Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 6 - KYERƐW KRONKRON


Yeriko tua

1 Na Yeriko de, wɔato mu na wɔabram ano Israelfo no anim. Obi mfi adi, na obi mma mu.

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofofo no mahyɛ wo nsa.

3 Na muntwa kurow no ho nhyia; akofo no nyinaa ntwa ho nhyia pɛnkoro. Saa na yɛ nnansia.

4 Na asɔfo baasɔn nkurakura osebɔ ntorobɛnto ason mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛto so ason no, muntwa kurow no ho nhyia mpɛn asɔn, na asɔfo no nhyɛn ntorobɛnto no.

5 Na sɛ wɔhyɛn osebɔ abɛn no na mote torobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛse, na kurow no ho fasu no bɛhwe fam burum, na ɔman no mforo nkokɔ wɔn anim tee.

6 Na Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsoa apam adaka no, na asɔfo baasɔn nkurakura osebɔ ntorobɛnto nni AWURADE adaka no anim.

7 Na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsen nkotwa kurow no ho nhyia, na wɔn a wɔamia no nsen nni AWURADE adaka no anim.

8 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no no, asɔfo baasɔn a wokurakura osebɔ ntorobɛnto no sen dii AWURADE anim na wɔhyɛn ntorobɛnto no, na AWURADE apam adaka no dii wɔn akyi.

9 Na wɔn a wɔamia no dii asɔfo a wɔhyɛn ntorobɛnto no anim, na kyidɔm no dii adaka no akyi; wɔnam na wɔhyɛn ntorobɛnto no ara.

10 Na ɔman no de, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmɔ ose, na mommma wɔnnte mo nne, na asɛm bi mmfi mo anom kosi da a mese mo sɛ mommɔ ose no ansa na mommɔ ose.

11 Na AWURADE adaka no twaa kurow no ho hyiae pɛnkoro, na wɔbaa nsra mu bɛdaa hɔ.

12 Na Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfo no soaa AWURADE adaka no;

13 na asɔfo baasɔn no kurakura osebɔ ntorobɛnto ason no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔhyɛn ntorobɛnto no.

14 Na da a ɛto so abien no, wotwaa kurow no ho hyiae pɛnkoro, na wɔsan baa nsra no mu. Wɔyɛɛ saa nnansia.

15 Na da a ɛto so ason no, ade rekye pɛ, wotuaa ahema sɔree ntɛm, na wotwaa kurow no ho hyiae saa ara mpɛn asɔn; da no nko na wotwaa kurow no ho hyiae mpɛn ason.

16 Na nea ɛto so ason no so a asɔfo no rehyɛn ntorobɛnto no no, Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommɔ ose, efisɛ AWURADE de kurow no ama mo.

17 Na kurow no ne emu ade nyinaa nyɛ nea AWURADE de ne nsa ato so ama ɔsɛe; aguaman Rahab nko na onnya nkwa, ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn ne ne fi nyinaa, efisɛ ɔno na ɔde abɔfo a yɛsomaa wɔn no hintawee.

18 Mo ho yiye ara na monhwɛ nea AWURADE de ne nsa ato so no ho, na moamfa bi, na moamfa Israel nsra no amfa nea AWURADE de ne nsa ato so no amma amane amma so.

19 Na dwetɛ ne sika, ne kɔbere ne dade nneɛma nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE, na wɔmfa mmra AWURADE adekorabea.

20 Ɛnna ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛn ntorobɛnto no. Na ɔman no tee ntorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛse, na ɔfasu no hwee fam burum, na ɔman no foro kɔɔ kurow no mu, wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn anim tee, na wɔfaa kurow no.

21 Na wɔde nkrante sɛee nea ɛwɔ kurow no mu nyinaa pasaa, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, anantwi ne nguan ne mfurum.

22 Na mmarima baanu a wɔkɔsraa ase no de, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ ɔbea aguaman no fi nkɔfa ɔbea no ne nea ɔwɔ nyinaa mfi hɔ, sɛnea mokaa no ntam no.

23 Na mmerante akwansrafo no kɔe, na wɔde Rahab ne n’agya ne ne na ne ne nuanom ne nea ɔwɔ nyinaa fi bae, na wɔde n’abusua nyinaa fii adi begyaw wɔn Israel nsra no akyi.

24 Na kurow no de, wɔde ogya hyewee, ɛne nea ɛwɔ mu nyinaa; emu dwetɛ ne sika, ne kɔbere ne dade nneɛma nko na wɔde beguu AWURADE fi adekorabea no mu.

25 Na aguaman Rahab ne n’agya fi ne nea ɔwɔ nyinaa de, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de besi nnɛ, efisɛ ɔde abɔfo a Yosua soma ma wɔkɔsraa Yeriko no hintawee.

26 Na Yosua kaa ntam saa bere no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekye Yeriko kurow yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ ase, na ɔde ne ba akumaa na ebesisi ano apon.

27 Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan