Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 8 - KYERƐW KRONKRON


Ɔbaa oguamammɔfo bi

1 Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so.

2 Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefi bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.

3 Na Akyerɛwfo ne Farisifo no de ɔbea bi a wɔakyere no aguamammɔ mu bae; na wɔde no begyinaa mfinimfini no,

4 wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, wɔakyere ɔbea yi aguamammɔ mu pɛɛ.

5 Nso Mose hyɛɛ yɛn mmara no mu sɛ wonsiw nnipa a ɛte sɛɛ abo; na wo nso, wuse dɛn?

6 Na eyi de, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase de ne nsatea kyerɛkyerɛw fam.

7 Na wɔda so ara rebisa no no, ɔmaa ne mu so see wɔn sɛ: Mo mu nea bɔne bi nni ne ho no, ɔntow no bo kan!

8 Na ɔbrɛɛ ne mu ase bio kyerɛkyerɛw fam.

9 Na wɔn de, wɔtee na wɔn ahonim yii wɔn ntɛn no, wofii adi mmiako mmiako fi mpanyimfo so besii wɔn a wodi akyiri so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbea a ogyina mfinimfini no.

10 Na Yesu maa ne mu so, na wanhu obiara sɛ ɔbea no nko no, osee no sɛ: Ɔbea, ɛhe na wo nkurobɔfo no wɔ? Obi ammu wo fɔ anaa?

11 Na ose: Obi ammu me fɔ, owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso mimmu wo fɔ; kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!


Agya no ne ɔba no adansedi

12 Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; nea odi m’akyi no rennantew sum mu, na obenya nkwa hann.

13 Ɛnna Farisifo no see no sɛ: Wo de, wudi wo ankasa wo ho adanse; w’adanse no nyɛ nokware.

14 Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ midi m’ankasa me ho adanse mpo a, m’adanse no yɛ nokware, efisɛ minim faako a mifi ne faako a merekɔ; na mo de, munnim nea mifi ne nea merekɔ.

15 Mo de, mubu ɔhonam ani atɛn; me de, mimmu obiara atɛn.

16 Na sɛ mibu atɛn po a, m’atemmu no yɛ nokware; efisɛ ɛnyɛ me nko, na me ne nea ɔsomaa me no.

17 Na wɔakyerɛw mo mmara nhoma no mu nso sɛ: Nnipa baanu adanse yɛ nokware.

18 Me na midi me ho adanse, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.

19 Ɛnna wosee no sɛ: Ɛhe na w’Agya wɔ? Yesu buae sɛ: Munnim me, na munnim m’Agya nso; sɛ munim me a, anka munim m'Agya no nso.

20 Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefi no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankyere no, efisɛ ne dɔn nnya nnui.


Kristo kɔ abɛn

21 Ɛnna osee wɔn bio sɛ: Me de, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mubewu mo bɔne mu; na nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ.

22 Ɛnna Yudafo no kae sɛ: Ɔrebedi ne ho dɔm anaa, enti na ose: Nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ?

23 Na osee wɔn sɛ: Mo de, mufi fam, me de, mifi soro. Mufi wiase; me de, mimfi wiase.

24 Enti mise mo sɛ: Mubewu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mubewu mo bɔne mu.

25 Ɛnna wosee no sɛ: Wone hena? Na Yesu see wɔn sɛ: Nea mifi mfiase meka mekyerɛɛ mo no.

26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka na mabu atɛn; na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo. Na nea metee ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase.

27 Wɔanhu sɛ Agya no ho asɛm na ɔka kyerɛɛ wɔn.

28 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ munya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mubehu sɛ mene no, na memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.

29 Na nea ɔsomaa me no ka me ho; onnyaw me nko, efisɛ meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.

30 Ɔrekasa saa no, nnipa pii gyee no dii.


Yudafo ahohoahoa

31 Ɛnna Yesu see Yudafo a wɔagye no adi no sɛ: Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa;

32 na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.

33 Wobuaa no sɛ: Abraham asefo ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehye?

34 Yesu buaa wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa.

35 Na akoa nka ofie daa; na ɔba de, ɔtena hɔ daa.

36 Enti sɛ Ɔba no yɛ mo adehye a, mobɛyɛ adehye ampa.

37 Minim sɛ moyɛ Abraham asefo; nanso mohwehwɛ me akum me, efisɛ m’asɛm nsen mo mu.

38 Nea mahu Agya no nkyɛn na meka; na mo nso moyɛ nea moate mo agya no nkyɛn.

39 Wobua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma;

40 na afei morehwehwɛ me akum me, me a maka mo nokware a mate Onyankopɔn nkyɛn no. Eyi de, Abraham anyɛ.

41 Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wosee no sɛ: Wɔanwo yɛn aguamammɔ mu; Agya biako na yɛwɔ, ɔne Nyankopɔn.

42 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Nyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me de, mifii Nyankopɔn mu na mebae. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae, na ɔno na ɔsomaa me.

43 Adɛn nti na monte me kasa ase? Efisɛ muntumi ntie m’asɛm.

44 Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.

45 Na me de, esiane sɛ meka nokware nti, munnye me nni.

46 Mo mu hena na obu me bɔne bi ho atɛn? Na sɛ meka nokware a, adɛn nti na munnye nni?

47 Nea ofi Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; nea enti muntie wɔn ne sɛ, mumfi Nyankopɔn mu.


Wobuu Yesu sɛ ɔwɔ honhommɔne

48 Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?

49 Yesu buae sɛ: Me de, minni honhommɔne; na midi m’Agya no ni, na mo de, mobɔ me ahohora.

50 Me de, menhwehwɛ m’ankasa m’anuonyam; obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ na obu atɛn.

51 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhu wu ara da.

52 Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Afei na yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifo no wuwui, na wo de, wuse: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owu nhwɛ ara da.

53 Woyɛ kɛse sen yɛn agya Abraham a owui no? Na adiyifo no nso wui; woreyɛ wo ho dɛn ni?

54 Yesu buae sɛ: Sɛ mehyɛ me ho anuonyam a, m’anuonyam no nyɛ hwee; ɛyɛ m’Agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me anuonyam.

55 Nso moanhu no, na me de, minim no; na sɛ meka sɛ minnim no a, mɛyɛ ɔtorofo sɛ mo. Nanso minim no, na midi n’asɛm so.

56 Mo agya Abraham ho san no sɛ obehu me; na ohui, na n’ani gyei.

57 Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Wunnya nnii mfirihyia aduonum, na wuhuu Abraham?

58 Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu sɛ, Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ.

59 Ɛnna wɔtasee abo sɛ wɔbɛtow abɔ no, na Yesu hintawee na ofii asɔrefi hɔ kɔe.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan