1 Korintofoɔ 15 - Apam FoforɔYesu wuo ne ne wusɔreɛ 1 Anuanom, afei mepɛ sɛ ho hu sɛ, asɛmpa a mepae mu ka kyerɛɛ ho a ho nso hogyeɛ na hogyina mu nso he, 2 sɛ ho sɔ mu yie a, ɔno ne ɔnam so bɛgye ho nkwa— gye sɛ ebia hogye dii kwa deɛ. 3 Na me deɛ, deɛ ohia pa ara a me nsa kaeɛ a mede hyɛɛ ho nsa: ɔno ne sɛ yɛ bɔne nti ne Kristo wuiɛ, sɛdeɛ twerɛm he ka he 4 na besiee no, na nnansa so ɔsɔreeɛ sɛdeɛ twerɛ nsɛm ka he, 5 na oyii ne ho adi kyerɛɛ Kefa, ɔne dummienu he. 6 Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahenum berɛ korɔ mu, bemu dodoɔ da so te ase, ɔyam sɛ binom adeda deɛ. 7 Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo, ɔne asomafoɔ henom. 8 Deɛ otwa toɔ he, me ne oyii ne ho adi kyerɛɛ me a me te sɛ deɛ bɛapatu awo no. 9 Na me ne asomafoɔ he mu kaakyire, na mensɛ sɛ bɛfrɛ me somafoɔ mpo, efiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo. 10 Nso Nyankopɔn adom nti ne mete sɛdeɛ meteɛ yi, na n’adom a ɔya me so he nyɛ kwa. Mmom meyɛ adwuma sene bɛ nyinaa— ɔyam sɛ na ɔnyɛ me deɛ, na mmom sɛdeɛ Nyankopɔn adom a ɔte me mu he teɛ. 11 Nti sɛ me oo, sɛ bɛ oo, saa ne yɛpae mu kaeɛ, na saa ne hogye diiɛ. Yesu wuo ne ne wusɔreɛ 12 Na afei, sɛ bɛpae mu ka sɛ bɛanyane Kristo afiri awufoɔ mu a, obaa no sɛ ne homu binom ka sɛ awufoɔ sɔreeɛ nni hɔ? 13 Sɛ awufoɔ sɔreeɛ nni hɔ a, hedeɛ bɛanyane Kristo; 14 na sɛ Kristo ansɔre a, hedeɛ na yɛ asɛnka he yɛ kwa, na ho gyidie nso yɛ kwa. 15 Na afei, bebehu yɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn adansekunumufoɔ, efiri sɛ yedi Nyankopɔn ho adanseɛ sɛ ɔnyanee Kristo— sɛ awufoɔ anyane a, hedeɛ na wanyane no. 16 Na sɛ awufoɔ nnyane a, hedeɛ Kristo nso annyane. 17 Sɛ bɛannyane Kristo a, ho gyidie he yɛ kwa na hoda so te ho bɔne mu. 18 Na sɛ ɔte saa a, na bɛ a bɛadeda Kristo mu he nso he ayera. 19 Sɛ wiase yi abrabɔ mu nkoaa ne yɛwɔ Kristo mu anidasoɔ a, hedeɛ na yɛne nnipa nyinaa mu mmɔborɔfoɔ. 20 Nso nɔkwasɛm ne sɛ, bɛanyane Kristo afiri awufoɔ mu, waayɛ bɛ a bɛawu nyinaa aba a odi kane. 21 Ɔnam sɛ wuo nam nipa so ne baeɛ nti, saa nso ne awufoɔ sɔreeɛ nam nipa so baeɛ; 22 Na sɛnea nnipa nyinaa wu Adam mu he, saa nso ne bɛ nyinaa benya nkwa Kristo mu. 23 Na biaa wɔ ne diberɛ: Kristo ne aba a odi kane, na ɔno akyi he bɛ a bɛyɛ Kristo deɛ he nso adi hɔ, sɛ ɔba bio a, 24 ansa na awieeɛ he ɔde ahennie he ahyɛ Agya Nyankopɔn nsa, na watu ahennie ne ahoɔdene ne tumidie nyinaa agu. 25 Na ɔsɛ sɛ odi hene kosi sɛ ɔde n’atamfoɔ nyinaa bɛhyɛ ne nane ase. 26 Tamfoɔ a otwa toɔ a bɛbɛsɛe no ne wuo. 27 Na “Nyankopɔn de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nane ase.” Na sɛ ɔka sɛ, “Nnoɔma nyinaa hyɛ ne nane ase a,” ɔda hɔ pefee sɛ, deɛ ɔde nnoɔma he guu ne nane ase he nka nnoɔma a ɔhyɛ n’ase he ho. 28 Na sɛ nnoɔma nyinaa hyɛ n’ase a, hedeɛ na ba he ankasa de ne ho bɛhyɛ deɛ ɔde nnoɔma hyɛ n’ase he, na Nyankopɔn ayɛ nnoɔma nyinaa so tumfoɔ. 29 Sɛ ɔnte saa a, nka bɛ a bɛma bɛbɔɔ bɛ asu maa awufoɔ he yɔɔ saa de gyee mmɛ? Sɛ benyane awufoɔ a, mmɛ nti ne binom gyina bɛanane mu bɔ asu? 30 Ɛɛne nti ne yɛde yɛho to amaneɛ mu bere biaa yi? 31 Mewu da biaa! Anuanom, sɛ mehoahoa meho ho mu a mehoahoa me ho ya yɛ wura Kristo Yesu mu. 32 Na sɛ nnipa anidasoɔ nti ne me ne bɛ a bɛ ani ɔdene sɛ wuram mmoa kõõ Efeso dea, abɛ mfasoɔ ne menya? Sɛ awufoɔ nsɔre a, “Homma yennidi na yɛnom, na kyena na yɛawu.” 33 Hommma bɛnnnaadaa ho: “Afeku bɔne sɛe bra pa.” 34 Homma ho ani nna hɔ, na honnyɔ bɔne; na binom nnim Nyankopɔn. Meka yei de hyɛ ho aniwuo. Soro nipadua ne fam nipadua 35 Nso bi bebisa sɛ, Sɛ ne bebesi anyane awufoɔ? Mmɛ nipadua ne bɛde bɛba? 36 Wo a wonni adwene! Deɛ wodua he nnya nkwa gye sɛ owu ansa. 37 Na deɛ wodua he deɛ, ɔnyɛ deɛ ɔbɛba he ne wodua, na mmom ɔyɛ aba kɛkɛ, ayuo anaa aburo. 38 Na Nyankopɔn ma yɛ dua a ɔpɛ, na ɔma aba he mu biaa nya ɔnoaa ne dua. 39 Honam nyinaa nyɛ pɛ, ɔsono nnipa honam, ɔsono ntɔteboa honam, ɔsono nnomaa honam, na ɔsono adwene nso deɛ. 40 Soro abɔdeɛ ya hɔ ne fam abɔdeɛ nso ya hɔ, ɔsono soro deɛ he animuonyam ne ɔsono fam deɛ he nso. 41 Awia animuonyam nko, na bosome nso deɛ nko, nsoromma animuonyam nko, ampa, ɔsono nsoromma biaa animuonyam. 42 Saa ne awufoɔ sɔreeɛ teɛ. Bedua no porɔeɛ, obenyane deɛ ɔmporɔ mu. 43 Bedua no deɛ onni anidie mu, benyane no animuonyam mu. Bedua no mmerɛyɛ mu, benyane no tumi mu. 44 Bedua no kra nipadua mu, benyane no honhom nipadua mu. Sɛ honam nipadua ya hɔ a, saa ne honhom nipadua nso ya hɔ. 45 Bɛatwerɛ sɛ, “Nnipa a odi kane, Adam, bɛyɛɛ kra teasefoɔ”; na Adam a otwa toɔ deɛ, ɔbɛyɛɛ honhom a ma nkwa. 46 Nso ɔnyɛ honhom mu deɛ he ne di kane, na mmom honam he, ansa na honhom. 47 Nipa a odi kane he firi fam, ɔyɛ famni, nipa a ɔtɔ so mmienu he firi soro 48 Sɛdeɛ nipa a ofiri fam teɛ he, saa ara ne famfoɔ teɛ; na sɛdeɛ soro nipa he teɛ he, saa ara ne sorofoɔ he nso teɛ. 49 Sɛdeɛ yɛ subane te sɛ famni he, saa nso ne yɛbɛfa soroni he nso subane. 50 Anuanom, deɛ meeka ne sɛ: honam ne mogyaa ntumi nya Nyankopɔn ahennie, saa ne deɛ ɔporɔ ntumi nya deɛ ɔmporɔ. 51 Tie na mɛka wo ahintasɛm! Yɛ nyinaa yenwu, nso yɛ nyinaa bɛsesa, 52 ntɛm so, mpofirem, totorobɛnto a odi akyire he hyɛne mu. Totorobɛnto he bebom, na awufoɔ benyane a bɛmprɔ da, na yɛbɛsesa. 53 Na deɛ ɔporɔ he bɛhyɛ deɛ ɔmporɔ, na deɛ owu he ahyɛ deɛ onwu. 54 Na sɛ deɛ ɔporɔ he hyɛ deɛ ɔmporɔ, na deɛ owu he hyɛ deɛ onwu a, ɔno ne deɛ bɛaka he bɛba mu sɛ: “Waamene wuo nkunim mu.” 55 Oo! Wuo, wo nkunim ya he? Oo! Wo nwowɔeɛ ya he? 56 Wuo nwowɔeɛ yɛ bɔne, na bɔne tumi ne mmara. 57 Nso aseda nka Nyankopɔn a ɔnam Awurade Yesu Kristo so ama yɛ adi nkunim. 58 Nti anuanom adɔfoɔ, hontintim, honnhinhim, honkɔ so Awurade adwuma mu daa, efiri sɛ, honim sɛ, ho brɛ ɔnyɛ kwa Awurade mu. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana