Yosua 24 - KYERƐW KRONKRONMmusuakuw no ti wɔn apam no mu 1 Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuw no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanyimfo ne wɔn atitiriw ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na wobegyinaa Onyankopɔn anim. 2 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no se ni: Asuogya na mo agyanom, Abraham n’agya ne Nahor agya Tera tenae fi teteete, na wɔsom anyame foforo. 3 Na mefaa mo agya Abraham mifii asuogya hɔ, na mema okyin Kanaan asase nyinaa so, na memaa n’asefo dɔe, na memaa no Isak. 4 Na Isak nso, memaa no Yakob ne Esau; na mede Seir bepɔw memaa Esau sɛ onni so; na Yakob ne ne mma sian kɔɔ Misraim. 5 Na mesomaa Mose ne Aaron, na mehaw Misraim, sɛnea meyɛɛ wɔ mu no, na akyiri no miyii mo fii hɔ. 6 Na miyii mo agyanom fii Misraim no, mobaa po no ano; na Misraimfo de nteaseɛnam ne apɔnkɔfo tiw mo agyanom baa Mmɛw-Po no ho; 7 na wosu frɛɛ AWURADE, na ɔde esum kabii too mo ne Misraimfo no ntam, na ɔmaa ɛpo no baa wɔn so bɛkataa wɔn so. Na mo aniwa huu nea meyɛɛ Misraim, na motenaa sare so nna pii. 8 Na mede mo baa Amorifo a wɔte Yordan agya no asase so, na wɔne mo koe, na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa, na mudii wɔn asase no so, na mesɛee wɔn fii mo anim. 9 Ɛnna Moab hene Sipor ba Balak sɔree ne Israel bɛkoe, na ɔsoma kohyiaa Beor ba Bileam sɛ ɔmmɛdome mo; 10 na mampene sɛ metie Bileam, na nhyira na ohyiraa mo, na miyii mo ne nsam. 11 Na mutwaa Yordan baa Yeriko, na Yerikofo ne mo koe, ne Amorifo ne Perisifo ne Kanaanfo ne Hetifo ne Girgasifo ne Hewifo ne Yebusifo; na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa. 12 Na mesomaa nkotokurodu dii mo anim ma wɔpam wɔn fii mo anim, Amorifo ahene baanu no, ɛnyɛ wo nkrante so na ɛnyɛ wo tadua so. 13 Na memaa mo asase a moammrɛ ho ne nkurow a moankyekye, na motenaa mu; bobe nturo ne ngodua nturo nso a moantɛw na mudi yi. Apam no ntimu 14 Na afei munsuro AWURADE na monsom no mudi ne nokware mu, na mompa anyame a mo agyanom somee, asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE. 15 Na sɛ ɛnyɛ mo pɛ sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnne ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: Sɛ anyame a mo agyanom somee a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifo a mote wɔn asase so yi anyame oo, na me ne me fi de, yɛbɛsom AWURADE. 16 Na ɔman no gyee so sɛ: Eyi mpare yɛn sɛ yebegyaw AWURADE akɔsom anyame foforo. 17 Efisɛ AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, ɔno ne nea oyii yɛn ne yɛn agyanom Misraim asase so fii nkoafi bae, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne akɛse yi yɛn anim, na ɔhwɛɛ yɛn ɔkwan a yɛnam so no nyinaa mu ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu. 18 Na AWURADE apam aman no nyinaa ne Amorifo a wɔte asase no so no afi yɛn anim: Yɛn nso yɛbɛsom AWURADE, na ɔno ne yɛn Nyankopɔn. 19 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Morentumi nsom AWURADE, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron, Onyankopɔn ninkufo ne no, ɔremfa mo mmarato ne mo bɔne nkyɛ mo. 20 Sɛ mugyaw AWURADE na mokɔsom ananafo anyame a, ɔbɛdan ayɛ mo bɔne na wama moahyew, sɛ ɔyɛɛ mo yiye kan no. 21 Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Daabi, na AWURADE ara na yɛbɛsom no. 22 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo ara ne mo ho adansefo sɛ mo ara moapaw AWURADE afa sɛ mobɛsom no. Na wɔkae sɛ: Adansefo ne yɛn. 23 Na afei montotow amannɔne anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnannan mo koma mma AWURADE mo Nyankopɔn. 24 Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛbɛsom no, na ne nne na yebetie. 25 Ɛnna Yosua ne ɔman no pamee da no ara, na ɔmaa wɔn ahyɛde ne atemmude wɔ Sekem. 26 Na Yosua kyerɛw nsɛm yi hyɛɛ Onyankopɔn mmara nhoma no mu, na ɔde ɔbo kokuroo sii hɔ wɔ okum dua a esi AWURADE kronkronbea no ase. 27 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔbo yi nni yɛn adanse, na ɛno na ate AWURADE nsɛm a ɔne yɛn kaa no nyinaa; na enni mo adanse, na moampa mo Nyankopɔn akyi. 28 Ɛnna Yosua gyaa ɔman no kwan maa wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn agyapade so. Yosua ne Eleasar wu 29 Na nsɛm no akyi no, Nun ba Yosua, AWURADE akoa no, wui, na wadi mfirihyia ɔha ne du. 30 Na wosiee no n’asase mu, Timnat-sera a ɛwɔ Efraim bepɔw so wɔ Gaas bepɔw benkum fam. 31 Na Israel somm AWURADE. Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanyimfo a wonyin kyɛe Yosua akyi nyinaa na wohuu AWURADE nnwuma a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ. 32 Na Yosef nnompe a Israelfo de fi Misraim bae no, wɔkoraa wɔ Sekem, asase a Yakob tɔ fii Sekem agya Hamor mma nsam maa nnwetɛbona ɔha no mu, na ɛyɛɛ Yosef mma agyapade. 33 Na Aaron ba Eleasar nso wui, na wɔkoraa no Gibea, ne ba Pinehas kurow a wɔde maa no, Efraim bepɔw so no mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana