Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofoɔ 13 - Apam Foforɔ


Dɔ ho asɛm

1 Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ kɛtrɛma kasa na menni dɔ a, mete sɛ twene a ɔyɔ dede anaa akasaa a ɔɔwoso.

2 Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ tumi, na meyɔ ahintasɛm ne nimdeɛ nyinaa mu nteaseɛ, na mewɔ gyidie nyinaa ma metumi tutu mmepɔ, na menni dɔ a, mensɛ hwee.

3 Sɛ mede m’ahodeɛ nyinaa kyɛ, na mede me nipadua mma sɛ bɛnhye a, na menni dɔ a, menya ho mfasoɔ biaa.

4 Dɔ yɛ abodwokyɛre; dɔ yam yɛ, dɔ nyɛ anibereɛ anaa ahohoahoa, anaa ahomasoɔ

5 anaa dwɛɛ; ɔnyɔ deɛ ɔnoaa pɛ, onni koko bɔne anaa abufuo;

6 n’ani nnye bɔne ho, na mmom n’ani gye nɔkorɛ ho.

7 Ɔto ne bo ase adeɛ nyinaa mu, ɔgye adeɛ nyinaa di, ɔwɔ adeɛ nyinaa mu anidasoɔ, na ogyina adeɛ nyinaa mu pintinn.

8 Dɔ to ntwa da. Na nkɔmhyɛ deɛ, obetwam akɔ, kasa ahodoɔ nso bɛgyae; nimdeɛ nso bɛba awieeɛ,

9 efiri sɛ yɛ nimdeɛ nwie pɛyɛ, na yɛhyɛ nkɔm fa ne fa.

10 Na sɛ nea owie pɛyɛ he ba a, deɛ onwie pɛyɛ he bɛba awieeɛ.

11 Meyɛ abɔfra he, mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, mesusuu sɛ abɔfra; na mebɛyɛɛ panyini he, magyae me mmɔfrasɛm he.

12 Seesei deɛ, yehu nnoɔma tosee ahwehwem, na daakye deɛ he deɛ, yebehu bibiaa pefee. Seesei menim fa kakra bi; na daakye deɛ, mehu no yie, sɛdeɛ benim me yie he.

13 Na afei gyidie, anidasoɔ ne dɔ, nnoɔma mmeɛnsa yi ne ya hɔ, na mu kɛseɛ paa ne dɔ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan