Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yona 2 - KYERƐW KRONKRON


Yona mpaebɔ ne ne nkwagye

1 Na Yona fi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpae sɛ:

2 Mifi m’ahohia mu misu mefrɛɛ AWURADE, na otiee me; mifi asaman bun mu meteɛɛm, na woate me nne.

3 Na wotow me kyenee ebun mu, ɛpo koma mu, na ɔhweam twaa me ho hyiae; w’asorɔkye ne w’aworo nyinaa bu faa me so.

4 Na me nso mise: Wɔatu me afi w’anim, nanso mɛkɔ so mahwɛ w’asɔrefi kronkron no kwan.

5 Nsu betwaa me ho hyiae beduu ɔkra ho, ebun twaa me ho sii, ɛpo mu wura kyekyeree me ti;

6 misian mekɔɔ mmepɔw ntini ho tɔnn mekɔɔ asamando na wɔkaa me too koransan kosii daa, nanso wo AWURADE yii me fii owu amoa mu, AWURADE me Nyankopɔn.

7 Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE, na me mpaebɔ duu wo nkyɛn, yiw w’asɔrefi kronkron hɔ.

8 Wɔn a wodi atoro ahoni akyi no, pa wɔn dom no.

9 Na me de, mede aseda nne mɛbɔ wo afɔre, nea mahyɛ ho bɔ no, metua; efisɛ nkwagye fi wo AWURADE hɔ.

10 AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase kesee so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan