Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofoɔ 2 - Apam Foforɔ


Kristo a bɛbɔɔ no asennua mu he

1 Na me nso, anuanom, berɛ a mebaa ho nkyɛne he, mamfa nyansa a ɔtra so ne bɛkaa Nyankopɔn ahintasɛm he.

2 Na mmom nɛbɔɔ me tim pɔ sɛ memmfa m’adwene nsi bibiaa so ka Yesu Kristo, ne bɔ a bɛbɔɔ no asennua mu he ho.

3 Na mebaa ho nkyɛne mmerɛyɛ ne suro ne ahopopoɔ mu.

4 Me kasaa ne m’asɛnka anyɛ nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛsɛm kwane so, na mmom Honhom ne tumi yikyerɛ mu,

5 na amma ho gyidie fapem annyina nnipa nyansa so na mmom, ama no agyina Nyankopɔn tumi so.

6 Nso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ bɛ a bɛanyini honhom fam, na ɔyɛ nyansa a ɔnyɛ wiase yi deɛ anaa wiase atumfoɔ a bɛbɛsɛe bɛ he deɛ.

7 Na mmom yɛka Nyankopɔn ho ahintasɛm ne nyansasɛm a bɛde asie, deɛ Nyankopɔn ka too hɔ ansa na ɔɔbɛhyɛ wiase ase, sɛ ɔde bɛhyɛ yɛ animuonyam he.

8 Wiase yi anyansafoɔ biaa ante yei ase; sɛ bɛtee aseɛ a, nka bɛammɔ animuonyam Wura he asennua mu.

9 Nso sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Deɛ ani biaa nhuu da, anaa aso ntee da, na nnipa akoma nwenee ho, deɛ Nyankopɔn asiesie ama bɛ a bɛdɔ no,”

10 nnoɔma yei ne Nyankopɔn nam Honhom he so ada no adi; efiri sɛ Honhom he hwehwɛ nnoɔma nyinaa mu, mpo Nyankopɔn nnoɔma a mu dɔ nso mu.

11 Na hwane ne nim deɛ ɔya nipa mu ka nnipa honhom a ɔya ne mu he ho? Saa nso ne bi ntumi nte Nyankopɔn ase gye sɛ Nyankopɔn Honhom heaa.

12 Na yɛ deɛ, ɔnyɛ wiase honhom ne yɛanya, na mmom honhom a ofiri Nyankopɔn mu, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a yɛbɛte akyɛdeɛ a Nyankopɔn de ama yɛ he ase.

13 Na yɛka nnoɔma yi ho asɛm, ɔnyɛ deɛ nnipa nyansa kyerɛ, na mmom deɛ Honhom he akyerɛ, de kyerɛkyerɛ honhom nnoɔma ase kyerɛ bɛ a bɛya honhom mu.

14 Bɛ a Honhom he nni bɛ mu he, bennya Nyankopɔn honhom akyɛdeɛ, efiri sɛ ɔyɛ nkwaseasɛm ma bɛ, na bentumi nte aseɛ efiri sɛ saa akyɛdeɛ he mu nhunumu yɛ honhom mu asɛm.

15 Bɛ a bɛya honhom mu he wɔ adeɛ nyinaa mu nhunumu, nso bɛ deɛ, afoforɔ nni bɛ nnoɔma mu nhunumu.

16 Na hwane ne ahu Awurade adwene na wakyerɛ no nea ɔnyɔ? Nso yɛ deɛ, yɛwɔ Kristo adwene.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan