Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 2 - KYERƐW KRONKRON


Rahab gye akwansrafo no

1 Na Nun ba Yosua somaa mmarima asraafo baanu fi Sitim ahintawee mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wosiim kɔe, na woduu ɔbea aguaman bi a wɔfrɛ no Rahab fi, na wɔdaa hɔ.

2 Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wofi Israelfo no mu aba ha anadwo yi rebɛsra asase yi.

3 Na Yeriko hene no soma kɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔahyɛn wo fi no fi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa sra.

4 Na ɔbea no faa mmarima baanu no de wɔn hintawee; na ɔkae sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn de, nanso minnim nea wofi;

5 na esum durui a wɔrebɛto kurow pon no mu no, na mmarima no fii adi; minnim nea wɔkɔ: Muntiw wɔn ntɛm, na mobɛto wɔn.

6 Na ɔno de, na ɔde wɔn akɔ ɔdan atifi na ɔde wɔn akohintaw siwabiri a ɔde aboa ɔdan no atifi no ase.

7 Na mmarima no tiw wɔn faa Yordan kwan so de kɔɔ atwae; na wɔn a wotiw wɔn no fii adi ara pɛ, na wɔtoo kurow pon no mu.

8 Na wɔn de, wonnya nkɔdae no, ɔbea no foro kɔɔ wɔn nkyɛn ɔdan no atifi

9 kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Minim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefo nyinaa koma tutu mo anim.

10 Na yɛate sɛnea mo Misraim fi mu no AWURADE maa Mmɛw-Po mu nsu yowee mo anim, ne nea moyɛɛ Amorifo ahene baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasaa no.

11 Na yɛate, na yɛn koma atu, na ɔhome bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.

12 Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yiye yi, mo nso mobɛyɛ m’agya ofi yiye, na momma me nokware sɛnkyerɛnne,

13 na momma m’agya ne me na ne me nuammarimanom ne me nuammeanom ne nea wɔwɔ nyinaa nnya nkwa, na munyi yɛn mfi wu mu.

14 Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu! Sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bedi no adɔe ne nokware so.

15 Ɛnna ɔbea no de ntampehama twetwee wɔn faa mfɛnsere mu sisii fam, na ne dan si kurow no ho fasu so, na ɔfasu no so na ɔte.

16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Bepɔw so na monkɔ, na atiwfo no anto mo, na munhintaw hɔ nnansa nkosi sɛ atiwfo no bɛsan, na ɛno akyi no moakɔ mo kwan.

17 Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yebedi bem afi ntam a woma yɛkae yi mu,

18 hwɛ, sɛ yɛreba ase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ hama yi kyekyere mfɛnsere a wode yɛn faa mu sisii fam no mu, na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fi nyinaa ano wo nkyɛn wɔ ofie ha,

19 na obiara a obefi adi afi wo fi pon ano akɔ abɔnten so no, ne mogya begu n’atifi, na yɛn de, yɛadi bem; na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn ofie no, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya ngu yɛn atifi.

20 Na sɛ woka yɛn asɛm yi kyerɛ a, ɛno nso yebedi bem afi wo ntam a woma yɛkae no ho.

21 Na ɔkae sɛ: Ɛnyɛ sɛnea mo nsɛm yi te. Na ogyaa wɔn kwan ma wɔkɔe; na ɔde hama kɔkɔɔ no kyekyeree mfɛnsere no mu.

22 Ɛnna wosiim koduu bepɔw no so, na wodii hɔ nnansa kosii sɛ atiwfo no sanee. Na atiwfo no hwehwɛɛ wɔn ɔkwan no so nyinaa, nanso wɔanhu wɔn.

23 Na mmarima baanu no sian fii bepɔw no so, na wotwa baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔkaa nea ɛyɛɛ wɔn nyinaa kyerɛɛ no,

24 na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofo nyinaa koma atu wɔ yɛn anim.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan