Yosua 20 - KYERƐW KRONKRONGuankɔbea nkurow asia no ( Numeri 35.9-34 ) 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 Ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Munyi guankɔbea nkurow a menam Mose so mekaa mo ho asɛm no, 3 na onipakumfo a obekum obi nsapa mu anaa wammoapa no nguan nkɔ hɔ, na ɛnyɛ mo guankɔbea mfi mogya ho werefo nsam. 4 Na nea oguan kɔ saa nkurow yi bi mu no nnyina kurow no pon ano, na ɔnka ne nsɛm no ngu kurow no mu mpanyimfo asom, na wɔmfa no nkɔ wɔn nkyɛn, kurow no mu, na wɔmma no tenabea na ɔne wɔn ntena. 5 Na sɛ mogya ho werefo no tiw no ba a, wɔmmfa onipakumfo no nnhyɛ ne nsa, efisɛ onnim na ɔbɔɔ ne yɔnko no, nanso bere a atwam no, na ɔntan no. 6 Na ɔntena nkurow no mu nkosi sɛ obegyina asafo no anim na wɔabu no atɛn, nkosi sɛ ɔsɔfopanyin a ɔwɔ so saa bere no bewu; ɛno ansa na onipakumfo no nsan nkɔ ne kurom ne ne fi, na ɔnkɔ kurow a ofi hɔ guanee no mu. 7 Ɛnna woyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔw so, ne Sekem, Efraim bepɔw so, ne Kiriat-arba a ɛne Hebron wɔ Yuda bepɔw so. 8 Na Yordan agya, Yeriko apuei nso woyii Beser, sare so asasetaw so de fii Ruben abusuakuw mu, ne Ramot wɔ Gilead de fii Gad abusuakuw mu, ne Golan wɔ Basan de fii Manase abusuakuw mu mae. 9 Eyinom ne nkurow a woyiyi totoo hɔ maa Israelfo nyinaa ne ɔhɔho a wabɛsoɛ wɔn mu, sɛ obiara a okum ɔkra bi nsapa mu no nguan nkɔ hɔ na wanwu mogya ho werefo nsam, akosi sɛ obegyina asafo no anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana