammɔ, na mmom ɔya hɔ ma Awurade, na Awurade nso ya hɔ ma nipadua he. 14 Nyankopɔn nyanee Awurade, na ɔnam ne tumi nso so benyane yɛ bi. 15 Honnim sɛ ho nnipadua he yɛ Kristo akwaa? Ɔsɛ sɛ mede Kristo akwaa yɛ adwamammɔ akwaa anaa? Daabi da! 16 Honnim sɛ deɛ ɔde ne ho abɔ dwamanmɔfoɔ he ne no yɛ baako? Efiri sɛ, bɛatwerɛ sɛ, “Na bɛ mmienu bɛyɛ honam baako.” 17 Nso deɛ ɔde ne ho abɔ Awurade he ne no yɛ honhom baako. 18 Honnwane adwamammɔ! Na bɔne biaa a nipa yɔ he nni nipadua he, nso deɛ ɔbɔ adwamane he yɔ bɔne de tia nipadua he ankasa. 19 Anaa honnim sɛ ho nipadua yɛ Honhom Kronkron a honya firii Nyankopɔn hɔ a ɔte ho mu he asɔredane, na honne ho ho? 20 Efiri sɛ ɔtɔɔ ho aboɔdene; nti homfa ho nipadua nhyɛ no animuonyam. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana