1 Korintofoɔ 11 - Apam Foforɔ1 Sɛnea mesua Kristo he, homma ɔnyɛ nhwɛsoɔ mma ho. Abrabɔ a ɔsɛ sɛ mma da no adi asafo he mu 2 Na meyi ho ayɛ sɛ hokae me nnoɔma nyinaa mu na hokura amammerɛ he mu sɛdeɛ mede gyaa ho he. 3 Nso mepɛ sɛ hote aseɛ sɛ Kristo ne beema biaa ti, na baa ti ne ne kunu, na Nyankopɔn ne Kristo ti. 4 Beema biaa ɔɔbɔ mpaeɛ anaa ɔɔhyɛ nkɔm na waakata ne ti so he hyɛ ne ti aniwuo, 5 na baa biaa a ɔbɔ mpaeɛ anaa ɔhyɛ nkɔm, na ɔnkata ne ti so he hyɛ ne ti aniwuo; ɔte sɛ wabɔ tikwa. 6 Na sɛ baa ankata ne ti so a, hedeɛ ma no mmɔ tikwa; na sɛ ɔyɛ aniwuo ma baa sɛ ɔbɛbɔ tikwa a, hedeɛ ɔnkata ne ti so. 7 Na beema deɛ, ɔmfata sɛ ɔkata ne ti so, efiri sɛ ɔyɛ Nyankopɔn subane ne n’animuonyam; na baa nso yɛ beema animuonyam. 8 (Nɔkwasɛm ne sɛ, bɛanyi beema amfiri baa mu, na mmom beema mu ne beyii baa firiiɛ.) 9 Na ɔnyɛ baa nti ne bɛbɔɔ beema, na mmom beema nti ne bɛbɔɔ baa. 10 Ne saa nti ɔsɛ sɛ baa kata ne ti so ma no yɛ tumi ho nsɛnkyerɛnne, ɔnam abɔfoɔ he nti. 11 Nso Awurade mu he, baa nne ne ho mfiri beema ho na beema nso nne ne ho mfiri baa ho. 12 Na sɛnea baa firi beema mu baeɛ he, saa ara nso ne beema nso nam baa so baeɛ; nso adeɛ nyinaa firi Awurade. 13 Hoaa hommu atɛne ho mu: Ɔyɛ sɛ baa bɔ mpaeɛ kyerɛ Nyankopɔn berɛ a ɔnkataa ne ti so anaa? 14 Nti bra su nkyerɛ ho sɛ sɛ beema gyina ne ti kusuu a, ɔnhyɛ no animuonyam, 15 na mmom baa deɛ ogyina ne ti kusuu a, ɔhyɛ no animuonyam? Efiri sɛ bɛde nwi he ama baa he sɛ nkatasoɔ. 16 Na sɛ bi pɛ sɛ ɔgye yei ho akyinnye a, me deɛ nea mewɔ ka ne sɛ, yɛ deɛ yemmu saa bra he, na Nyankopɔn asafo ahodoɔ he nso nyɔ saa. Asɔre mu mpaepaemu 17 Nso, berɛ a meema ho ahyɛdeɛ yi he, ɔnyɛ kamfo ne meekamfo ho, efiri sɛ, sɛ hohyiam a ɔnyɛ adepa ne ho yɔ, na mmom adebɔne 18 Na deɛ odi kane he, sɛ hohyia sɛ asafo a, mete sɛ mpaepaemu ya ho mu, na megye di kwane bi so. 19 Ɔkame ayɛ sɛ, ɔsɛ sɛ nkyekyemu ba ho mu, na ama bɛ a bɛyɛ agyidifoɔ mapa he ada adi ho mu. Awurade adidie asekɔ mu basabasayɔ 20 Nti sɛ hobehyiam sɛ hooba Awurade adidie a, nea hoyɔ he nyɛ Awurade adidie koraa, 21 efiri sɛ binom di kane di bɛ aduane mee berɛ a kɔm de binom nso, na binom nso abro nsa. 22 Mmɛ nti ne hoyɔ saa! Honni fie a hodidi na honom ya mu? Anaa hoaba sɛ hoobebu Nyankopɔn asafo animtia, na hoahyɛ bɛ a benni hwee he aniwuo? Ɛɛne ne hopɛ sɛ meka kyerɛ ho? Menkamfo ho? Asɛm yei ho deɛ, menkamfo ho da! Awurade Adidie 23 Na me deɛ, nea menya firii Awurade hɔ heaa ne mede maa ho, sɛ Awurade Yesu anadwo a beyii no maeɛ he ɔfaa paanoo, 24 na ɔdaa ase he, obuu mu ka sɛ, “Me nnipadua a beebubu ama ho di. Honyɔ yei mfa nkae me.” 25 Saa ara nso ne adidie he akyi he, ɔfaa kuruwaa he nso; na ɔkaa sɛ, “Kuruwaa yi yɛ Apam foforɔ a ɔnam me mogyaa so he. Honyɔ yei, da biaa a hobɛnom he, homfa nkae me.” 26 Na da biaa a hobedi paanoo he na hobɛnom kuruwaa yi ano he, hopae mu ka Awurade wuo he kosi sɛ ɔbɛba. Awurade adidie asekyerɛ 27 Ne saa nti, deɛ onni paanoo he na ɔnnom Awurade kruwaa he ano kwanpa so he, obedi Awurade nipadua ne ne mogyaa he ho fɔ. 28 Ɔsɛ sɛ biaa sɔ ne ho nhwɛ ansa na wadi paanoo he, na wanom kuruwaa he ano bi. 29 Na biaa a onni na ɔnnom no kwanpa so he, odi nom de atemmuo ba ɔnoaa ne so, efiri sɛ wammu Awurade nipadua he yie. 30 Yei nti ne ho mu bebree ayɛ mmerɛ, na binom yare, na binom nso awuwu he. 31 Na sɛ yetumi hu nipa ko a yɛyɛ a, hedeɛ nka bemmu yɛ atɛne. 32 Nso sɛ Awurade bu yɛ atɛne a, ɔtwe yɛaso sɛdeɛ yɛ ne wiase ɔɔnsɛe. 33 Nti me nuanom, hohyiam sɛ hoobedidi a, hontwɛne ho nuanom. 34 Sɛ kɔm de wo a, didi fie, sɛdeɛ ɔbɛyɔ a sɛ hohyia mu a, hoammenya afobuo. Na nnoɔma a aka he, me ba a, metoto no pɛpɛɛpɛ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana