Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofoɔ 16 - Apam Foforɔ


Toɔ a beyi kɔma Yerusalem asafo he mu ahiafoɔ

1 Na afei ɔfa toɔ a bɛgye ma ahoteefoɔ he ho deɛ, honni nhyehyɛeɛ a mede maa Galatia asafo ahodoɔ he.

2 Nnawɔtwe he mu da a odi kane biaa he, ho mu biaa nhwɛ deɛ wanya na onyi bibi nsie na ho mmoaboa ano, na amma sɛ berɛ a hobehu me hɔ he afei ne hoobɛgyegye ntoboa he.

3 Na sɛ meba a, mɛma bɛ a hode nwoma bɛma bɛ de akyerɛ sɛ bɛ ne bɛfata sɛ bɛde ho ntoboa he kɔ Yerusalem he de akɔ.

4 Na sɛ ohia sɛ me nso mekɔ bi a, mene bɛ bɛkɔ.

5 Mɛba honkyɛne berɛ a makɔfa Makedonia efiri sɛ mɛfa Makedonia.

6 Na ebia na matena ho nkyɛne kakraa bi anaa mpo medi awɔberɛ he nyinaa ya ho nkyɛne, na hoagya me kwane ama makɔ baabi a mɛkɔ.

7 Na mempɛ sɛ meetwa mu nkoaa ne mehu ho, na m’ani da so sɛ, sɛ Awurade ma ho kwane a medi ho nkyɛne nna kakra.

8 Na mɛtena Efeso akosi Pentekoste afahyɛ he,

9 efiri sɛ bɛabie pono kɛseɛ a mu adwuma bɛsõ aba ama me, nso bɛ a bɛasɔre atia dɔɔso.

10 Sɛ Timoteo ba a, honhwɛ na wammɔ hu berɛ a ɔya ho nkyɛne, efiri sɛ ɔɔyɛ Awurade adwuma te sɛ meaa,

11 nti mma biaa mmu no animtia. Honya no kwane asomdwie mu, na ɔmmra me nkyɛne, na meehwɛ ɔne anuanom binom anim.

12 Afei, yɛ nua Apolo deɛ, metuu no fo dendenndene sɛ ɔne anuanom mmra ho nkyɛne, nso na ɔmpɛ sɛ ɔbɛba koraa seesei, na sɛ ɔnya kwane a ɔbɛba.

13 Honwɛne, honyina pintinn ho gyidie mu, honya akokoɔduro, honyɛ dene.

14 Nea hobɛyɔ nyinaa, honyɔ no dɔ mu.

15 Afei anuanom, honim sɛ Stefano fiefoɔ ne nnipa a bedii kane de bɛ ho maa asɛmpa he ya Akaia, na bɛde bɛ ho ama ahoteefoɔ som he.

16 Metu ho fo sɛ hommrɛ ho ho ase mma nnipa a bɛte saa ne biaa a ɔde ne ho hyɛ som adwuma he mu, na ɔne bɛ brɛ bom.

17 Na m’ani gye Stefano ne Fortunato ne Akaiko mmaeɛ he ho, efiri sɛ honni menkyɛne he, bɛne bebesii ho anamu;

18 Na bɛmaa me honhom ne ho honhom ho dwodwoo bɛ. Nti honnye saa nnipa he ntom.

19 Asafo a ɔya Asia he kyeakyea ho. Akwila ne Priska, ne asafo a ɔya bɛ fie he kyea ho bebree, Awurade mu.

20 Anuanom nyinaa kyea ho. Homfa dɔ nkyea nkyea ho ho.

21 Me Paulo me nsa ano nkyea di.

22 Sɛ bi mpɛ Awurade Yesu asɛm a, onnue! Yɛ Awurade bra!

23 Yɛ Awurade Yesu adom nka ho ho.

24 Me dɔ nka ho nyinaa Kristo Yesu mu. Amen!

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan