Yosua 21 - KYERƐW KRONKRONLewifo nkurow 1 Na Lewifo agyanom atitiriw baa ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israelfo mmusuakuw agyanom atitiriw nkyɛn, 2 na wɔka kyerɛɛ wɔn Silo, Kanaan asase so sɛ: AWURADE nam Mose so hyɛe sɛ wɔmma yɛn nkurow ntena mu, ne ɛho mfikyisaase mma yɛn mmoa. 3 Na Israelfo de wɔn agyapade mu nkurow yi ne ɛho mfikyisaase maa Lewifo, sɛnea AWURADE hyɛe no. 4 Na ntonto no bae maa Kehatfo mmusua, na ɔsɔfo Aaron mma a wofi Lewifo mu no nam ntonto so nyaa Yuda abusuakuw ne Simeon abusuakuw ne Benyamin abusuakuw mu nkurow dumiɛnsa. 5 Na Kohatfo a wɔkae no nam ntonto so nyaa Efraim abusuakuw mmusua ne Dan abusuakuw ne Manase abusuakuw fa no mu nkurow du. 6 Na Gerson mma nam ntonto so nyaa Isakar abusuakuw mmusua ne Aser abusuakuw ne Naftali abusuakuw ne Manase abusuakuw fa a ɛwɔ Basan no mu nkurow dumiɛnsa. 7 Merari mma, sɛ wɔn mmusua te no, wonyaa Ruben abusuakuw ne Gad abusuakuw ne Sebulon abusuakuw mu nkurow dumien. 8 Na Israelfo nam ntonto so de nkurow yi ne ɛho mfikyisase maa Lewifo, sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe no. 9 Na wɔde Yudafo abusuakuw ne Simeonfo abusuakuw mu nkurow a wɔbɛbobɔ din yi mae. 10 Na ɛba maa Aaron mma a wofi Kehatfo mmusua mu, Lewifo mu no, efisɛ wɔn de ne ntonto a edi kan no. 11 Na wɔde Kiriat-arba, Anak agya no kurow a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔw so ne ɛho mfikyisase a etwa ho hyia no maa wɔn. 12 Na kurow no ho mfuwa ne nkuraa no de, wɔde maa Yefune ba Kaleb sɛ agyapade. 13 Na ɔsɔfo Aaron mma no, wɔde nnipakumfo guankɔbea kurow Hebron ne ɛho mfikyisase maa wɔn, ne Libna ne ɛho mfikyisase, 14 ne Yatir ne ɛho mfikyisase, ne Estemoa ne ɛho asase, 15 ne Holon ne ɛho asase, ne Debir ne ɛho asase, 16 ne Ain ne ɛho asase, ne Yuta ne ɛho asase, ne Bet-semes ne ɛho asase: Mmusuakuw abien yi mu nkurow akron. 17 Na Benyamin abusuakuw mu de, wɔde Gibeon ne ɛho mfikyisase ne Geba ne ɛho asase, 18 ne Anatot ne ɛho asase ne Almon ne ɛho asase mae: Nkurow anan. 19 Aaron mma asɔfo no nkurow nyinaa si nkurow dumiɛnsa ne ɛho mfikyisase. 20 Na Kohat mma Lewifo no, Kohat mma nkae no mmusua no, wɔn ntonto nkurow fii Efraim abusuakuw mu. 21 Wɔde nnipakumfo guankɔbea kurow Sekem ne ɛho mfikyiase maa wɔn, Efraim bepɔw so, ne Geser ne ɛho mfikyisase, 22 ne Kibsaim ne ɛho asase, ne Bet-horon ne ɛho asase: Nkurow anan; 23 ne Dan abusuakuw mu: Elteke ne ɛho mfikyisase, Gibeton ne ɛho asase, 24 Ayalon ne ɛho asase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkurow anan; 25 ne Manase abusuakuw fa no mu: Taanak ne ɛho mfikyisase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkurow abien. 26 Nkurow a ɛyɛɛ Kehat mma nkae no mmusua no de nyinaa si nkurow du ne ɛho mfikyisase. 27 Na Gerson mma a wofi Lewifo mmusua no mu no, wɔmaa wɔn Manase abusuakuw fa no mu nnipakumfo guankɔbea kurow Golan wɔ Basan, ne ɛho mfikyisase, ne Beestra ne ɛho asase: Nkurow abien; 28 ne Isakar abusuakuw mu: Kision ne ɛho mfikyisase, Daberat ne ɛho asase, 29 Yarmut ne ɛho asase, En-ganim ne ɛho asase: Nkurow anan; 30 ne Aser abusuakuw mu: Misal ne ɛho mfikyisase, Abdon ne ɛho asase, 31 Helkat ne ɛho asase, ne Rehob ne ɛho asase: Nkurow anan; 32 ne Naftali abusuakuw mu: Nnipakumfo guankɔbea kurow Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mfikyisase, ne Hamot-dor ne ɛho asase, ne Kartan ne ɛho asase: Nkurow abiɛsa. 33 Gersonfo nkurow nyinaa, sɛ wɔn mmusua te no, esi nkurow dumiɛnsa ne ɛho mfikyisase. 34 Na Merari mma, Lewifo nkae no mmusua no, wɔmaa wɔn Sebulon abusuakuw mu: Yokneam ne ɛho mfikyisase, Karta ne ɛho asase, 35 Dimna ne ɛho asase, ne Nahalal ne ɛho asase: Nkurow anan; 36 ne Ruben abusuakuw mu: Beser ne ɛho mfikyisase, Yahas ne ɛho asase, 37 Kedemot ne ɛho asase, Mefaat ne ɛho asase: Nkurow anan; 38 ne Gad abusuakuw mu: Nnipakumfo guankɔbea kurow Ramot a ɛwɔ Gilead ne ɛho mfikyisase, Mahanaim ne ɛho asase, 39 Hesbon ne ɛho asase, Yaser ne ɛho asase: Nkurow anan. 40 Merari mma mmusua horow a wɔaka Lewifo mmusua mu no nkurow nyinaa, wɔn ntonto de ne nkurow dumien. 41 Lewifo nkurow a wonyae Israelfo agyapade mu no nyinaa si nkurow aduanan awotwe ne ɛho mfikyisase. 42 Nkurow yi mu biara wɔ mfikyisase a atwa ho ahyia, saa na ɛte nkurow yi nyinaa ho. Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so 43 Na AWURADE de asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no nyinaa maa Israel, na wodii so tenaa so. 44 Na AWURADE maa wɔn asomdwoe hyiae, sɛnea ɔkaa wɔn agyanom ntam no ara, na wɔn atamfo nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfo no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa. 45 Asɛm pa a AWURADE kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana