Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 19 - KYERƐW KRONKRON


Asase no kyekyɛ

1 Na ntonto a ɛto so abien no ba maa Simeon, Simeonfo abusuakuw no, sɛ wɔn mmusua te; na wɔn agyapade da Yudafo agyapade ntam.

2 Na nea wonyae wɔn agyapade mu ne Beer-seba ne Seba ne Molada,

3 Hasar-sual, Bala ne Esem,

4 ne Eltolad ne Betul ne Horma,

5 Siklag, Bet-markabot ne Hasar-susa,

6 Bet-lebaot ne Saruhen: Nkurow dumiɛnsa ne ɛho nkuraa.

7 Ain, Rimon ne Eter ne Asan: Nkurow anan ne ɛho nkuraa;

8 ne nkuraa a ɛdeda nkurow yi ho hyia de kosi Baalat-beer nyinaa, Ramat a ɛda nifa. Eyi ne Simeon mma abusuakuw no agyapade sɛ wɔn mmusua te.

9 Yudafo kyɛfa no bi na ɛyɛɛ Simeonfo agyapade, efisɛ Yudafo kyɛfa no boroo wɔn so, enti Simeonfo nyaa agyapade wɔn agyapade no mu.

10 Na ntonto a ɛto so abiɛsa no maa Sebulonfo, sɛ wɔn mmusua te. Na wɔn agyapade hye koduu Sarid.

11 Na wɔn hye no foro kɔ atɔe wɔ Marala, na ɛkɔpem Dabeset, na ɛkɔpem subon a ɛwɔ Yokneam apuei fam no ano.

12 Na ɛsan fi Sarid kɔ anim owiapuei de kɔ Kislot-abor hye so na efi kɔ Daberat, na ɛforo kɔ Yafia.

13 Na efi hɔ twam kɔ apuei de kɔ Gat-hefer, Et-kasin, na efi Rimon a ehima de kɔ Nea.

14 Na ɔhye no kɔntɔn kɔ benkum fam de kɔ Hanaton, na ano kodu Yifta-el bon no mu;

15 ne Katat ne Nahalal ne Simron ne Yidala ne Betlehem: Nkurow dumien ne ɛho nkuraa.

16 Eyi ne Sebulon mma agyapade, sɛ wɔn mmusua te, nkurow no ne ɛho nkuraa.

17 Ntonto a ɛto so anan no yi maa Isakar, Isakarfo no, sɛ wɔn mmusua te.

18 Na wɔn hye kɔɔ Yesreel ne Kesulot ne Sunem,

19 Hafraim, Sihon ne Anaharat,

20 ne Rabit ne Kision ne Abes,

21 ne Remet ne En-ganim ne En-hada ne Bet-pases.

22 Na ɔhye no kɔpem Tabor ne Sahasima ne Bet-Semes, na wɔn hye no ano kodu Yordan ano: Nkurow dunsia ne ɛho nkuraa.

23 Eyi ne Isakarfo abusuakuw no agyapade, sɛ wɔn mmusua te, nkurow no ne ɛho nkuraa.

24 Na ntonto a ɛto so anum no yi maa Aserfo abusuakuw no, sɛ wɔn mmusua te.

25 Na wɔn hye ne Helkat, Hali, Beten ne Aksaf,

26 ne Alamelek, Amad ne Misel, na ɛkɔpem Karmel wɔ atɔe, ne Sihor-libnat.

27 Na ɛsan kɔ owiapuei de kɔ Bet-dagon, na ɛkɔpem Sebulon ne Yifta-el bon mu, Bet-emek ne Neiel benkum fam, na efi kɔ Kabul benkum fam,

28 ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana de kosi Sidon Kɛse.

29 Na ɔhye no dan kɔ Rama kodu kurow dennen Tiro, na ɔhye no dan kɔ Hosa, na ano kɔpem po no Aksib fam,

30 ne Uma ne Afek ne Rehob: Nkurow aduonu abien ne ɛho nkuraa.

31 Ɛno ne Aserfo abusuakuw agyapade, sɛ wɔn mmusua te: Nkurow no ne ɛho nkuraa.

32 Naftalifo na ntonto a ɛto so asia no ba maa wɔn, Naftalifo no, sɛ wɔn mmusua te.

33 Na wɔn hye fi Helef, Saananim dupɔn no ho ne Adami-nekeb ne Yabneel de kɔ Lakum, na ano kɔpem Yordan.

34 Na ɔhye no dan kɔ atɔe wɔ Asnot-abor, na efi hɔ kɔ Hukok, na ɛkɔpem Sebulon nifa fam, ne Aser wɔ atɔe, ne Yuda wɔ apuei, Yordan ano.

35 Na nkurow a wɔatoto ho afasu ni: Sidim, Ser ne Hamat, Rakat ne Kineret,

36 ne Adama ne Rama ne Hasor,

37 ne Kedes ne Edrei ne En-hasor,

38 ne Yiron ne Migdal-el, Horem ne Bet-anat ne Bet-semes: Nkurow dunkron ne ɛho nkuraa.

39 Eyi ne Naftalifo abusuakuw agyapade, sɛ wɔn mmusua te: Nkurow no ne ɛho nkuraa.

40 Dan mma abusuakuw no, sɛ wɔn mmusua te na ntonto a ɛto so ason no ba maa wɔn.

41 Na wɔn agyapade hye ne: Sora ne Estaol ne Ir-semes,

42 ne Saalabin ne Ayalon ne Yitla,

43 ne Elon ne Timna ne Ekron,

44 ne Elteke, Gibeton ne Baalat,

45 ne Yehud ne Bene-berak ne Gat-rimon,

46 ne Me-yarkon ne Rakon, ɛne Yafo anim hye no.

47 Na Danfo fii hɔ konyaa ɔhye foforo bi, na Danfo no foro kɔe ne Lesem kɔkoe, na wɔfae, na wɔde nkrante sɛee no, na wodii so, na wɔtenaa hɔ, na wɔfrɛɛ Lesem sɛ Dan, sɛ wɔn agya Dan din te.

48 Ɛno ne Danfo abusuakuw agyapade, sɛ wɔn mmusua te: Nkurow no ne ɛho nkuraa.

49 Na wowiee asase no mu kyɛ sɛ n’ahye no te no, Israelfo maa Nun ba Yosua agyapade wɔ wɔn mu:

50 Sɛnea AWURADE hyɛɛ no, wɔmaa no kurow a obisae no, ɛne Timnat-sera a ɛda Efraim bepɔw so, na ɔkyekyee kurow no tenaa mu.

51 Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israelfo mmusuakuw agyanom mu atitiriw no de ntonto kyɛɛ mu wɔ Silo, AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano. Na wowiee asase no mu kyɛ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan