Yohane 7 - KYERƐW KRONKRONKristo nuanom nni gyidi 1 Na eyinom akyi no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ okyini Yudea, efisɛ Yudafo no hwehwɛ no akum no. 2 Na Yudafo Asesebɔ afahyɛ no abɛn. 3 Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Fi ha kɔ Yudea, na w’asuafo nso nhu wo nnwuma a woyɛ no. 4 Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wobehu no bagua mu. Sɛ woyɛ eyinom a, yi wo ho kyerɛ wiase! 5 Na ne nuanom po annye no anni. 6 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me de, me bere nnya nnui, na mo bere de, edu daa. 7 Wiase ntumi ntan mo; na me na ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne. 8 Mo de, monkɔ afahyɛ yi ase. Me de, minnya menkɔɔ afahyɛ yi ase; efisɛ me bere nnya nnui. 9 Na osee wɔn saa no, ɔtenaa Galilea. 10 Na ne nuanom kɔe no, ɛnna ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase; wanyi ne ho adi, na mmom ohintawee. Adwene horow 11 Ɛnna Yudafo no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase, na wose: Ɔwɔ he? 12 Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfo akuwakuw no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfo mmom. 13 Nanso Yudafo no ho hu nti obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee. Yesu fi soro 14 Na afahyɛ no mfinimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefi kɔkyerɛkyerɛe. 15 Na ɛyɛɛ Yudafo no nwonwa na wose: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nhoma pɛn na onim yi? 16 Yesu buaa wɔn kae sɛ: Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea. 17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛde a, obehu sɛ kyerɛ no fi Nyankopɔn anaasɛ efi m’ankasa me tirim na meka. 18 Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu. 19 Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me akum me? 20 Nkurɔfokuw no buae sɛ: Wowɔ honhommɔne; hena na ɔhwehwɛ wo akum wo? 21 Yesu bua see wɔn sɛ: Mayɛ adwuma biako, na eyi nti na ɛyɛ mo nyinaa nwonwa. 22 Mose maa mo twetiatwa, (ɛnyɛ sɛ efi Mose, na efi agyanom) nanso homeda mutwa onipa twetia. 23 Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, dɛn nti na mo bo afuw me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda? 24 Mummmu ntɛn sɛnea muhu kwa; na mummu ntɛn a ɛteɛ! Nea nkurɔfo susuw 25 Ɛnna Yerusalemfo no mu bi kae sɛ: Ɛnyɛ oyi ne nea wɔrehwehwɛ no akum no no? 26 Na hwɛ ɔkasa pefee, na wɔnka no hwee. Sesɛɛ mpanyimfo ahu ampa sɛ oyi ne Kristo no anaa? 27 Nanso oyi de, yenim nea ofi; na Kristo no de, sɛ ɔba a, obi renhu nea ofi. 28 Ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefi no, ɔteɛɛm sɛ: Munim me, nso munim nea mifi. Na ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae; na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo a munnim no. 29 Na me de, minim no; efisɛ mifi ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me. 30 Eyi nti anka wɔhwehwɛ no akyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, efisɛ ne dɔn nnya nnui. 31 Na nkurɔfokuw no mu pii gyee no dii, na wɔkae sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, so ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne bebree asen eyinom a oyi ayɛ yi? Yesu bɛsan akɔ Onyankopɔn nkyɛn 32 Farisifo no tee sɛ nkurɔfokuw no nwiinwii keka eyinom wɔ ne ho. Na Farisifo ne asɔfo mpanyin no somaa asomfo sɛ wɔnkɔkyere no. 33 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mewɔ mo nkyɛn bere tiaa bi, na merebɛkɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. 34 Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na nea mewɔ no, mo de, muntumi mma hɔ. 35 Ɛnna Yudafo no sisee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkɔ a yɛrenhu no? So ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafo mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafo? 36 Asɛm bɛn na ɔka yi sɛ: Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me, na nea mewɔ no, mo de, muntumi mma hɔ. Nkwa nsu ho bɔhyɛ 37 Na da a edi akyiri a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛse no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteɛɛm sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn menom nsu 38 Sɛnea kyerɛwsɛm no kae no: Nea ogye me di no, nkwa asubɔnten bɛsen afi ne yam. 39 Na eyi de, ɔkae Honhom a wɔn a wogye no di rebenya no ho; na Honhom no nnya mmae, efisɛ wonnya nhyɛɛ Yesu anuonyam. Nkurɔfo no adwene mu mpaepaemu 40 Ɛnna nkurɔfokuw no mu pii tee asɛm yi no, wɔkae sɛ: Odiyifo no ni ampa! 41 Ebinom sɛ: Kristo no ni! Na ebinom nso bisae sɛ: Kristo no befi Galilea anaa? 42 Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa? 43 Na ne nti mpaepaemu baa nkurɔfokuw no mu. Wɔantumi ankyere Kristo 44 Na wɔn mu binom pɛe sɛ wɔkyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no. 45 Ɛnna asomfo no baa asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn, na wobisaa wɔn sɛ: Dɛn nti na moamfa no amma? 46 Asomfo no buae sɛ: Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da. 47 Ɛnna Farisifo no buaa wɔn sɛ: Wɔadaadaa mo nso? 48 Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa? 49 Na nkurɔfokuw yi a wonnim mmara no, wɔadome wɔn! 50 Nikodemo a ɔbaa ne nkyɛn da bi na ɔyɛ wɔn mu biako no see wɔn sɛ: 51 Yɛn mmara ntiee onipa, nhuu nea ɔyɛe ansa a, ebu no atɛn anaa? 52 Wobua see no sɛ: Gyama wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wɔ Galilea pɛn. 53 (Na wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn afi mu mmiako mmiako.) |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana