1 Korintofoɔ 1 - Apam FoforɔNkyea 1 Paulo, Kristo Yesu somafoɔ a bɛnam Nyankopɔn pɛ so afrɛ no, ɔne yɛ nua Sostene, 2 twerɛ krataa yi de kɔma Nyankopɔn asafo a ɔya Korinto, ɔne bɛ a Nyankopɔn ate bɛ ho Kristo Yesu mu na wafrɛ bɛ sɛ bɛmmɛyɛ ahoteefoɔ, ɔne bɛ a bɛbɔ yɛ ne ho nyinaa Awurade Yesu Kristo dini baabiaa. 3 Adom ne asomdwie a ofiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu hɔ nka ho. Aseda 4 Meda me Nyankopɔn ase daa ma ho esiane Nyankopɔn adom a ɔde ama ho Yesu Kristo mu, 5 sɛ nnoɔma nyinaa mu hoadi yie Kristo mu, kasa ne nimdeɛ nyinaa mu— 6 sɛnea Kristo adanseɛ he atim ho mu— 7 na amma adom akyɛdeɛ biaa ammɔ ho berɛ a hootwɛne yɛ Awurade Yesu Kristo adiyie he dendenndene yi. 8 Ɔno Nyankopɔn ankasa nso bɛhyɛ ho dene akosi awieeɛ, na ho ho amma asɛm Awurade Yesu Kristo da he. 9 Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne Ba, yɛ Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa mu, he yɛ nɔkwafoɔ. Mpaepaemu a ɔya Asafo he mu 10 Afei anuanom, menam yɛ Awurade Yesu Kristo dini so ootu ho fo sɛ, ho nyinaa honya adwene korɔ; na hommma mpaepaemu mma ho mu, na mmom honka mmom adwene korɔ mu ne nsusuiɛ korɔ mu. 11 Me nuanom, asɛm he ne sɛ, Kloe fiefoɔ atia me nane so sɛ akasakasaa ya ho mu. 12 Nea mate ne sɛ ho mu bi ka sɛ, “Meya Paulo afa,” bi nso “Meya Apolo afa,” saa ara nso ne bi nso ka sɛ, “Meya Kefa afa,” anaa “meya Kristo afa.” 13 Kristo mu akyekyɛ anaa? Paulo ne bɛbɔɔ no asennuam maa ho anaa? Anaa Paulo dini mu ne bɛbɔɔ ho asu hyɛeɛ? 14 Meda Nyankopɔn ase sɛ mammɔ ho mu biaa asu ka Krispo ne Gaio ho, 15 na amma bi anka sɛ bɛabɔ no asu ahyɛ me dini mu. 16 (Ehẽẽ, afei nso mebɔɔ Stefana fiefoɔ nso asu, ɔno akyi he, mennim sɛ mebɔɔ bi foforɔ asu.) 17 Ɔnyɛ asubɔ nti ne Kristo somaa me, na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa he, ɔnyɛ kasaa mu nyansa mu, na Kristo asennua he anyɛ kwa. Kristo yɛ Nyankopɔn Nyansa ne ne Tumi 18 Na asennua he ho asɛm he yɛ nkwaseasɛm ma bɛ a bɛɛyera, na yɛ a bɛɛgye yɛ nkwa he deɛ, ɔyɛ Nyankopɔn tumi ma yɛ; 19 efiri sɛ, bɛatwerɛ sɛ: “Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mama animdefoɔ nimdeɛ ayɛ kwa.” 20 Na afei nyansani ya he? Twerɛfoɔ ya he? Wiase yi kyinnyefoɔ nso ya he? Nti Nyankopɔn nnanee wiase nyansa nkwaseasɛm anaa? 21 Na esiane sɛ, Nyankopɔn nyansa mu he wamma nnipa amfa wiase nyansa so anhu no nti, ɔsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛfa asɛnka he nkwaseasɛm so agye bɛ a bɛgye di he nkwa. 22 Na Yudafoɔ bisa nsɛnkyerɛnne; ne Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa. 23 Na yɛ deɛ, yɛka Kristo a bɛbɔɔ no asennuam he ho asɛm, ɔyɛ sintidua ma Yudafoɔ na ɔyɛ nkwaseasɛm ma Helafoɔ; 24 nso bɛ a bɛafrɛ bɛ he deɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, Kristo yɛ Nyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa ma bɛ; 25 efiri sɛ nyansa ya Nyankopɔn nkwaseasɛm mu kyɛne nnipa nyansa, na Nyankopɔn mmerɛyɛ mu wɔ ahoɔdene kyɛne nnipa. 26 Anuanom, hoaa hoahu no hofrɛ he mu sɛ ɔnyɛ honam fam anyansafoɔ, na ɔnyɛ atumfoɔ anaa adehyeɛ ne ɔfrɛɛ bɛ; 27 na Nyankopɔn fa deɛ wiase bu no sɛ nkwaseadeɛ de hyɛ anyansafoɔ aniwuo; Nyankopɔn fa deɛ ɔmmerɛ wiase de hyɛ ahoɔdenfoɔ aniwuo. 28 Na Nyankopɔn fa wiase yi mu adeɛ a ɔnsɛ hwee ne nea bebu no animtia, nnoɔma a onni hɔ de brɛ deɛ ɔya hɔ he ase, 29 sɛ ɔbɛyɔ a biaa ɔnhoahoa ne ho Nyankopɔn anim. 30 Nyankopɔn yɛ ho nkwa a howɔ no Kristo Yesu mu he farebae. Na Yesu Kristo yi ne bɛyɛɛ nyansadeɛ a ofiri Nyankopɔn hɔ maa yɛ he, ɔno ne tenenee ne ahoteɛ ne gyeɛ, 31 sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Ma deɛ ɔhoahoa ne ho he, nhoahoa ne ho Awurade mu.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana