1 Korintofoɔ 3 - Apam FoforɔMpaepaemu a ɔya Korinto asafo he mu 1 Ne saa nti, anuanom, mantumi ne ho ankasa sɛ honhom mufoɔ, na mmom sɛ honam mufoɔ, Kristo mu nkokoa. 2 Nofosuo ne mede maa ho, na mmom ɔnyɛ aduane a mu oduru, efiri sɛ na hontumi nnye, na seeseiaa mpo, hontumi nnye. 3 Na hoda soaa yɛ honam mufoɔ. Na mprɛ dodoɔ a ahoɔyea ne apereapereɛ da so ya ho mu he, honyɛ honam mufoɔ a hobɔ ho bra sɛnea honam pɛ? 4 Na sɛ bi ka sɛ, “Meya Paulo afa,” na foforɔ nso ka sɛ, “Meya Apolo afa” a, na ɔnnyɛ nnipasɛm ne hoodi? 5 Na Apolo ne hwane? Paulo [nso] ne hwane? Bɛyɛ asomfo a honam bɛ so bɛgye diiɛ, sɛnea Awurade de maa biaa. 6 Meduaeɛ, Apolo guguu so nsuo, na ɔyɛ Nyankopɔn ne maa ne nyiniiɛ. 7 Ne saa nti, ɔnyɛ nea odua anaa nea ogugu so he ne ayɔ bibi, na mmom ɔyɛ Nyankopɔn a ɔma no nyini he a. 8 Nea odua ne nea ogugu so nsuo nyinaa wɔ botaeɛ baako, na biaa benya akatua sɛnea n’adwuma teɛ, 9 efiri sɛ yɛyɛ Nyankopɔn asomfoɔ a yɛyɔ adwuma bom. Hote sɛ Nyankopɔn afuo, ne ne dane. 10 Nyankopɔn adom a manya he te sɛ dansifoɔ nyansani a metoo fapem, na bi foforɔ oosi bi asi so. Ɔsɛ sɛ biaa hwɛ yie sɛdeɛ ɔto so fa; 11 efiri sɛ biaa nni hɔ a obetumi ato fapem foforɔ bi aka fapem dada a bɛato a ɔno ne Yesu Kristo he ho. 12 Afei sɛ bi de sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔ a ɔsombo, dua, serɛ, tõõ to fapem yi so a— 13 dansifoɔ biaa adwuma bɛda adi, na Da he bɛda no adi, efiri sɛ gya ne bɛde beyi no adi, na gya he bɛsɔ biaa adwuma a waayɔ ahwɛ. 14 Sɛ nea bɛasi no fapem he so he gyina a, dansifoɔ he benya akatua. 15 Sɛ dansifoɔ bi adwuma hye a, ɔbɛhwere adeɛ; na mmom, ɔno ankasa deɛ bɛbɛgye no nkwa, nso ɔte sɛ deɛ ɔnam gya mu. 16 Honnim sɛ hoyɛ Nyankopɔn asɔredane na Nyankopɔn Honhom te ho mu? 17 Sɛ bi sɛe Nyankopɔn asɔredane a, Nyankopɔn bɛsɛe saa nipa he nso, efiri sɛ Nyankopɔn asɔredane yɛ kronkron, na hoaa ne saa asɔredane he. 18 Biaa nnnaadaa ne ho. Sɛ bi susu sɛ ɔyɛ nyansafoɔ wiase yi mu a, ɔnyɛ sɛ kwasea na wayɛ nyansafoɔ ampa, 19 efiri sɛ wiase yi mu nyansa yɛ nkwaseasɛm ma Nyankopɔn. Na bɛatwerɛ sɛ, “Ɔkye anyansafoɔ bɛ aniteɛ mu” 20 na bio, “Awurade nim (wiase mu) nyansani nsusuiɛ, sɛ ne nyinaa yɛ kwa.” 21 Nti mma biaa nhoahoa ne ho honam fam, efiri sɛ nnoɔma nyinaa yɛ ho deɛ, 22 sɛ Paulo oo, Apolo oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, wuo oo, seesei oo anaa daakye oo, ne nyinaa yɛ ho dea, 23 na hoyɛ Kristo dea, na Kristo nso yɛ Nyankopɔn dea. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana