Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 3 - KYERƐW KRONKRON


Wotwa Yordan

1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wotu fii Sitim, na woduu Yordan ano, ɔno ne Israelfo nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wotwae.

2 Na nnansa wiee du no, ahwɛfo no kyinii nsra no mu

3 kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ muhu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewi asɔfo a wɔso no a, mo nso muntu mfi nea mowɔ hɔ, na munni akyiri;

4 nanso munsusuw ɔkwan bɛyɛ sɛ basafa apem nto mo ne no ntam, mommmɛn no, sɛnea ɛbɛyɛ na moahu ɔkwan ko a mobɛfa so, efisɛ momfaa ɔkwan yi so pɛn.

5 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Montew mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu.

6 Na Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: Monsoa apam adaka no nsen nni ɔman no anim. Na wɔsoaa apam adaka no dii ɔman no anim.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mefi ase mayɛ wo kɛse Israel nyinaa ani so, na wɔahu sɛ, sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi.

8 Na wo de, hyɛ asɔfo a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ mudu Yordan nsu no ano a, munnyina Yordan mu.

9 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Muntwiw mmra ha, na muntie AWURADE mo Nyankopɔn nsɛm.

10 Ɛnna Yosua kae sɛ: Eyi na mode behu sɛ Onyankopɔn teasefo no wɔ mo mu, na ɔpam na ɔbɛpam Kanaanfo ne Hetifo ne Hewifo ne Perisifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Yebusifo no afi mo anim.

11 Hwɛ, asase nyinaa wura apam adaka no redi mo anim akɔ Yordan mu.

12 Na afei momfa mmarima dumien mfi Israel mmusuakuw no mu, abusuakuw biara mu nipa biako.

13 Na sɛ asɔfo a wɔso Awurade, asase nyinaa wura no, adaka no anammɔn ka Yordan nsu no ara pɛ a, Yordan mu nsu a esian fi atifi ba no betwa, na abɔ kuw agyina hɔ.

14 Na ɔman no tu fii wɔn ntamadan mu sɛ wɔrekotwa Yordan, na asɔfo a wɔso apam adaka no dii ɔman no anim,

15 na asɔfo a wɔso adaka no duu Yordan ano, na wɔn anan sii nsu no mu ara pɛ

16 na nsu a efi atifi ba no gyinae bɔɔ kuw biako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsu a esian kɔ tataw mu po a ɛne Nkyene-Po no mu no twa wiei koraa. Na ɔman no twae Yeriko ntentenso.

17 Nso na Yordan ayiri asram ne kɔn so awitwabere na asɔfo a wɔso apam adaka no gyinaa asase kesee so Yordan mfinimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase kesee so twae de kosii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan