Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofoɔ 5 - Apam Foforɔ


Abrabɔ bɔne a ada adi asafo he mu

1 Bɛabɛka akyerɛ me sɛ adwamammɔ ya ho mu, bɛdɛ bi afa ne papa yerɛ; adwammammɔ a ɔte saa a bi nni annyeanniefoo mpo mu!

2 Na hoyɛ ahomasoɔ! Ɔnsɛ sɛ nka hosu? Na nea wayɔ saa he honyi no mfiri ho mu.

3 Ewom sɛ me deɛ, menni ho nkyɛne honam mu deɛ, [nso] meya hɔ honhom mu; na ɔte sɛ meya hɔ; na maabu atɛne

4 ya yɛ Awurade Yesu dini mu ya deɛ ɔyɔɔ saa he ho. Sɛ hohyia a, na me honhom ne yɛ Awurade Yesu tumi ya hɔ a,

5 ɔsɛ sɛ hode saa nipa he hyɛ Satan nsa na ama ne honam he sɛe, na ne kra anya nkwa Awurade da he.

6 Ho ahohoahoa he nyɛ ade pa. Honnim sɛ mmɔreka kakraa bi ne tu mmɔre he nyinaa?

7 Honyi mmɔreka dadaa he nyinaa sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobɛyɛ foforɔ, efiri sɛ mmɔreka biaa nni ho mu, efiri sɛ bɛaya de Kristo a ɔyɛ yɛ twam dwane he abɔ afɔdeɛ.

8 Nti homma yɛmmmfa mmɔreka dadaa anaa bɔneyɛ ne amumuyɔ mmɔreka nnhyɛ fa he, na mmom yɛmfa paanoo a mmɔreka nnim a ɔno ne adwenemuteɛ ne nɔkorɛdie knhyɛ.

9 Metwerɛɛ no nwoma a mede braa ho he mu sɛ, hommmfa ho ho mmɔ adwamammɔfoɔ,

10 nso menkyerɛ sɛ, hontwe ho ho koraa mfiri adwamammɔfoɔ a bɛya wiase, anaa aniberefoɔ ne apoobɔfoɔ, anaa abosonsomfoɔ he ho, ɔno deɛ, nka ɔsɛ sɛ hofiri wiase yi mu kɔ.

11 Na afei metwerɛ ho sɛ, sɛ bi a ɔfrɛ ne ho gyidini yɛ dwamanfoɔ anaa aniberefoɔ anaa bosonsonni anaa ntɔkwapɛfoɔ anaa nsadweam anaa korɔmfoɔ a, ho ne saa foɔ he mmɔ fekuo mpo, na ho ne no nnidi nso.

12 Na mmɛ ne me ne bɛ a bɛnka yɛ ho wɔ yɔ a nti meebu bɛ atɛne? Ɔnyɛ bɛ a bɛyɛ agyidifoɔ ne ɔsɛ sɛ mebu bɛ atɛne anaa?

13 Nyankopɔn bebu bɛ a bɛnka yɛ ho he atene. “Hontu tirimuɔdenfoɔ he mfiri ho mu.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan