Yohane 9 - KYERƐW KRONKRONOnifuraefo bi adehu 1 Na ɔretwam no, ohuu onipa bi a n’ani afura fi n’awo mu. 2 Na n’asuafo no bisaa no sɛ: Rabi, hena na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n’agya ne ne na, sɛ wɔwoo no onifuraefo yi? 3 Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ oyi anaa n’agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ no mu. 4 Ɛsɛ yɛn sɛ adekyee wɔ hɔ yi, yɛyɛ nea ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma. 5 Mewɔ wiase yi, mene wiase hann. 6 Ɔkaa saa no, ɔtow ntasu guu fam, na ɔde ntasu no fraa dɔte, na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so, 7 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so ɔtare Siloa (a ne nkyerɛase ne: Nea wɔasoma no) mu. Ɛnna osiim kɔe kɔhohoroo so, na ɔbae na ohu ade. N’afipamfo asɛmmisa 8 Ɛnna afipamfo ne wɔn a kan wohuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfo no kae sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔte hɔ srɛsrɛ ade no? 9 Ebinom se: Ɔno ni! Na afoforo se: Ɔte sɛ ɔno. Na n’ankasa se: Mene no. 10 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na w’ani buei? 11 Obua kae sɛ: Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔfɔtɔw dɔte de sraa m’ani so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ ɔtare Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo so no, na mihuu ade. 12 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔwɔ he? Ose: Minnim. Farisifo asɛmmisa 13 Wɔde nea anka ɔyɛ onifuraefo no kɔɔ Farisifo nkyɛn. 14 Nso da a Yesu fɔtɔw dɔte na obuee n’ani no yɛ homeda. 15 Ɛnna Farisifo no nso bisaa no bio sɛnea ɛyɛe na ohuu ade. Na osee wɔn sɛ: Dɔte na ɔde sraa m’ani so, na mekɔhohoroo so, na mihu ade yi. 16 Ɛnna Farisifo no mu bi kae sɛ: Onipa yi mfi Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ onni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ɔdebɔneyɛfo betumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛɛ yi? Na mpaepaemu baa wɔn mu. 17 Ɛnna wosee onifuraefo no bio sɛ: Wo nso, wabue w’ani yi, dɛn na woka wɔ ne ho? Na ose: Ɔyɛ odiyifo. N’awofo hɔ asɛmmisa 18 Nso Yudafo no nnye ne ho nsɛm no nni, sɛ anka ɔyɛ onifuraefo na ohuu ade, de kosii sɛ wɔfrɛɛ nea ohuu ade no awofo, 19 na wobisaa wɔn sɛ: Mo ba a moka sɛ wɔwoo no onifuraefo no ni anaa? Afei ɛyɛɛ dɛn na ohu ade yi? 20 N’awofo buaa wɔn kae sɛ: Yenim sɛ yɛn ba ni, na wɔwoo no onifuraefo; 21 na sɛ ɛyɛe na afei ohu ade yi de, yennim. Na bio nso onipa ko a obuee n’ani no, yɛn de, yennim; mummisa no, wanyin, na ɔno ara bɛkasa ama ne ho. 22 N’awofo kaa eyi, efisɛ wosuro Yudafo no; na Yudafo no apam dedaw sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔne Kristo no a, wobetu no afi hyiadan mu. 23 Eyi nti na n’awofo kae sɛ: Wanyin, mummisa no. Farisifo pam no 24 Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifuraefo no, mprenu so, na wosee no sɛ: Fa anuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn de, yenim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛfo. 25 Ɛnna obua kae sɛ: Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo a, minnim; ade biako na minim, sɛ anka meyɛ onifuraefo, na afei de, mihu ade. 26 Na wosee no sɛ: Dɛn na ɔyɛɛ wo? Obuee w’ani no dɛn? 27 Obuaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo dedaw, na moante? Dɛn na mopɛ sɛ mote bio? Mo nso mopɛ sɛ modan n’asuafo? 28 Wɔyaw no, na wɔkae sɛ: Wo na woyɛ ne suani; yɛn de, Mose asuafo ne yɛn. 29 Yenim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose; na oyi de, yennim faako a ofi. 30 Onipa no bua see wɔn sɛ: Eyi na ɛyɛ nwonwa sɛ munnim nea ofi, nanso obuee m’ani. 31 Na yenim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfo; na sɛ obi fɛre Onyankopɔn na ɔyɛ nea ɔpɛ a, ɔno na otie no. 32 Efi wiase mfiase wɔntee sɛ obi abue nea wɔwoo no onifuraefo ani pɛn. 33 Sɛ oyi mfi Nyankopɔn nkyɛn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee. 34 Wobua see no sɛ: Wo de, bɔne mu koraa na wɔwoo wo, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn? Na wɔpam no fii adi. Onifuraefo no gye Yesu di 35 Yesu tee sɛ wɔapam no afi adi; na ohuu no no, ɔkae sɛ: Wugye Onipa Ba no di anaa? 36 Obuae sɛ: Hena ne no, Owura, na minnye no minni? 37 Na Yesu see no sɛ: Woahu no, na nea ɔne wo rekasa yi, ɔne no. 38 Na ose: Migye midi, Awurade! Na ɔkotow sɔree no. Farisifo anifurae 39 Na Yesu kae sɛ: Atemmu nti na mebaa wiase, na wɔn a wonhu ade no ahu, na wɔn a wohu ade no adan anifuraefo. 40 Na Farisifo no mu bi a wɔne no wɔ hɔ no tee nsɛm yi, na wosee no sɛ: Na yɛn nso yɛyɛ anifuraefo? 41 Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ moyɛ anifuraefo a, anka munni bɔne; na afei muse: Yehu, enti na mo bɔne aka. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana