Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofoɔ 14 - Apam Foforɔ


Nkɔmhyɛ sene kasa ahodoɔ

1 Honhwehwɛ dɔ akyi kwane na hommɔ honhom akyɛdeɛ ho mmɔdene, na ne titire honhwehwɛ sɛ hobetumi ahyɛ nkɔm.

2 Deɛ ɔka kasa foforɔ bi he nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Nyankopɔn; efiri sɛ biaa nte deɛ ɔka he ase, na ɔnam honhom he so ka ahintasɛm.

3 Kwane bi so he, deɛ ɔhyɛ nkɔm he kasa ma nipa yiedie, afotuo ne awerɛkyekyerɛ.

4 Deɛ ɔka kasa foforɔ bi he, ɔka de ma ɔnoaa ne nkɔsoɔ, nso deɛ hyɛ nkɔm he deɛ, ɔhyɛ ma asafo he nyinaa nkɔsoɔ.

5 Menya a nka ho nyinaa hoka kasa ahodoɔ, nso deɛ nka mepɛ paa ne sɛ hobɛhyɛ nkɔm. Deɛ hyɛ nkɔm he so kyɛne deɛ ka kasa ahodoɔ, gye sɛ bi kyerɛ aseɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a asafo he benya nkɔsoɔ.

6 Afei, anuanom, sɛ meba ho nkyɛne bɛka kasa ahodoɔ, na mankasa ankyerɛ ho adiyie anaa nimdeɛ anaa nkɔmhyɛ anaa nkyerɛkyerɛ mu a, mmɛ mfasoɔ ne ho benya ne me so?

7 Sɛnea ɔteɛ he, nnoɔma a nkwa nnim wɔ nnyegyeɛ bi; sɛ ɔyɛ atɛntɛnbɛne anaa sankuo, nso sɛ nsonsonoyɛ biaa amma nnyegyeɛ he mu a, ɔbɛyɛ dɛ ne bebehu nea woobɔ ya atɛntɛnbɛne anaa sankuo he so?

8 Na sɛ totorobɛnto he annyegye yie a, hwane ne besiesie ne ho akɔ sa?

9 Saa ara nso ne ɔteɛ, sɛ hode ho kɛtrɛma ka nsɛm a nteaseɛ nni mu a, bi bɛyɛ dɛ ate deɛ hooka he ase? Ɔte sɛ hookasa gu mframa mu kwa.

10 Nnyegyeɛ ahodoɔ bebree ne ya wiase, nso biaa nni hɔ a onni asekyerɛ.

11 Nti sɛ mente kasaa he ase a, mebu deɛ ɔkasa he sɛ pɔtɔni ne deɛ ɔkasa he nso bu me pɔtɔni,

12 Na ho nso, sɛdeɛ ho ani abere ɔɔpɛ honhom akyɛdeɛ he, hommɔ ho ho mmɔdene sɛ hobenya abu so na asafo he anya nkɔsɔ.

13 Nti deɛ ɔka kasa foforɔ he, ma no mmɔ mpaeɛ nserɛ akyɛdeɛ a bɛde kyerɛ kasa foforɔ ase he nso.

14 Na mede kasa foforɔ bɔ mpaeɛ a, me honhom ne bɔ mpaeɛ he, na ɔnyɛ m’adwene ne mede oodi dwuma.

15 Sɛ ɔte saa, ɛɛne ne ɔsɛ sɛ meyɔ? Mede honhom he bɛbɔ mpaeɛ, na mede adwene nso abɔ mpaeɛ. Mede honhom bɛto dwom, na mede adwene nso ato dwom.

16 Sɛ anyɛ saa a, wode honhom hyira a, ɔbɛyɛ dɛ na deɛ ɔnte aseɛ he agye w’aseda he so sɛ “Amen”, bere a onnim deɛ wooka?

17 Ewom, wada ase yie deɛ, nso ɔnyɛ foforɔ dene.

18 Meda Nyankopɔn ase sɛ meka kasa hodoɔ sene ho nyinaa;

19 Nso asafo he mu deɛ, mɛpɛ sɛ mede m’adwene bɛka nsɛm num de akyerɛkyerɛ binom sene sɛ mɛka nsɛm mpem du kasa foforɔ mu.

20 Anuanom, honnyɛ asɛm he nteaseɛ mu mmɔfra; na mmom, honyɛ bɔne mu nkokoa; ne nyinaa mu he, honyɛ nnipa a bɛanyini nsɛm ho nteaseɛ mu.

21 Mmara he mu he, bɛatwerɛ sɛ, “Mɛfa nnipa a bɛka kasa foforɔ ne ahɔhoɔ ano so ne bɛkasa nnipa yi ho; nso ne nyinaa mu he, bentie me,” Awurade ne ɔɔka.

22 Ne saa nti, kasa foforɔ nyɛ nsɛnkyerɛnne mma agyidifoɔ, na mmom ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ma bɛ a bɛnnye nni, na nkɔmhyɛ ya hɔ ma bɛ a bɛnnye nni na ɔnyɛ bɛ a bɛgye di.

23 Na sɛ asafo he nyinaa hyia na sɛ bɛka kasa foforɔ a, na bɛ a bennim anaa abɔntensofoɔ ya hɔ a, bɛnka sɛ hoabobɔ adam?

24 Na sɛ ho nyinaa hohyɛ nkɔm na nea ɔnye nni anaa nipa foforɔ bi ba hɔ a, nkɔm a hohyɛ he ma ne tiboa bu no fɔ; na ho bɛma n’ani aba ne ho so.

25 Na deɛ ɔnye nni he, sɛ n’ahintasɛm da adi a, ɔkoto de n’anim butu fam, Nyankopɔn anim ne ɔsom no pae mu ka sɛ, ampa Nyankopɔn ne ho ya hɔ.

26 Afei mmɛ ne yɛnyɔ, anuanom? Sɛ hohyia mu a, biaa wɔ nnwom, nkyerɛkyerɛ, adiyie, kasa bi, anaa nkyerɛaseɛ bi. Homma ne nyinaa nyɛ deɛ ɔma nkɔsoɔ.

27 Sɛ binom ka kasa foforɔ bi a, homma bemu nnipa mmienu anaa aboro so a mmeɛnsa, ne nka; homma biaa nka no mmaako mmaako, na nipa baako nkyerɛ aseɛ.

28 Na sɛ biaa nni hɔ a ɔbɛkyerɛ kasa foforɔ he ase a, ma bɛ mmua bɛano asafo he mu, na bɛnkasa nkyerɛ bɛ ho ne Nyankopɔn.

29 Homma adiyifoɔ mmienu anaa mmeɛnsa nkasa, na nkaeɛ he nkari adiyie he nhwɛ.

30 Sɛ ɔkɔ ba sɛ begu so ɔɔhyɛ nkɔm he, bɛ a bɛtete hɔ he bi nya adiyie a, ma deɛ ɔɔkasa he mmua n’ano.

31 Na ho nyinaa ho betumi ahyɛ nkɔm, baako wie a na baako nso ahyɛ, na ho nyinaa hoasua na ahyɛ ho nkuranee,

32 efiri sɛ adiyifoɔ he wɔ tumi ya adiyie adom akyɛdeɛ he so.

33 Na Nyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn na mmom asomdwie Nyankopɔn. (Sɛdeɛ ɔteɛ ahoteefoɔ asafo nyinaa mu he,

34 ɔsɛ sɛ mmaa mmua bɛ ano asafo he mu. Na benni ho kwane sɛ bɛkasa, mmom bɛmmerɛ bɛ ho ase, sɛdeɛ mmara he nso ka he.

35 Sɛ bibi ne bɛpɛ sɛ behu a, bemmisa bɛ kununom berɛ a bɛya fie; efiri sɛ ɔyɛ aniwuo ma baa sɛ ɔbɛkasa asafo he mu.

36 Mmɛ di! Ho mu ne Nyankopɔn asɛm firi baeɛ? Anaa ho nkoaa ne hoate Nyankopɔn asɛm.)

37 Sɛ bi ka sɛ ɔyɛ diyifoɔ, anaa ɔwɔ honhom mu tumi a, ɔsɛ sɛ ohu sɛ deɛ meetwerɛ ama ho yi yɛ ahyɛdeɛ firi Nyankopɔn hɔ.

38 Na sɛ bi anhu yei a, mma biaa nnye onii he ntom.

39 Nti anuanom, hommɔ adiyie ho mmɔdene na honnsi kasa ahodoɔ ka ho kwane;

40 Na honyɔ nnoɔma nyinaa fɛfɛɛfɛ, ne kwane so, ne kwane so.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan