1 Korintofoɔ 4 - Apam FoforɔKristo Asomafoɔ 1 Saa ne yɛ nso, hommu yɛ sɛ Kristo asomfoɔ ne Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛsofoɔ. 2 Afei nso, ɔsɛ fiehwɛfoɔ sɛ behu no sɛ ɔyɛ nɔkwafoɔ. 3 Na me deɛ, ɔyɛ me adeɛ ketewa bi sɛ ho anaa nipa bi hyɛ da bu me atɛne, nso memmu me ho atɛne, 4 na mennim bibiaa a otia me, nso ɔno mma menni bem. Ɔyɛ Awurade ne bu me atɛne. 5 Nti mpɛ ntɛm mmu atɛne ansa na berɛ he aso, ansa na Awurade aba, ɔno ne de nnoɔma a ahinta sum mu bɛba hann mu na wayi akoma mu botaeɛ adi, ansa na ɔde biaa abasobɔ ama no. 6 Anuanom, ho nti ne mede asɛm yi totoo me ne Apolo ho kyerɛɛ ho, na hoasua asɛm a ɔdɛ, “Honyɔ bibi ntera nea bɛatwerɛ,” he asekyerɛ afiri yɛ hɔ, na ho mu bi ansɔre ne bi anni asie. 7 Na hwane ne hu bibi sononko ya ho mu? Ɛɛne ne wowɔ a wo nsa anka? Na sɛ wo nsa kaeɛ a, mmɛ nti ne hoahoa woho te sɛ ɔnyɛ akyɛdeɛ? 8 Howɔ deɛ hohia nyinaa dada! Hoanya hoho dada! Hoakwati yɛ adi ahene! Nɔkorɛ, sɛ menya a nka hoyɛ ahene, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a yɛ ne ho nyinaa bedi ahene! 9 Na ɔyɛ me sɛ Nyankopɔn de yɛ asomafoɔ adi akyire sɛ bɛabua yɛ kumfɔ, efiri sɛ yɛayɛ ahwɛdeɛ ama wiase, abɔfoɔ ne nnipa. 10 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafoɔ, nso ho deɛ hoyɛ anyansafoɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nso ho ɔdene. Howɔ animuonyam, yɛ deɛ bebu yɛ animtia. 11 Ɔde besi saa dɔno yi kɔm ne sukɔm de yɛ, yɛdeda adagya, bɛhwe yɛ na yenni baabi te. 12 Na yɛbrɛ de yɛ ankasa yɛ nsa yɔ adwuma. Bɛdome yɛ a, yehyira bɛ, bɛtaa yɛ a, yegyina; 13 bɛsɛe yɛ dini a, yɛka abodwosɛm. Yɛayɛ sɛ wiase afidɛ nnipa nyinaa mu, te sɛ sumina de besi nnɛ. 14 Mentwerɛ yei mfa nhyɛ ho aniwuo, na mmom mede ootu ho fo sɛ adɔfoɔ. 15 Na mpo sɛ howɔ ahwɛfoɔ mpem du Kristo mu a, honni agyanom bebree. Nɔkorɛ, menam asɛmpa he so awo ho Kristo Yesu mu. 16 Afei, metu ho fo sɛ, honsua me. 17 Yei nti ne mesomaa Timoteo maa no baa honkyɛne, ɔno ne yɛ me ba dɔfoɔ ne nɔkwafoɔ Awurade mu, sɛ ɔnkae ho m’akwane Kristo Yesu mu, sɛdeɛ mekyerɛkyerɛɛ hyiadane biaa mu ya baabiaa he. 18 Nso ɔnam sɛ ho mu binom dwene sɛ memma honkyɛne nti, bɛayɛ ahomasoɔ. 19 Nso sɛ Awurade pɛ a, ɔnkyɛre mɛba honkyɛne, na mabehu bɛ a bɛama bɛ ho so he tumi farebae, na ɔnyɛ bɛ kasaa nkoaa, 20 efiri sɛ Nyankopɔn ahennie he nnyina kasaa kɛkɛ so, na mmom ogyina tumi so. 21 Deɛ ɔya he ne hopɛ? Memfa abaa memmra honkyɛne, anaa dɔ deɛ ɔya dwoɔ honhom mu? |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana