Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 4 - KYERƐW KRONKRON


Wosi nkae dum

1 Na ɔman mu no nyinaa twaa Yordan wiei no, AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:

2 Munyiyi ɔman no mu mmarima dumien, abusuakuw biara mu onipa biako,

3 na monhyɛ wɔn sɛ: Montase abo dumien mfi Yordan mfinimfini ha mfi nea asɔfo no anan gyinae pintinn hɔ, na momfa ntwa, na munkogyaw wɔ mo asoɛe a mobɛsoɛ hɔ anadwo yi.

4 Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumien a ɔpaw wɔn fii Israelfo mu no, abusuakuw biara mu onipa biako.

5 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsen nni AWURADE mo Nyankopɔn adaka no anim nkɔ Yordan mfinimfini, na montase abo mmiako mmiako mmobɔ mo kɔn ho, sɛ Israelfo mmusuakuw no ano si, na eyi ayɛ mo mu sɛnkyerɛnne.

6 Sɛ mo mma bisa mo ɔkyena bi sɛ: Mode abo yi kyerɛ dɛn a?

7 Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsu no twae, AWURADE apam adaka no anim bere a apam adaka no twaa Yordan no, na abo yi nyɛ nkae mma Israelfo nkosi daa.

8 Na Israelfo no yɛɛ saa, sɛnea Yosua hyɛe no, na wɔtasee abo dumien Yordan mu, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Yosua no, sɛ Israelfo mmusuakuw no ano si, na wɔde twa baa wɔn asoɛe, na wogyawee wɔ hɔ.

9 Na Yosua momaa abo dumien nso so sisii Yordan mu, nea asɔfo a wɔso apam adaka no anan sisii hɔ, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.

10 Na asɔfo a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kosii sɛ wowiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa, sɛnea Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.

11 Na ɔman no nyinaa wiee otwa no, na AWURADE adaka no nso twae, na asɔfo no kodii ɔman no anim.

12 Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuw fa no kɔɔ amia mu twa kodii Israelfo no anim, sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no,

13 nnipa bɛyɛ ɔpeduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na etwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko tataw so.

14 Da no ara na AWURADE pagyaa Yosua, Israel nyinaa ani so, na wosuroo no sɛnea wosuroo Mose no, ne nkwa nna nyinaa.

15 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:

16 Hyɛ asɔfo a wɔso adanse adaka no, na wɔmforo mfi Yordan mu mmra.

17 Na Yosua hyɛɛ asɔfo no sɛ: Momforo mfi Yordan mu mmra.

18 Na asɔfo a wɔso AWURADE apam adaka no foro fii Yordan mu na asɔfo no anammɔn besii asase kesee so ara pɛ, na Yordan mu nsu no san baa n’afa, na ɛbɛsram ne kɔn so nyinaa sɛ ɛte kan no.

19 Na ɔman no foro fii Yordan mu ɔsram a edi kan no da a ɛto so du, na wɔkɔbɔɔ nsra Gilgal, Yeriko apuei hye so.

20 Na abo dumien a wɔtase fii Yordan mu no, Yosua de sisii Gilgal.

21 Na ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Sɛ ɔkyena bi mo mma bisa wɔn agyanom sɛ: Abo yi kyerɛ dɛn a?

22 Ɛno na momma wonhu sɛ asase kesee so na Israel fae de twaa Yordan yi,

23 sɛ AWURADE mo Nyankopɔn yow Yordan nsu no mo anim kosii sɛ mutwae, sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn yɛɛ Mmɛw-Po no a ɔyow no yɛn anim kosii sɛ yetwae no,

24 na asase so aman nyinaa nhu AWURADE basa a emu yɛ den, na moasuro AWURADE mo Nyankopɔn nna nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan