Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 14 - KYERƐW KRONKRON


Yordan atɔe asase no kyekyɛ

1 Na eyi ne Israel agyapade a wonyae Kanaan asase so a ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israelfo mmusuakuw mu agyanom so atitiriw no kyekyɛ maa wɔn,

2 wɔn agyapade a ɛnam ntontobɔ so, sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe sɛ wɔmma mmusuakuw akron ne fa no.

3 Na Mose ama mmusuakuw abien ne fa no agyapade wɔ Yordan agya, na Lewifo de, wamma wɔn agyapade bi wɔ wɔn mu.

4 Na Yosef mma yɛ mmusuakuw abien, Manase ne Efraim, na wɔamma Lewifo no kyɛfa bi asase no so, gye nkurow a wɔbɛtena mu ne ɛho mfikyisaase ma wɔn mmoa ne wɔn nneɛma.

5 Sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na Israelfo yɛe, na wɔkyɛɛ asase no mu.


Wɔde Hebron ma Kaleb

6 Na Yudafo no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenisini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wunim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea no.

7 Midii mfirihyia aduanan na AWURADE akoa Mose somaa me fi Kades-barnea sɛ menkɔsra asase no, na mesan mede emu asɛm mebrɛɛ no, sɛnea ɛwɔ me koma mu.

8 Na me nuanom a wɔne me foro kɔɔ no maa ɔman no koma tui, na me de, me koma nyinaa midii AWURADE me Nyankopɔn akyi.

9 Na Mose kaa ntam da no ara sɛ: Asase a wo nan tiaa so no bɛyɛ wo ne wo mma agyapade daa, efisɛ wode wo koma nyinaa adi AWURADE wo Nyankopɔn akyi.

10 Na afei hwɛ, AWURADE ama matena ase sɛnea ɔkaa no, mfirihyia aduanan anum yi, efi bere a AWURADE kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose, bere a Israel nam sare so no. Na afei, hwɛ, ɛnnɛ madi mfirihyia aduɔwɔtwe anum.

11 Meda so mewɔ ahoɔden nnɛ ara, sɛnea mete da a Mose somaa me no; sɛnea m’ahoɔden te da no, saa ara na ɛte nnɛ ma ɔko ne adifi ne emuba.

12 Na afei fa bepɔw yi a AWURADE kaa ho asɛm da no ma me, efisɛ da no ara, wotee sɛ Anakfo ne nkurow akɛse a wɔatoto ho afasu wɔ hɔ; ebia AWURADE bedi m’akyi na matu wɔn, sɛnea AWURADE kae no.

13 Na Yosua hyiraa no, na ɔde Hebron maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapade.

14 Ɛno nti na Hebron yɛɛ Kenisini Yefune ba Kaleb agyapade de besi nnɛ, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii AWURADE, Israel Nyankopɔn no akyi.

15 Nso kan no na Hebron din ne Kiriat-arba; Arba yi ne Anakfo mu nipa kɛse koraa. Na asase no so dwoe fii akodi no mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan