Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 12 - KYERƐW KRONKRON


Nsaase a Mose fae no so ahene baanu no

1 Na eyinom ne asase no so ahene a Israelfo no kunkum wɔn na wodii wɔn asase so wɔ Yordan agya owiapuei hɔ, fi Arnon subon ho de kosi Hermon bepɔw ho ne Araba a ɛwɔ apuei no nyinaa so:

2 Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a odii hene fi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so ne subon no mfinimfini ne Gilead fa de kosi Yabok subon a ɛne Amonfo hye no ano,

3 ne Araba so de kosi Kinerot po no ano apuei fam, na ɛde kosi Araba so po no a ɛne Nkyene-Po no ano, apuei Bet-yesimot kwan so, ne nifa fam Pisga bepɔw ase no;

4 ne Basan hene Og a ofi abran akɛse a aka no mu a ɔtenaa Astarot ne Edrei no asase no.

5 Na odii hene Hermon bepɔw so ne Salka ne Basan nyinaa de kosi Gesurfo ne Maakatfo hye so, ne Gilead fa, Hesbonhene Sihon hye ho.

6 AWURADE akoa Mose ne Israelfo no kaa wɔn gui, na AWURADE akoa Mose de asase no maa Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no ma wodii so.


Ahene a Yosua kum wɔn

7 Na eyinom ne asase no so ahene a Yosua ne Israelfo kunkum wɔn Yordan agya atɔe fam, fi Baal-gad a ɛda Lebanon bon no mu de kosi bepɔw a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw sɛ wonni so, sɛ wɔn nkyekyem no te,

8 mmepɔw no so ne po ho asasetaw so ne Araba so ne mmepɔw no ase ne sare no so ne nifa no: Hetifo, Amorifo ne Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo asase no.

9 Yeriko hene, Ai a ɛwɔ Betel ho hene,

10 Yerusalem hene, Hebron hene,

11 Yarmut hene, Lakis hene,

12 Eglon hene, Gesar hene,

13 Debir hene, Geder hene,

14 Horma hene, Arad hene,

15 Libna hene, Adulam hene,

16 Makeda hene, Betel hene,

17 Tapua hene, Hefer hene,

18 Afek hene, Saron hene,

19 Madon hene, Hasor hene,

20 Simron-meron hene, Aksaf hene,

21 Taanak hene, Megido hene,

22 Kedes hene, Yokneam a ɛwɔ Karmel ase no hene,

23 Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene,

24 Tirsa hene, ahene no nyinaa ano si aduasa biako.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan