Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 4 - KYERƐW KRONKRON


Kristo kɔ Galilea

1 Afei Awurade hui sɛ Farisifo ate sɛ Yesu renya asuafo bebree na ɔrebɔ nnipa pii asu sen Yohane no.

2 Nso Yesu ankasa de, na ɔmmɔ asu, na mmom n’asuafo no.

3 Ofii Yudea, na osiim kɔɔ Galilea bio.

4 Na etwa sɛ ɔfa Samaria.

5 Na afei oduu Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asasewa a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.

6 Nso Yakob abura wɔ hɔ. Na sɛ ɛnam sɛ Yesu abrɛ n’akwantu mu nti, ɔtenaa abura no so saa ara; ɛbɛyɛ awia dumien.


Samariani bea no

7 Na ɔbea bi a ofi Samaria baa hɔ bɛtow nsu. Yesu see no sɛ: Ma me bi mennom!

8 Na n’asuafo no kɔ kurow no mu akɔtɔ aduan.

9 Ɛnna Samariani bea no see no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani bisa me a meyɛ Samariani bea hɔ nsu anom? (Ɔkaa saa efisɛ na Yudafo ne Samariafo nka.)

10 Yesu bua see no sɛ: Sɛ wunim Onyankopɔn akyɛde ne nea ose wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wubebisa no, na wama wo nkwa nsu.

11 Ɔbea no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wunni ade a wɔde tow, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wunya nkwa nsu no fi?

12 So woyɛ kɛse sen yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi na ɔno ankasa ne ne mma ne ne mmoa nom bi no anaa?

13 Yesu bua see no sɛ: Obiara a ɔnom nsu yi bi no, osukɔm bɛde no bio.

14 Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.

15 Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ma me saa nsu yi bi, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛtow nsu.

16 Osee no sɛ: Kɔfrɛ wo kunu bra ha!

17 Ɔbea no bua kae sɛ: Minni kunu. Yesu see no sɛ: Woaka no yiye sɛ wuse: Minni kunu;

18 na woaware kununom baanum, na nea woware no nnɛ yi de, ɔnyɛ wo kunu. Eyi de woaka no nokware mu.

19 Ɔbea no see no sɛ: Owura, mahu sɛ woyɛ odiyifo.

20 Yɛn agyanom sɔree bepɔw yi so; na mo de, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre.

21 Yesu see no sɛ: Ɔbea, gye me di sɛ, da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no.

22 Mosɔre nea munnim; yɛn de, yɛsɔre nea yenim, efisɛ ogye no fi Yudafo mu.

23 Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre Agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na Agya no rehwehwɛ.

24 Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.

25 Ɔbea no see no sɛ: Minim sɛ Mesia (a wɔfrɛ no Kristo) no reba; na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn ne nyinaa.

26 Yesu see no sɛ: Me a me ne wo rekasa yi, mene no.

27 Saa bere no ara na n’asuafo no bae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ ɔne ɔbea no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Dɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbea no rekasa yi?

28 Ɛnna ɔbea no gyaw n’asuhina no, na ɔkɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ:

29 Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?

30 Ɛnna wofii kurow no mu baa ne nkyɛn.


Honhom fam twa adwuma

31 Saa bere no mu na n’asuafo no see no sɛ: Rabi, didi!

32 Na osee wɔn sɛ: Mewɔ aduan midi a munnim.

33 Enti n’asuafo no sisee wɔn ho sɛ: Obi abrɛ no biribi adi anaa?

34 Yesu see wɔn sɛ: M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.

35 Ɛyɛ a, monka sɛ aka asram anan na otwa bere adu? Hwɛ, mise mo sɛ, momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa.

36 Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu, na nea ogui ne nea otwae ani agye prɛko.

37 Na eyi mu na asɛm no yɛ nokware sɛ: Obi gu, na obi twa.

38 Me de, mesomaa mo sɛ munkotwa nea moanyɛ ho adwuma; ebinom ayɛ, na mo de, moabedi wɔn adwuma so aba.


Samariafo pii gye Yesu nkyerɛkyerɛ

39 Na Samariafo a wɔwɔ kurow no mu no mu pii gyee no dii, esiane ɔbea no adanse a odii sɛ: Waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, no nti.

40 Enti, Samariafo no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn, na ɔtenaa hɔ nnanu.

41 Na nnipa pii a ɛsen kan de no gyee no dii n’asɛm nti,

42 na wɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yegye di, na yɛn ankasa ate na yɛahu sɛ oyi ne wiase agyenkwa no ampa.


Galileafo gyee Yesu

43 Na nnanu akyi no, ofii hɔ kɔɔ Galilea.

44 Na Yesu ankasa dii adanse sɛ odiyifo nni nidi n’ankasa ne kurow mu.

45 Na oduu Galilea no, Galileafo no a wohuu nea ɔyɛe Yerusalem afahyɛ ase no nyinaa gyee no, efisɛ wɔn nso wɔbaa afahyɛ no ase bi.


Ahenkwaa bi ba ayaresa

46 Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdan nsu nsa no bio. Na ahenkwaa panyin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.

47 Na ɔtee sɛ Yesu fi Yudea aba Galilea no, osiim kɔɔ ne nkyɛn, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa ne ba yare; na ɔreyɛ awu.

48 Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhu nsɛnkyerɛnne ne nkonyaa a, morennye nni.

49 Ahenkwaa panyin no see no sɛ: Owura, bra, na me ba no anwu ansa.

50 Yesu see no sɛ: Kɔ, wo ba no ho ayɛ no den! Na onipa no gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no dii, na ɔkɔe.

51 Na ɔrekɔ no, ne nkoa behyiaa no, na wɔkae sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den!

52 Ɛnna obisaa wɔn dɔn ko a ne ho fii ase yɛɛ no den no; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nnɛra bɛyɛ dɔn a ɛto so ason no na atiridii no gyaa no.

53 Ɛnna agya no hui sɛ ɛyɛ dɔn no ara a Yesu see no sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den no mu; na ɔno ne ne fifo nyinaa gye dii.

54 Eyi nso ne sɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fi Yudea baa Galilea no, ɔyɛe.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan