Yosua 5 - KYERƐW KRONKRON1 Na Amorifo ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔe fam no nyinaa ne Kanaan ahene a wɔwɔ po ano no nyinaa tee sɛ AWURADE ayow Yordan nsu Israelfo no anim akosi sɛ wotwae no, wɔn koma tui a ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfo no anim. Ɔman no twetiatwa ne Twam afahyɛ 2 Ɛbere no ara mu na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛ twɛrebo asekan, na san twitwa Israelfo no twetia a ɛto so abien. 3 Na Yosua yɛɛ twɛrebo asekan de twitwaa Israelfo no twetia Aralot koko so. 4 Na nea enti a Yosua twitwaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman no a wofi Misraim bae no mu mmarima nyinaa, akofofo no nyinaa wuwui ɔkwan mu wɔ sare no so, bere a wofi Misraim reba no. 5 Na ɔman a wofi Misraim bae no nyinaa, wɔatwitwa wɔn twetia, nanso ɔman no a wɔwoo wɔn ɔkwan mu wɔ sare no so, bere a wofi Misraim reba no nyinaa de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ. 6 Na mfirihyia aduanan na Israelfo no nantew sare so kosii sɛ akofo a wofi Misraim bae no nyinaa sae korakora, efisɛ wɔantie AWURADE nne ma AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. 7 Na wɔn mma na ɔma wɔsɔre sii wɔn ananmu; wɔn na Yosua twitwaa wɔn twetia, na wɔyɛ momonoto, efisɛ wɔantwitwa wɔn twetia ɔkwan no mu. 8 Na wowiee ɔman mu no nyinaa twetiatwa no, wɔtenaa wɔn tenabea hɔ nsra no mu kosii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn. 9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ mapirew Misraim nsopa afi mo so. Ɛno nti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Gilgal de besi nnɛ yi ara. 10 Na Israelfo no bɔɔ nsra Gilgal, na wodii Twam no, ɔsram no da a ɛto so dunan no anwummere, Yeriko tataw so. 11 Na Twam no adekyee no, da no ara na wodii asase no so aduan, apiti ne nkyewe, da a wodii asase no so aduan no, adekyee no ara, na mana no to twae. 12 Na Israelfo no annya bi bio, afei wodii Kanaan asase no so nnɔbae afe no ara mu. Onyankopɔn bɔfo no 13 Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentenso kura nkrante a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn afa na wowɔ anaa yɛn atamfo afa? 14 Na ose: Daabi, na afei na maba sɛ AWURADE dɔm so safohene. Na Yosua de n’anim butuw fam sɔree no, na obisaa no sɛ: Ɛdɛn na me wura reka akyerɛ n’akoa? 15 Na AWURADE dɔm so safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi wo mpaboa fi wo nan, na nea wugyina hɔ yɛ kronkron. Na Yosua yɛɛ saa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana