Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofoɔ 12 - Apam Foforɔ


Honhom mu nnoɔma

1 Na deɛ ɔfa honhom fam nsɛm ho deɛ, anuanom, mempɛ sɛ mede bibiaa sie ho.

2 Honim sɛ kane he a na hoyɛ abosonsomfoɔ he, homa bɛdaadaa ho de ho kɔɔ abosom a bentumi nkasa hɔ.

3 Nti mepɛ sɛ hote aseɛ sɛ biaa a ɔnam Nyankopɔn honhom mu kasa he nka sɛ, “Yesu yɛ abusudeɛ,” na biaa ntumi nka sɛ “Yesu yɛ Awurade” gye sɛ ɔnam Honhom Kronkron so.

4 Afei, adom akyɛdeɛ he gu ahodoɔ, nso Honhom korɔ heaa ne de ma;

5 na som nnwuma he nso gu ahodoɔ nso Awurade baako heaa ne de ma;

6 na dwumadie nso gu ahodoɔ, nso Nyankopɔn baako he a ne di dwuma he nyinaa bɛ nyinaa bɛ mu.

7 Nso ɔma Honhom he da adi bɛ mu biaa mu na aba mfasoɔ ama bɛ.

8 Na ɔnam Honhom he so ma bi anyansasɛnka, bi nso ɔma no nimdesɛnka sɛdeɛ Honhom korɔ heaa pɛ.

9 Foforɔ nso ɔma no gyidie Honhom korɔ he a mu, bi nso ɔma no ayaresa adom akyɛdeɛ Honhom baako he a,

10 bi nso ɔma no nsɛnkyerɛnne, foforɔ nso nkɔmhyɛ, na foforɔ nso honhom ahodoɔ mu nhunumu, bi nso ɔma no kasa hodoɔ, na bi nso ɔma no kasa hodoɔ nkyerɛaseɛ.

11 Na yeinom nyinaa Honhom korɔ he a ne yɔ, na ɔkyekyɛ ma biaa sɛdeɛ ɔpɛ.


Asafo he baakoyɛ

12 Na sɛ nipadua he yɛ baako nso ɔwɔ akwaa bebree he, na akwaa he nyinaa dɔɔso, nso ne nyinaa yɛ nipadua baako he, saa ara nso ne Kristo nso teɛ.

13 Na Honhom baako mu ne bɛbɔɔ yɛ asu kɔɔ nnipadua baako mu, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo—na bɛmaa yɛ nyinaa nomm Honhom baako.

14 Nɔkorɛ, nipadua he nyɛ akwaa baako, na mmom ɔyɛ akwaa bebree.

15 Sɛ nane ka sɛ, “ɔnam sɛ menyɛ nsa nti, menka nnipadua he ho” a, ɔno nkyerɛ sɛ ɔnka nipadua he ho.

16 Na sɛ aso bɛka sɛ, “ɔnam sɛ menyɛ ani nti, menka nnipadua he ho a,” ɔnkyerɛ sɛ ɔnka nnipadua he ho.

17 Sɛ nipadua he nyinaa yɛ ani a, nka deɛ yɛde bɛte ya he? Nka nipadua nyinaa yɛ deɛ bɛde te asɛm a, nka deɛ yɛde behua adeɛ ya he?

18 Na sɛdeɛ ɔteɛ yi, Nyankopɔn hyehyɛ nipadua akwaa he biaa sɛdeɛ ɔpɛ.

19 Sɛ ne nyinaa yɛ akwaa baako a, nka nipadua he ya he?

20 Nso sɛdeɛ ɔteɛ he, yɛwɔ akwaa bebree, nso nipadua baako.

21 Ani ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ, “Menhia wo,” na tire nso ntumi nka nkyerɛ nane sɛ, “Menhia wo.”

22 Mmom, nipadua akwaa a akɔyɛ sɛ ɔmmerɛ he, yentumi nkwati no,

23 na yɛde anidie pii hyehyɛ nipadua akwaa a yɛdwene sɛ ne ho nhia papa he, na yebu akwaa a bemmu no he kyɛne so;

24 berɛ a yɛ akwaa a ɔwɔ anidie kɛseɛ he nhia yei. Nso Nyankopɔn ahyehyɛ nipadua he de anidie a ɔkyɛne so ama akwaa a bemmu no he,

25 na ntawantawadie amma nipadua he mu, na mmom, akwaa he anya tema korɔ amema bɛ ho bɛ ho.

26 Sɛ akwaa baako hu amane a, bɛ nyinaa bɛ ne no hu amane; sɛ akwaa bi nya anidie a, bɛ nyinaa bɛ ne no ani gye.

27 Afei ho yɛ Kristo nipadua na ho yɛ n’akwaa mmaako mmaako.

28 Na Nyankopɔn de binom asi asafo he mu, deɛ odi kane, Asomafoɔ, deɛ ɔtɔ so mmienu, adiyifoɔ, deɛ ɔtɔ so mmeɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; ansa na tumideɛyɔ, ansa na ayaresa akyɛdeɛ, mmoa ahodoɔ, akannie ahodoɔ, kasa hodoɔ.

29 Yɛ nyinaa yɛ asomafoɔ anaa? Yɛ nyinaa yɛ adiyifoɔ anaa? Yɛ nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfoɔ anaa? Yɛ nyinaa yɔ nsɛnkyerɛnne anaa?

30 Yɛ nyinaa wɔ ayaresa akyɛdeɛ anaa? Yɛ nyinaa ka kasa ahodoɔ anaa? Yɛ nyinaa kyerɛ kasa ahodoɔ ase anaa?

31 Na hompre mpɛ akyɛdeɛ a ɔkyɛne so he. Na mɛkyerɛ ho kwane a odi mu kyɛne so he.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan