Yosua 22 - KYERƐW KRONKRONAdanse afɔremuka no 1 Ɛnna Yosua frɛɛ Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no, 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo de, moadi nea AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo no nyinaa so, na moatie me, nea mehyɛɛ mo no nyinaa mu. 3 Moannyaw mo nuanom nna dodow yi de abedu nnɛ da yi, na moahwɛ AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm no adi so. 4 Na afei AWURADE mo Nyankopɔn de mo nuanom atena ase dwoodwoo, sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no; enti monsan nkɔ mo ntamadan mu, mo agyapade asase a AWURADE akoa Mose de maa mo Yordan agya no so. 5 Na mo ho yiye nko na monhwɛ, na munni ahyɛde ne mmara a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo no so, na monnɔ AWURADE mo Nyankopɔn, na monnantew n’akwan nyinaa so, na mummu ne mmara nsɛm, na momfam ne ho na monsom no mo koma nyinaa ne mo kra nyinaa mu. 6 Na Yosua hyiraa wɔn, na ogyaa wɔn kwan, na wosiim kɔɔ wɔn ntamadan mu. 7 Na Manase abusuakuw fa no, Mose de wɔn de maa wɔn Basan, na ɔfa no nso, Yosua de wɔn de maa wɔn wɔn nuanom mu, Yordan agya atɔe hɔ. Na Yosua regya wɔn kwan akɔ wɔn ntamadan mu no, ohyiraa wɔn, 8 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa nneɛma bebree nsan nkɔ mo ntamadan mu, mmoa bebree pa ne dwetɛ ne sika ne kɔbere ne dade ne ntama bebree pa ara, mo ne mo nuanom nkyekyɛ mo atamfo asade no mu. 9 Na Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no fii Israelfo no nkyɛn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so san wɔn akyi sɛ wɔrekɔ Gilead asase so, wɔn sodi asase a wɔnam AWURADE ahyɛde a ɛnam Mose so no so de maa wɔn no. 10 Na woduu Yordan ho asase a ɛwɔ Kanaan asase so no so no, Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no sii afɔremuka hɔ wɔ Yordan ano, afɔremuka a wohwɛ a, ɛso. 11 Na Israelfo no tee sɛ wɔka sɛ: Hwɛ, Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no asi afɔremuka wɔ Kanaan asase no anim, Yordan ho asase no so, ɔfa a ɛyɛ Israelfo de no so. 12 Na Israelfo no tee no, wɔboaboaa Israelfo asafo no nyinaa ano Silo, sɛ wɔretu wɔn so sa. 13 Na Israelfo no somaa ɔsɔfo Eleasar ba Pinehas kɔɔ Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no nkyɛn Gilead asase so, 14 na wɔde mmapɔmma du kaa ne ho, Israel mmusuakuw no mu biara mu bapɔmma biako; na wɔn mu biara yɛ ne mpanyimfi ti, Israel mpem no mu. 15 Na woduu Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no nkyɛn Gilead asase so, na wɔne wɔn kasae sɛ: 16 Sɛ AWURADE asafo no nyinaa se ni: Ɔfom bɛn na mode afom Israel Nyankopɔn yi sɛ nnɛ moadan mo ho afi AWURADE akyi, na moasi afɔremuka afa, na moatew AWURADE anim atua nnɛ yi! 17 So Peor mfomso a yennya nnwiraa yɛn ho mfii mu de besi nnɛ yi na ɔhaw baa AWURADE asafo so no nnɔɔ yɛn so? 18 Na mo de, nnɛ moresan afi AWURADE akyi? Na moretew AWURADE anim atua nnɛ yi, ɔkyena ne bo befuw Israel asafo no nyinaa. 19 Nanso sɛ mo sodi asase no ho agu fi a, ɛnne muntwa mmra AWURADE sodi asase a AWURADE tenabea si hɔ no so na mommɛfa asase nni so wɔ yɛn mu; na AWURADE anim atua na monntew, na yɛn anim atua nso monntew, mo afɔremuka a musi kaa AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔremuka no ho mu. 20 So ɛnyɛ Serah ba Akan na ɔfomee ahyirade no mu, na abufuw baa Israel asafo no nyinaa so? Nso ɛnyɛ ɔno nko na ɔsɛee, ne mfomso no mu. 21 Na Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no gyee so ka kyerɛɛ Israel mpem mu atitiriw no sɛ: 22 AWURADE, Otumfo Nyankopɔn, ɔno na onim, na Israel nso: Nhu sɛ yɛyɛɛ no atuatew mu anaa AWURADE fom mu, yɛyɛe a, nnye yɛn nkwa nnɛ! 23 Sɛ yesii afɔremuka sɛ yɛresan afi AWURADE akyi anaasɛ yɛrebɔ so ɔhyew afɔre anaa aduan afɔre anaasɛ yɛrebɔ so asomdwoe afɔre a, ɛnne AWURADE mmebisa yɛn. 24 Na ɛyɛ osuro ne asɛm bi nti na yɛyɛɛ saa, efisɛ yese: Ɔkyena bi mo mma bɛka akyerɛ yɛn mma sɛ: Ɛdɛn na mo ne AWURADE Israel Nyankopɔn no wɔ yɛ? 25 Na ɔhye na AWURADE de Yordan yɛɛ yɛn ne mo Rubenfo ne Gadfo ntam, munni kyɛfa bi wɔ AWURADE mu. Na mo mma bɛma yɛn mma agyae AWURADE suro. 26 Enti na yɛkae sɛ: Momma yensi afɔremuka mfa, ɛnyɛ ɔhyew afɔre na ɛnyɛ okum afɔre nti, 27 na mmom sɛ ɛnyɛ yɛn ne mo ne yɛn awo ntoatoaso a wɔbɛba yɛn akyi no ntam adanse sɛ yɛde yɛn hyew afɔre ne yɛn kum afɔre ne yɛn asomdwoe afɔre bɛsom AWURADE som no, n’anim, na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: Munni AWURADE mu kyɛfa bi! 28 Na yese: Sɛ ɔkyena bi wɔka kyerɛ yɛn anaa yɛn awo ntoatoaso saa a, yɛbɛka sɛ: Monhwɛ AWURADE afɔremuka no sɛso a yɛn agyanom yɛe, ɛnyɛ ɔhyew afɔre nti, na ɛnyɛ okum afɔre nti, na ɛne yɛn ne mo ntam dansefo. 29 Eyi mpare yɛn sɛ yɛbɛtew AWURADE anim atua, na yɛadan yɛn ho nnɛ afi AWURADE akyi, na yɛasi afɔremuka abɔ so ɔhyew afɔre, aduan afɔre ne okum afɔre aka AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔremuka a ɛwɔ ne tenabea no anim no ho. 30 Na ɔsɔfo Pinehas ne asafo no mmapɔmma ne Israel mpem atitiriw a wɔka ne ho no tee nsɛm a Rubenfo ne Gadfo ne Manasefo no kaa no, ɛsɔɔ wɔn ani. 31 Na ɔsɔfo Eleasar ba Pinehas ka kyerɛɛ Rubenfo ne Gadfo ne Manasefo no sɛ: Ɛnnɛ na yɛahu sɛ AWURADE wɔ yɛn mu, sɛ moamfa ɔfom yi amfom AWURADE. Afei moayi Israelfo AWURADE nsam. 32 Ɛnna ɔsɔfo Eleasar ba Pinehas ne mmapɔmma no san wɔn akyi fii Rubenfo ne Gadfo no nkyɛn, Gilead asase so, baa Kanaan asase so Israel mma no nkyɛn, na wɔbɛbɔɔ wɔn amanneɛ. 33 Na asɛm no sɔɔ Israelfo ani, na wohyiraa Israelfo Nyankopɔn no; na wɔanka bio sɛ wɔretu wɔn so sa akɔsɛe asase a Rubenfo ne Gadfo te so no. 34 Na Rubenfo ne Gadfo no too afɔremuka no din: Adanse, efisɛ wose: Ɛyɛ yɛn ntam dansefo sɛ AWURADE ne Nyankopɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana