1 Korintofoɔ 10 - Apam FoforɔAbosonsom ho kɔkɔbɔ 1 Anuanom, mempɛ sɛ mede sie ho sɛ agyanom hyɛɛ mununkum ase, na bɛ nyinaa bɛfaa po he mu, 2 na bɛbɔɔ bɛ ne Mose nyinaa asu mununkum ne po he mu. 3 Na bɛ nyinaa bedii honhom fam aduane baako, 4 na bɛ nyinaa bɛnomm honhom fam anonneɛ baako. Na bɛnom firii honhom fam botane a na odi bɛ akyi he mu, na botane he ne Kristo. 5 Nso bɛ mu bebree ansɔ Nyankopɔn ani, na ɔtɔre bɛ ase serɛ he so. 6 Na nnoɔma yei siiɛ, de yɔɔ nhwɛsodeɛ maa yɛ, sɛdeɛ yɛ kɔno ɔnnɔ bɔne sɛnea bɛ akɔnnɔ maa bɛ yɔeɛ he. 7 Honnyɛ abosonsomfoɔ sɛ bɛ mu binom yɔeɛ he; sɛdeɛ bɛatwerɛ sɛ, “Na nkurofoɔ he tenaa ase didiiɛ na bɛ nomeeɛ, na bɛsɔre di agorɔ.” 8 Hommma yɛmmmɔ adwamane sɛ bɛ mu binom bɔeɛ maa bɛ mu mpem aduonu mmeɛnsa tɔɔ da koro he. 9 Hommma yɛnsɔ Kristo nhwɛ, sɛdeɛ bemu bi yɔeɛ he, na awɔ kukuu bɛ he. 10 Na honnnwiinwii sɛ binom yɔeɛ na sɛefoɔ he kukuu bɛ he. 11 Nnoɔma yeinom nyinaa too bɛ sɛ ɔbɛyɛ nhwɛsodeɛ, na bɛatwerɛ sɛ ɔbɛyɛ kɔkɔbɔ ama yɛ, yɛ a yɛya awieeɛ berɛ mu yi. 12 Nti nea ɔyɛ no sɛ ogyina hɔ he, ɔnhwɛ na wanhwe ase. 13 Nsɔhwɛ biaa nni hɔ a ato ho a bi ntoo nipa bi da. Na Nyankopɔn yɛ nɔkwafoɔ; na ɔmma bɛnsɔ ho nhwɛ ntra deɛ hobetumi, na mmom ho sɔhwɛ berɛ mu he obebie kwane ama ho, ama hoatumi agyina. 14 Nti adɔfoɔ, honwane mfiri abosonsom ho. 15 Mene ho kasa sɛ animdefoɔ. Honhwehwɛ nea meeka yi mu nya mu nhunumuu. 16 Nhyira kuruwaa a yehyira so he, ɔnyɛ ayɔnkoyɛ a yenya firi Kristo mogyaa he mu anaa? Na paanoo a yebubu he nso, ɔnyɛ ayɔnkoyɛ a yenya firi Kristo nipadua he mu anaa? 17 Esiane sɛ paanoo he yɛ baako nti, yɛ a yɛyɛ dodoɔ he nso yɛyɛ nipadua baako, efiri sɛ yɛ nyinaa yedi paanoo korɔ he bi. 18 Honhwɛ Israel, ɔnyɛ bɛ a bedi afɔdeɛ aduane he ne bɛ ne afɔrebokyia wɔ ayɔnkofa? 19 Afei mmɛ ne mepɛ sɛ mekyerɛ? Sɛ abosom afɔdeɛ yɛ bibi anaa sɛ bosom yɛ bibi? 20 Daabi, mekyerɛ sɛ afɔdeɛ a bɛbɔ he, bɛbɔ de ma ahonhommɔne na bɛmmɔ mma Nyankopɔn. Memmpɛ sɛ ho ne ahonhommɔne nya ayɔnkofa. 21 Honntumi nnom Nyankopɔn kuruwaa ano na honsane nnom ahonhommɔne kuruwaa nso ano. Hontumi nnidi Awurade pono so na honsane nnidi ahonhommɔne pono nso so. 22 Anaa yɛpɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yɛ ho ɔdene kyɛne no anaa? 23 “Yɛwɔ nnoɔma nyinaa ho kwane deɛ,” nso ɔnyɛ ne nyinaa ne mfasoɔ ya so ma yɛ. “Yɛwɔ nnoɔma nyinaa ho kwane deɛ,” nso ɔnyɛ ne nyinaa ne ma nkɔsoɔ. 24 Honnhwehwɛ ho nkoaa ho yiedie, na mmom honhwehwɛ afoforɔ nso deɛ. 25 Honni bibiaa a bɛtɔno no nam dwaso, na hommisabisa ho asɛm, ɔnam ho ahonim a obu ho fɔ nti, 26 na “wiase ne mu nnoɔma deɛ ahyɛ no ma nyinaa yɛ Awurade dea.” 27 Na sɛ deɛ ɔnye nni frɛ ho adidie na hopɛ sɛ hokɔ a, deɛ bɛde besi ho anim biaa he honni, na hommmisa ho asɛm, ho ahonim nti. 28 Na sɛ bi ka kyerɛ ho sɛ, bɛde yei abɔ afɔdeɛ ama bosom a, deɛ ɔkyerɛɛ ho he ne n’ahonim nti— 29 mekyerɛ foforɔ he ahonim nti, ɔnyɛ ho ahonim nti—honnni. Na mmɛ nti ne bi ahonim bu m’ahofadie ho atene? 30 Na sɛ mede aseda di a mmɛ nti ne ɔsɛ sɛ bɛkasa tia me ɔnam bibi a mada ho ase ho? 31 Nti sɛ hodidi oo, honom oo, hoyɛ bibiaa oo, honyɔ ne nyinaa nhyɛ Nyankopɔn animuonyam. 32 Honnyɔ deɛ ɔbɛto Yudafoɔ anaa Helafoɔ anaa Nyankopɔn asafo he sintidua, 33 sɛdeɛ meyɔ sɛ mɛsɔ nnipa nyinaa ani nea meyɛ biaa mu he, ɔnyɛ me nkoaa me yieyɔ nti, na mmom, nnipa nyinaa deɛ nso, sɛdeɛ bebenya nkwa. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana