Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 6 - KYERƐW KRONKRON


Nnipa mpemnum aduanma
( Mateo 14.13-21 ; Marko 6.32-44 ; Luka 9.10-17 )

1 Eyinom akyi no, Yesu siim kɔɔ Galilea po, a ɛno ara ne Tiberia po, no agya.

2 Na nkurɔfokuw kɛse dii n’akyi, efisɛ wohuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe wɔn a wɔyare ho no.

3 Na Yesu kɔɔ bepɔw no so, na ɔne n’asuafo no kɔtenaa hɔ.

4 Nso Twam da, Yudafo afahyɛ no, abɛn.

5 Afei Yesu maa n’ani so na ohui sɛ nkurɔfokuw kɛse reba ne nkyɛn no, osee Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ abodoo ama eyinom adi?

6 Na eyi de, ɔka de sɔɔ no hwɛe, efisɛ ɔno ankasa nim nea ɔrebɛyɛ.

7 Filipo buaa no sɛ: Abodoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara benya kakra.

8 Na asuafo no mu biako, Andrea, Simon Petro ne nua, ka kyerɛɛ no sɛ:

9 Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atoko abodoo anum ne mpataa nketewa abien; na eyi yɛ dɛn ma nnipa pii yi?

10 Na Yesu kae sɛ: Momma nnipa no ntenatena ase! Nso sare pii wɔ hɔ. Ɛnna mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ mpemnum no tenatenaa ase.

11 Na Yesu faa abodoo no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; ne mpataa no nso dodow a wɔpɛ.

12 Na wɔmeemee no, osee n’asuafo no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera.

13 Ɛnna wɔboaboaa ano, na wɔde atoko abodoo anum no mporoporowa a ɛka maa wɔn a wodii no hyehyɛɛ nkɛntɛn dumien mama.

14 Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!

15 Ɛnna Yesu hui sɛ wɔrebɛba abɛfa no ahyɛ no de no akosi hene nti, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔw no so bio.


Yesu nantew po so
( Mateo 14.22-33 ; Marko 6.45-52 )

16 Na eduu anwummere no, n’asuafo no kɔɔ mpoano,

17 na wɔkɔɔ ɔkorow mu twaa po no sɛ wɔrekɔ Kapernaum. Na esum aduru dedaw, na Yesu mmaa wɔn nkyɛn ɛ,

18 na mframa kɛse bɔe nti, ɛpo no sɔree.

19 Na wɔharee bɛyɛ sɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu Yesu sɛ ɔnam po no so, na ɔretwiw abɛn ɔkorow no; na wosuroe.

20 Na osee wɔn sɛ: Ɛyɛ me, munnsuro!

21 Ɛnna wɔde anigye maa no baa ɔkorow no mu, na ntɛm ara na ɔkorow no duu asase a wɔrekɔ hɔ no so.

22 Ade kyee no, na nkurɔfokuw a wogyina ɛpo no agya no hui sɛ ɔkorow biara nni hɔ sɛ biako a n’asuafo no kɔɔ mu no, nanso ɛnyɛ Yesu ne wɔn na ɛkɔɔ ɔkorow no mu, n’asuafo no nko na ɛkɔe.

23 Na akorow foforo fii Tiberia baa faako a Awurade daa ase na wodii abodoo no hɔ;

24 enti nkurɔfokuw no hui sɛ Yesu nni hɔ na n’asuafo no nso nni hɔ no, wɔn nso kɔɔ akorow no mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu.

25 Na wohuu no ɛpo no agya no, wosee no sɛ: Rabi, da bɛn na wobaa ha?

26 Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ muhuu nsɛnkyerɛnne nti na mohwehwɛ me, na sɛ mudii abodoo no bi na momee ntia.

27 Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Onyankopɔn asɔ no ano.

28 Ɛnna wosee no sɛ: Dɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Onyankopɔn nnwuma?

29 Yesu bua see wɔn sɛ: Eyi ne Nyankopɔn adwuma, sɛ mubegye nea ɔsomaa no no adi.


Abodoo a efi soro

30 Ɛnna wosee no sɛ: Ɛnne sɛnkyerɛnne bɛn na woreyɛ, na yɛahu na yɛagye wo adi? Dɛn na woreyɛ?

31 Yɛn agyanom dii mana sare so, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔmaa wɔn abodoo fi soro dii.

32 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo abodoo a efi soro no, na mmom m’Agya na ɔma mo nokware abodoo a efi soro no.

33 Na Onyankopɔn abodoo ne nea osian fi soro ba na ɔma wiase nkwa no.

34 Ɛnna wosee no sɛ: Awurade, ma yɛn abodoo yi daa!

35 Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa abodoo no; nea ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na nea ogye me di no, osukɔm renne no da.

36 Na meka mekyerɛɛ mo sɛ moahu me, nanso moda so ara nnye nni.

37 Wɔn a Agya no de ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na nea ɔba me nkyɛn no, mentow no menkyene da,

38 efisɛ misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.

39 Na eyi ne nea ɔsomaa me no apɛde, sɛ nea ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manya no ɛda a edi akyiri no.

40 Na eyi ne m'Agya a ɔsomaa me no apɛde, sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa; na menyan no ɛda a edi akyiri no.

41 Ɛnna Yudafo no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene abodoo a esian fii soro no,

42 na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yenim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ose: Masian mafi soro maba?

43 Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Munnnwiinwii mo mu!

44 Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no.

45 Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.

46 Ɛnyɛ sɛ obi ahu Agya no, gye nea ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahu Agya no.


Yesu ne nkwa abodoo

47 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye di no wɔ daa nkwa.

48 Mene nkwa abodoo.

49 Mo agyanom dii mana sare so, na wowuwui;

50 eyi ne abodoo a esian fi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu.

51 Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na abodoo a mede bɛma wiase no ne me honam.


Yudafo abufuw

52 Ɛnna Yudafo kasakasae wɔn mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na oyi betumi de ne honam ama yɛn na yɛadi?

53 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam na moannom ne mogya a, munni nkwa mo mu.

54 Nea odi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no.

55 Na me honam yɛ aduan ampa, na me mogya yɛ anonne ampa.

56 Nea odi me honam na ɔnom me mogya no tena me mu, na me nso metena no mu.

57 Sɛnea Agya a ɔte ase no somaa me na Agya no nti mete ase no, saa ara nso na nea odi me honam no nso, me nti ɔbɛtena ase.

58 Eyi ne abodoo a efi soro sian bae no, ɛnte sɛ nea mo agyanom dii na wowuwui no; nea odi abodoo yi bɛtena ase daa.

59 Ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa eyinom.


Asuafo bi akyirisan

60 Enti n’asuafo mu pii tee no, wɔkae sɛ: Asɛm yi yɛ den, hena na obetumi atie?

61 Na Yesu tee nka ne mu sɛ n’asuafo renwiinwii eyi ho no, osee wɔn sɛ: Eyi to mo hintidua anaa?

62 Na afei, sɛ muhu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ ɔsoro, faako a ɔwɔ kan no nso ɛ?

63 Honhom ne nea ɛma nkwa, ɔhonam de, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.

64 Na mo mu binom wɔ hɔ a wonnye nni. Na Yesu nim wɔn a wonnye nni no fi mfiase ne nea obeyi no ama no.

65 Na ɔkae sɛ: Eyi nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ m’Agya de ama no ansa.

66 Efi ɛno so no, n’asuafo mu pii san wɔn akyi, na wɔne no annantew bio.


Petro paemuka

67 Ɛnna Yesu see dumien no sɛ: Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?

68 Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;

69 na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn kronkronni no.

70 Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi anaa? Na mo mu biako yɛ ɔbonsam!

71 Ɔde Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebeyi no ama, nso ɔyɛ dumien no mu biako.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan