Yosua 8 - KYERƐW KRONKRONWodi Ai so nkonim 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma wo bo nntu. Fa akofo dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai. Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kurow ne n’asase mahyɛ wo nsa. 2 Na yɛ Ai ne ne hene sɛnea woyɛɛ Yeriko ne ne hene no; emu asade ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛwfo ma wɔnkɔtɛw kurow no akyi mma wo. 3 Na Yosua sɔree, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa, sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofo ɔpeduasa, na ogyaa wɔn kwan anadwo. 4 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, monkɔtɛw kurow no, kurow no akyi noho; mommma mo ne kurow no ntam nnware bebree, na mo nyinaa nnyina ahoboa mu. 5 Na me de, me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa betwiw abɛn kurow no; na sɛ wofi adi behyia yɛn sɛ kan no a, yebeguan afi wɔn anim; 6 na wobefi adi adi yɛn akyi akosi sɛ yɛbɛtwe wɔn afi kurow no ho; na wɔbɛka sɛ: Wɔreguan afi yɛn anim sɛ kan no; enti yebeguan afi wɔn anim. 7 Na mo de, monsɔre mfi ɔtɛw no mu, na momfa kurow no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa. 8 Na sɛ munya fa kurow no a, monto kurow no mu gya; monyɛ no sɛnea AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, ɔhyɛ na mahyɛ mo no. 9 Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wosiim kɔtɛwee; na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔe fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no. 10 Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanyimfo foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai. 11 Na akofo dɔm a wɔka ne ho nyinaa foro kɔe, na wotwiw bɛnee, na woduu kurow no ntentenso, na wɔbɔɔ nsra Ai benkum fam, na obon wɔ wɔn ne Ai ntam. 12 Na ɔde nnipa bɛyɛ sɛ mpemnum kɔtetɛw Betel ne Ai ntam, kurow no atɔe fam. 13 Na wɔde dɔm no sisii, ɛdɔm a wɔwɔ kurow no benkum fam ne akyiri tɛwfo no a ɛwɔ kurow no atɔe fam no nyinaa; na Yosua kɔɔ obon no mu anadwo no ara; 14 na Ai hene hui no, ɔne ne man nyinaa ne kurow no mu mmarima no, yɛɛ ntɛm tuaa ahema kɔɔ nea wɔahyɛ hɔ, tataw no anim, sɛ wɔrebehyia Israel ne wɔn ako; nso na onnim sɛ wɔtɛw no kurow no akyi. 15 Na Yosua ne Israel nyinaa ma wɔpam wɔn wɔn anim, na woguan faa sare so kwan so. 16 Ɛnna wɔteɛɛm frɛɛ ɔman a wɔwɔ kurow no mu nyinaa sɛ wommetiw wɔn; na wotiw Yosua, na wɔtwee wɔn fii kurow no ho. 17 Na ɔbarima biara anka Ai ne Betel a wamfi adi ankodi Israel akyi; na wogyaw kurow no maa ano daa hɔ kodii Israel akyi. 18 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Teɛ peaw a ɛwɔ wo nsam no kyerɛ Ai, na mede mɛhyɛ wo nsa. Na Yosua teɛɛ ne peaw a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ kurow no. 19 Ɛnna atɛwfo no sɔree ntɛm fii wɔn afa hɔ, na ɔteɛɛ ne nsa no, wotutuu mmirika kɔhyɛn kurow no mu na wɔfae, na wɔyɛɛ ntɛm de ogya too kurow no mu. 20 Na Ai mmarima no dannan wɔn ani hwɛɛ wɔn akyi no, na hwɛ, kurow no mu wusiw retu kɔ ɔsoro, na wonnya ɔkwan nguan nkɔ ha anaa ha. Na nnipa a woguan kɔɔ sare so no dannan wɔn ho behyiaa atiwfo no. 21 Na Yosua ne Israel nyinaa hui sɛ atɛwfo no afa kurow no, na kurow no mu wusiw retu kɔ ɔsoro no, wɔsan wɔn akyi bekunkum Ai mmarima no. 22 Na eyinom nso fii adi fii kurow no mu behyiaa wɔn, na wɔtɔɔ Israel ntam, eyinom wɔ ha, na eyinom nso wɔ ha; na wokunkum wɔn ara kosii sɛ wɔn mu nnikanfo anaa oguanfo biara anka. 23 Na Ai hene no, wɔkyeree no animono, na wɔde no brɛɛ Yosua. 24 Na Israel wiee Aifo nyinaa kum wɔ sare so petee mu, faako a wotiw wɔn no, na wɔn nyinaa totɔe nkrante ano kosii sɛ wɔsae no, Israel nyinaa san kɔɔ Ai, de nkrante kokunkum wɔn. 25 Na nnipa a wɔtotɔe da no nyinaa, mmarima ne mmea, si mpem dumien, Aifo nyinaa. 26 Na Yosua antwe ne nsa a ɔde teɛɛ ne peaw no de kosii sɛ wɔsɛee Aifo nyinaa pasaa. 27 Kurow no mu mmoa ne asade nko na Israel fom fae, sɛ AWURADE asɛm a ɔde hyɛɛ Yosua no te no. 28 Na Yosua hyew Ai na ɔyɛɛ no daa amamfo siw de besi nnɛ. 29 Na Ai hene no de, ɔsɛn no dua so kosii anwummere; na owia kɔtɔe no, Yosua hyɛe sɛ wonkoyi ne funu no mfi dua no so, na wɔde no too kurow no pon ano, na wɔhɔree no so abosiw kɛse a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. Yosua si afɔremuka, na ɔkyerɛw mmara no gu abo so 30 Ɛnna Yosua kosii afɔremuka maa AWURADE, Israel Nyankopɔn, Ebal bepɔw so, 31 sɛnea AWURADE akoa Mose hyɛɛ Israelfo no, sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara nhoma no mu no, afɔremuka a wɔde abo amuamu a obi mmaa dade so wɔ so pɛn asi; na wɔbɔɔ so ɔhyew afɔre maa AWURADE, na wokunkum asomdwoe afɔre. 32 Na abo no so hɔ na ɔkyerɛw Mose mmara ntimu a ɔkyerɛwee Israelfo anim no. 33 Na Israel nyinaa ne wɔn mpanyimfo ne ahwɛfo ne wɔn atemmufo gyinaa adaka no ho ha ne ha, asɔfo, Lewifo a wɔso AWURADE apam adaka no anim, ɔhɔho ne ɔman ba nyinaa; wɔn fa wɔ Gerisim bepɔw ntentenso, na ɔfa nso wɔ Ebal bepɔw ntentenso, sɛnea AWURADE akoa Mose hyɛe sɛ wonhyira ɔman Israel kan no. 34 Na ɛno akyi no, ɔkenkan mmara mu nsɛm no nyinaa, nhyira no ne nnome no, sɛnea wɔakyerɛw nhoma no mu nyinaa. 35 Nea Mose hyɛɛ no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a, Yosua ankenkan Israel guabɔ nyinaa, ne mmea, mmofra ne ɔhɔho a, ɔnam wɔn mu no anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana